Samuel Nhoma a Ɛto So Abien 18:1-33

  • Absalom nkogudi ne ne wu (1-18)

  • Wɔbɛka kyerɛɛ Dawid sɛ Absalom awu (19-33)

18  Ɛnna Dawid kan mmarima a wɔka ne ho no, na ɔde apem apem so ahwɛfo ne ɔhaha so ahwɛfo sisii wɔn so.+  Afei Dawid kyɛɛ mmarima no mu akuw abiɛsa de baako hyɛɛ Yoab nsa,+ na ɔde baako hyɛɛ Seruia ba+ Abisai a ɔyɛ Yoab nua no nsa,+ na ɔde baako nso hyɛɛ Gatni Itai nsa.+ Na ɔhene ka kyerɛɛ mmarima no sɛ: “Me nso mɛka mo ho ne mo akɔ.”  Nanso wɔkae sɛ: “Yɛmpɛ sɛ wo ne yɛn kɔ;+ yɛn de, sɛ ɛba sɛ yeguan a, ɛrenyɛ wɔn asɛm.* Sɛ mpo yɛn mu fã wu a, ɛrenyɛ wɔn asɛm, na wo de, wote sɛ yɛn mu nnipa 10,000.+ Enti eye mmom sɛ wobɛtena kurow no mu adi aboa yɛn.”  Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea mopɛ sɛ meyɛ biara, mɛyɛ.” Enti ɔhene gyinaa kurow pon no nkyɛn maa mmarima no nyinaa pue kɔe, ɔhaha ne apem apem.  Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Yoab, Abisai, ne Itai sɛ: “Mo ne aberante Absalom nni no brɛbrɛ mma me.”+ Bere a ɔhene de Absalom ho ahyɛde no rema asahene no, mmarima no nyinaa tee.  Mmarima no siim kɔɔ wuram kohyiaa Israel, na wɔde ɔko no hyehyɛɛ so wɔ Efraim kwae mu.+  Israel+ dɔm no dii nkogu wɔ Dawid nkoa no anim+ wɔ hɔ, na nnipa bebree wuwui saa da no, mmarima 20,000.  Ɔko no trɛw kɔɔ mpɔtam hɔ baabiara. Bio nso, nnipa a wowuwui wɔ kwae no mu saa da no dɔɔso sen nnipa a sekan kunkum wɔn no.  Eduu baabi no, Dawid nkoa no kopuee Absalom so. Saa bere no, na Absalom te afurumpɔnkɔ bi so, na afurumpɔnkɔ no kɔfaa dua kɛse bi mmaa kusuu ase, na ne ti nwi kosoo dua kɛse no mu ma ɔsensɛn soro a ne nan nka fam,* na afurumpɔnkɔ a na ɔte so no toaa so kɔe. 10  Obi hui, na ɔkɔka kyerɛɛ Yoab+ sɛ: “Hwɛ! Makohu Absalom sɛ ɔsɛn dua kɛse bi so.” 11  Ɛnna Yoab ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔkaa asɛm no kyerɛɛ no no sɛ: “Sɛ wuhuu no a, adɛn nti na woankum no amma wammɛhwe fam wɔ hɔ ara? Anka mede nnwetɛbona du ne abɔso* betua wo ka.” 12  Nanso ɔbarima no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Sɛ woma me nnwetɛbona 1,000 mpo a,* merentumi mfa me nsa nka ɔhene ba no, efisɛ bere a ɔhene ka kyerɛɛ wo ne Abisai ne Itai sɛ, ‘Obiara nhwɛ yiye na biribi anyɛ aberante Absalom’ no, yɛtee.+ 13  Sɛ meyɛɛ asoɔden kum no a,* anka asɛm no renhintaw ɔhene da, na wo nso anka worenka bi mma me.” 14  N’ano sii no, Yoab kae sɛ: “Merensɛe bere wɔ wo ho bio!” Ɛnna ɔfaa nnade nketewa* abiɛsa a ano yɛ mfeamfeaa hyɛɛ ne nsam, na ɔkɔtotow wɔɔ Absalom komam wɔ dua kɛse no so bere a ɔda so te nkwa mu. 15  Ɛnna Yoab asomfo du a wokura n’akode baa Absalom ho bekum no.+ 16  Afei Yoab bɔɔ abɛn, na mmarima no gyaee Israel akyi di; Yoab ma wogyaee ɔko no. 17  Wɔde Absalom kɔtoo amoa kɛse bi mu wɔ kwae mu hɔ, na wɔsoaa abo pii guu no so.+ Na Israelfo nyinaa, obiara guan kɔɔ ne fi. 18  Bere a Absalom te ase no, ɔde edum bi tim Ɔhene Bon mu,*+ na ɔkae sɛ: “Minni ɔbabarima biara a ɔbɛma me din atena hɔ.”+ Enti ɔde ne din too edum no so, na wɔafrɛ no Absalom Nkaedum de besi nnɛ. 19  Sadok ba Ahimahas+ kae sɛ: “Mesrɛ wo, ma mintu mmirika nkɔbɔ ɔhene amanneɛ, efisɛ Yehowa abu atɛntrenee ama no de agye no afi n’atamfo nsam.”+ 20  Nanso Yoab ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ wo na wobɛbɔ amanneɛ nnɛ, da foforo na wobɛbɔ amanneɛ. Ɛnnɛ de, ɛnyɛ wo na wobɛbɔ amanneɛ no, efisɛ ɔhene ba na wawu.”+ 21  Afei Yoab ka kyerɛɛ Kusni+ no sɛ: “Kɔ na kɔka nea woahu kyerɛ ɔhene.” Ɛnna Kusni no kotow Yoab, na ɔde mmirika kɔe. 22  Na Sadok ba Ahimahas san ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Nea ɛbɛba biara mmra, mesrɛ wo, ma me nso mintu mmirika nni Kusni no akyi.” Nanso Yoab kae sɛ: “Me ba, adɛn nti na wopɛ sɛ wutu mmirika kɔ bere a yɛmfaa amanneɛbɔ biara nsomaa wo?” 23  Ɔsan kae bio sɛ: “Nea ɛbɛba biara mmra, ma mintu mmirika nkɔ.” Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Tu mmirika kɔ!” Na Ahimahas soo mmirika mu kɔfaa Yordan mantam no mu, na okotwaa Kusni no ho. 24  Ná Dawid te kurow apon abien no ntam,+ na ɔwɛmfo+ no kɔɔ kurow pon no atifi wɔ ɔfasu no so. Bere a ɔmaa n’ani so no, ohuu ɔbarima bi a ɔno nkutoo nam sɛ ɔde mmirika reba. 25  Enti ɔwɛmfo no ka kyerɛɛ ɔhene, na ɔhene kae sɛ: “Sɛ ne nkutoo na ɔnam a, ɛnde ɔde asɛm nam.” Bere a ɔreyɛ abɛn hɔ no, 26  ɔwɛmfo no huu ɔbarima foforo sɛ ɔde mmirika reba. Ɔwɛmfo no ka kyerɛɛ ɔpon ano hwɛfo no sɛ: “Hwɛ! Ɔbarima foforo a ɔno nkutoo nam de mmirika reba.” Ɛnna ɔhene kae sɛ: “Ɔno nso so nkra.” 27  Ɔwɛmfo no kae sɛ: “Nea odi kan no mmirikatu te sɛ Sadok ba Ahimahas.”+ Ɛnna ɔhene kae sɛ: “Ɔyɛ onipa pa enti ɛbɛyɛ sɛ asɛmpa na ɔde nam.” 28  Ɛnna Ahimahas ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Mede anigyesɛm nam!” Ɔkotow ɔhene de n’anim butuw fam. Na ɔtoaa so sɛ: “Ayeyi nka Yehowa wo Nyankopɔn, efisɛ nnipa a wɔsɔre* tiaa me wura ɔhene no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa.”+ 29  Nanso ɔhene bisae sɛ: “Aberante Absalom ho ye anaa?” Ɛnna Ahimahas kae sɛ: “Bere a Yoab somaa ɔhene somfo ne me* no, metee gyegyeegye bi, nanso na minnim nea ɛrekɔ so.”+ 30  Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Begyina nkyɛn ha.” Ɛnna okogyinaa nkyɛn. 31  Afei Kusni no nso beduu hɔ,+ na Kusni no kae sɛ: “Ma me wura ɔhene ntie amanneɛ a ɛwɔ hɔ yi: Ɛnnɛ Yehowa abu atɛntrenee ama wo, na wagye wo afi wɔn a wɔsɔre tiaa wo no nyinaa nsam.”+ 32  Nanso ɔhene bisaa Kusni no sɛ: “Aberante Absalom ho ye anaa?” Ɛnna Kusni no kae sɛ: “Ma me wura ɔhene atamfo a wɔsɔre tiaa wo a na wɔpɛ sɛ wodi wo bɔne nyinaa nyɛ sɛ aberante no!”+ 33  Asɛm no haw ɔhene, na ɔforo kɔɔ kurow pon no atifi dan no mu, na otuee su mu. Ɔrekɔ nyinaa na ɔreka sɛ: “O me ba Absalom, me ba yi, me ba Absalom! Anka ma me mmom minwu, anka ma minsi w’ananmu, Absalom! Me ba yi, me ba yi!”+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “wɔremfa wɔn koma nsi yɛn so.”
Nt., “ɔsoro ne asaase ntam.”
Anaa “bɛlt.”
Nt., “wokari nnwetɛbona 1,000 mpo gu me nsam a.”
Anaa “meyɛɛ ne kra bɔne a.”
Ebetumi nso akyerɛ, “bɛmma; peaw.” Nt., “nnade.”
Anaa “Asaasetraa so.”
Nt., “wɔmaa wɔn nsa so.”
Nt., “wo somfo.”