Samuel Nhoma a Ɛto So Abien 16:1-23

  • Siba kɔsɛee Mefiboset din (5-14)

  • Simei domee Dawid (15-19)

  • Absalom gyee Husai toom (15-19)

  • Ahitofel afotu (20-23)

16  Bere a Dawid twaam wɔ bepɔw no atifi+ hɔ kɔɔ n’anim kakra no, Mefiboset+ somfo Siba+ de mfurum abien behyiaa no. Ná wɔsoso paanoo 200, bobe keeki 100, borɔdɔma ne nkeresia* keeki 100, ne bobesa ahina kɛse ma.+  Ɛnna ɔhene bisaa Siba sɛ: “Adɛn nti na wode nneɛma yi aba?” Siba kae sɛ: “Mfurum yi, ma wɔmfa mma ɔhene fifo ntenatena so, na paanoo ne nnuaba yi, ma mmerante no nni, na bobesa yi nso, ma wɔmfa mma wɔn a wɔabrɛ wɔ sare so na wɔnnom.”+  Ɛnna ɔhene bisaa no sɛ: “Wo wura ba* no wɔ he?”+ Na Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔte Yerusalem reka sɛ, ‘Ɛnnɛ Israel fi bɛsan adan me papa ahenni ama me.’”+  Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Siba sɛ: “Hwɛ! Nea Mefiboset wɔ nyinaa yɛ wo dea.”+ Siba nso kae sɛ: “Mekotow wo. Me wura ɔhene, ma minnya w’anim dom.”+  Bere a Ɔhene Dawid duu Bahurim no, ɔbarima bi a ofi Saul abusua mu a wɔfrɛ no Simei+ a ɔyɛ Gera ba pue bae; ɔreba nyinaa, na ɔredome no.+  Ɔtotow abo boroo Ɔhene Dawid ne ne nkoa nyinaa, ne nkurɔfo no nyinaa, ne akatakyi a wɔwɔ Dawid benkum ne ne nifa so no.  Bere a Simei redome no no, nea ɔkae ne sɛ: “Fi hɔ kɔ, fi hɔ kɔ, ɔbarima wudifo!* Onipahunu a ɔte sɛ wo!  Yehowa ama Saul a wubesii n’ananmu dii hene no fi mogya nyinaa abegu wo ti so, na Yehowa agye ahenni no de ahyɛ wo ba Absalom nsa. Woyɛ ɔbarima wudifo* nti na seesei mmusu aba wo so no!”+  Ɛnna Seruia ba Abisai+ ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔkraman funu yi+ dome me wura ɔhene?+ Mesrɛ wo, ma minkotwa ne ti mfi so.”+ 10  Nanso ɔhene kae sɛ: “Seruia mma, dɛn na me ne mo wɔ yɛ?+ Momma ɔnnome me,+ efisɛ Yehowa aka akyerɛ no sɛ,+ ‘Dome Dawid!’ Enti hena na obetumi aka sɛ, ‘Adɛn nti na woreyɛ saa?’” 11  Afei Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne nkoa nyinaa sɛ: “Hwɛ! Me ara me ba a mawo no mpo repɛ me akum me,*+ na kampɛsɛ Benyaminni!+ Munnyaa no na ɔnnome me, efisɛ Yehowa aka sɛ ɔnyɛ saa! 12  Ebia Yehowa behu m’amanehunu,+ na nnome a ɔde adome me nnɛ yi, Yehowa de papa bɛhyɛ ananmu ama me.”+ 13  Ɛnna Dawid ne ne mmarima no toaa wɔn akwantu no so; ná Simei nso nam bepɔw no fã noho redome no,+ na ɔrekɔ nyinaa na ɔretotow abo boro wɔn, na na ɔresesaw mfuturu bebree gu wɔn so. 14  Nkakrankakra ɔhene ne nkurɔfo a wɔka ne ho nyinaa koduu baabi a wɔrekɔ no, na na wɔabrɛ, enti wogyee wɔn ahome. 15  Absalom de, ɔne Israel mmarima nyinaa koduu Yerusalem, na na Ahitofel+ ka ne ho. 16  Bere a Dawid adamfo Husai+ a ɔyɛ Arkini*+ no duu Absalom nkyɛn no, Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa!+ Ɔhene, nya nkwa daa!” 17  Ɛnna Absalom bisaa Husai sɛ: “Enti eyi na woreyɛ de akyerɛ sɛ wowɔ ɔdɔ a enni huammɔ ma w’adamfo? Adɛn nti na wo ne w’adamfo ankɔ?” 18  Ɛnna Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Daabi, nea Yehowa ne nkurɔfo yi ne Israel mmarima nyinaa apaw no no, ɔno na mewɔ n’afã, na ɔno na me ne no bɛtena. 19  Meresi so bio sɛ, Hena na mensom no? Ɛnyɛ ne ba na mɛsom no? Sɛnea mesom wo papa no, saa ara na mɛsom wo.”+ 20  Afei Absalom ka kyerɛɛ Ahitofel sɛ: “Tu me fo.+ Dɛn na yɛnyɛ?” 21  Ɛnna Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Wo ne wo papa mpenafo* a ogyaw wɔn akyiri sɛ wɔnhwɛ fie*+ no nna.+ Ɛba saa a, Israelfo nyinaa bɛte sɛ wo ho abɔn wo papa, na ɛbɛma wɔn a wɔwɔ w’afã anya ahoɔden.” 22  Enti wosii ntamadan wɔ ɔdan atifi+ maa Absalom, na Absalom ne ne papa mpenafo no dae+ wɔ Israel nyinaa anim.+ 23  Saa bere no, na wobu Ahitofel+ afotu te sɛ nokware Nyankopɔn no anom asɛm.* Saa na na Dawid ne Absalom bu Ahitofel afotu nyinaa.

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛyɛ aduaba bi a ɛwɔ Palestina a ɛte sɛ adobɛ.
Anaa “banana.”
Anaa “ɔbarima a odi mogya ho fɔ!”
Anaa “ɔbarima a odi mogya ho fɔ.”
Anaa “me kra.”
Anaa “Arkini Husai a Dawid ne no ka atirimsɛm.”
Tete mmere mu no, na wɔyɛ mmea a wɔto aware so, kyerɛ sɛ, mmea a nkurɔfo aware wɔn aka wɔn yere ho.
Anaa “ahemfi.”
Anaa “Ahitofel afotu te sɛ nea obi akɔ nokware Nyankopɔn no nkyɛn akobisa biribi.”