Samuel Nhoma a Ɛto So Abien 17:1-29

  • Husai sɛee Ahitofel afotu (1-14)

  • Ɔbɔɔ Dawid kɔkɔ; Absalom nti oguanee (15-29)

    • Basilai ne ebinom brɛɛ no nneɛma (27-29)

17  Ɛnna Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Mesrɛ wo, ma minyi mmarima 12,000 na yɛnsɔre nkotiw Dawid anadwo yi.  Mɛkɔ akɔto no sɛ wabrɛ na n’ahoɔden asa,*+ na mɛma ehu aka no; nnipa a wɔwɔ ne ho nyinaa beguan, na mekum ɔhene nkutoo.+  Afei mede mmarima no nyinaa bɛsan abrɛ wo. Sɛ mmarima no nyinaa bɛsan aba a, ebegyina nea ɛbɛto ɔbarima a worehwehwɛ no no so. Ɛno akyi no, ɔman no nyinaa benya asomdwoe.”  Asɛm a ɔkae no, na ɛtɔ Absalom ne Israel mpanyimfo nyinaa asom.  Nanso Absalom kae sɛ: “Mesrɛ mo, momfrɛ Husai+ a ɔyɛ Arkini no mmra, na yentie nea ɔno nso wɔ ka.”  Enti Husai baa Absalom nkyɛn. Na Absalom ka kyerɛɛ no sɛ: “Afotu a Ahitofel de ama ni. Yɛnyɛ nea waka no anaa? Sɛ ɛnte saa a, kyerɛ w’adwene.”  Ɛnna Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Ahitofel afotu a ɔde ama saa bere yi de, enye!”+  Husai toaa so kae sɛ: “Wo ara wunim sɛ wo papa ne ne mmarima no yɛ akatakyi,+ na wɔn ani abere* te sɛ osisi a ne mma ayera wɔ wuram.+ Afei nso, wo papa yɛ ɔkofo,+ enti anadwo yi, ɔrenna ɔmanfo no mu.  Sesɛɛ wakohintaw ɔbodan* mu anaa baabi foforo.+ Na ɛba sɛ ɔno di kan tow hyɛ wɔn so a, nkurɔfo bɛte aka sɛ, ‘Nnipa a wodi Absalom akyi no adi nkogu!’ 10  Ɛba saa a, ɔbarima kokodurufo a ne koma te sɛ gyata+ koma mpo bɛbɔ hu; Israel nyinaa nim sɛ wo papa yɛ ɔkatakyi,+ na mmarima a wɔka ne ho no nso yɛ akokodurufo. 11  Enti m’afotu ni: Ma wɔmmoaboa Israel nyinaa ano, efi Dan kosi Beer-Seba,+ na wɔn dodow nyɛ sɛ mpoano anwea,+ na wɔmmra wo nkyɛn, na w’ankasa di wɔn anim kɔ ɔko no. 12  Ma yɛnkɔ no so wɔ baabi a yebehu no biara, na yɛntow nhyɛ no so sɛnea obosu tɔ gu fam no, na ɔne mmarima a wɔka ne ho no baako mpo renka. 13  Na sɛ ɔkɔhyɛ kurow bi mu nso a, Israel nyinaa bɛfa nhama akɔ hɔ, na yɛatwe kurow no afasu akogu subon no mu akosi sɛ ɔbo baako mpo renka hɔ.” 14  Ɛnna Absalom ne Israel mmarima nyinaa kae sɛ: “Husai a ɔyɛ Arkini no afotu no ye sen Ahitofel afotu no!”+ Ná Ahitofel afotu no ye, nanso Yehowa na ɔhwɛ ma* wɔsɛee afotu no+ sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa de mmusu bɛba Absalom so.+ 15  Akyiri yi, Husai kɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Sadok ne ɔsɔfo Abiatar+ sɛ: “Sɛɛ ne sɛɛ na Ahitofel tuu Absalom ne Israel mpanyimfo no fo, na sɛɛ ne sɛɛ na me nso mituu wɔn fo. 16  Enti afei monsoma ntɛm nkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Anadwo yi, ntena sare no so baabi a wɔfa twa asubɔnten no.* Mmom twa kɔ ɔfã noho, anyɛ saa a wɔbɛpra* ɔhene ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa afi hɔ.’”+ 17  Saa bere no, na Yonatan+ ne Ahimahas+ wɔ En-Rogel,+ enti abaawa bi kɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn. Ɛnna wɔn nso siim sɛ wɔrekɔka akyerɛ Ɔhene Dawid. Nea ɛte ne sɛ, na wosuro sɛ wɔbɛkɔ kurow no mu ama obi ahu wɔn. 18  Nanso aberante bi huu wɔn, na ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Enti wɔn baanu de mmirika kɔɔ Bahurim+ kɔhyɛɛ abura mu wɔ ɔbarima bi adiwo. 19  Ɛnna ɔbarima no yere de ade kataa abura no so, na ɔde hwiit a wɔasiw guu so, na obiara anhu akyi. 20  Absalom nkoa no baa ɔbea no nkyɛn wɔ ofie hɔ, na wobisaa no sɛ: “Ɛhe na Ahimahas ne Yonatan wɔ?” Ɔbea no buae sɛ: “Wɔatwam kɔ asubɔnten no ho.”+ Na wɔhwehwɛɛ wɔn ara, nanso wɔanhu wɔn, enti wɔsan kɔɔ Yerusalem. 21  Bere a mmarima no fi hɔ kɔe no, wofii abura no mu, na wosiim kɔbɔɔ Ɔhene Dawid amanneɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Monsɔre, na monyɛ ntɛm nkotwa nsu no, na afotu a Ahitofel de ama wɔn ni.”+ 22  Ɛhɔ ara na Dawid ne nnipa a wɔka ne ho nyinaa sɔree, na wokotwaa Yordan no. Ade kyee no, na wɔn nyinaa atwa Yordan no; wɔn mu baako mpo anka. 23  Ahitofel de, bere a ohui sɛ wɔamfa n’afotu anyɛ adwuma no, ɔhyehyɛɛ afurum, na ɔsɔre siim kɔɔ ne fi wɔ ne kurom.+ Ɛnna ɔmaa ne fifo akwankyerɛ,+ na ɔsɛn ne ho*+ wui. Na wosiee no wɔ n’agyanom amusiei. 24  Dawid kɔɔ Mahanaim,+ na Absalom nso ne Israel mmarima a wɔka ne ho nyinaa kotwaa Yordan no. 25  Amasa+ na Absalom de no sii Yoab ananmu yɛɛ no asraafo so panyin.+ Amasa yɛ Israelni barima a wɔfrɛ no Yitra no ba; ɔne Abigail+ na wɔwoo no. Abigail nso yɛ Nahas ba, na ɔsan yɛ Yoab maame Seruia nuabea. 26  Israel ne Absalom kɔsoɛɛ Gilead+ asaase so. 27  Bere a Dawid beduu Mahanaim no, ɛhɔ ara na Sobi a ne papa ne Nahas a ofi Ammonfo kurow Raba+ mu, Makir+ a ne papa ne Amiel a ofi Lo-Debar, ne Gileadni Basilai+ a ofi Rogelim behyiaa no. 28  Nneɛma a wɔde bae ne mpa, asɛn, nkuku, hwiit, baali,* esiam, nkyewe, apatram, asedua, hwiit* a wɔakyew, 29  ɛwo, bɔta, nguan, ne kyiis.* Wɔde ne nyinaa brɛɛ Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no sɛ wonni,+ efisɛ wɔkae sɛ: “Ɔkɔm de nkurɔfo no, na wɔabrɛbrɛ na osukɔm nso ade wɔn wɔ sare yi so.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ne nsa abien nyinaa mu agow.”
Anaa “wɔn kra ani abere.”
Anaa “amoa; abon.”
Anaa “ɔhyɛ ma.”
Nt., “wɔbɛmemene.”
Ebetumi nso akyerɛ, “asaase pradadaa so.”
Anaa “ɔhyɛɛ ne ho akɔmfo.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Nt., “nufusu a ada.”