Samuel Nhoma a Ɛto So Abien 21:1-22

  • Wɔmaa Saul fifo tuaa bɔne a ɔde yɛɛ Gibeonfo no so ka (1-14)

  • Wɔne Filistifo no koe mpɛn pii (15-22)

21  Dawid bere so no, ɔkɔm bi+ ba toaa so mfe abiɛsa, enti Dawid kobisaa Yehowa anom asɛm. Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Saul ne ne fi adi mogya ho fɔ, efisɛ okunkum Gibeonfo.”+  Enti ɔhene frɛɛ Gibeonfo+ no ne wɔn kasae. (Nea ɛte ne sɛ, na Gibeonfo no nyɛ Israelfo, mmom wɔyɛ Amorifo+ a wɔaka, na Israelfo kaa wɔn ntam sɛ wɔremfa wɔn nsa nka wɔn.+ Nanso na Saul retwe kora ma Israel ne Yuda, enti okunkum wɔn.)  Dawid bisaa Gibeonfo no sɛ: “Dɛn na menyɛ mma mo, na dɛn na memfa mpata mo na ama moahyira Yehowa agyapade?”  Gibeonfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Saul ne ne fi asɛm no nyɛ dwetɛ ne sika asɛm,+ na enni yɛn nsam nso sɛ yebekum obi wɔ Israel.” Na ɔkae sɛ: “Nea mobɛka biara, mɛyɛ ama mo.”  Ɛnna wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔbarima a anka ɔretɔre yɛn ase na ɔbɔɔ pɔw sɛ ɔbɛhyew yɛn ase na yɛannya baabiara antena wɔ Israel asaase so no,+  ma wɔmfa n’asefo baason mma yɛn. Yɛde wɔn amu bɛsensɛn dua so+ wɔ Yehowa anim wɔ Saul a Yehowa paw no+ no kurow Gibea+ mu.” Ɛnna ɔhene kae sɛ: “Mede wɔn bɛma mo.”  Nanso ntam a Dawid ne Saul ba Yonatan kae wɔ Yehowa anim nti, ɔhene huu Saul ba Yonatan+ ba Mefiboset+ mmɔbɔ.  Enti ɔhene faa Aiya babea Rispa+ mma mmarima baanu, Armoni ne Mefiboset a ɔne Saul woo wɔn no, ne Saul babea Mikal*+ mma mmarima baanum a ɔwoo wɔn maa Adriel+ a ɔyɛ Basilai a ofi Mehola no ba no.  Na ɔde wɔn hyɛɛ Gibeonfo no nsa, na wɔn nso sensɛn wɔn amu wɔ bepɔw so wɔ Yehowa anim.+ Wokum nnipa baason no nyinaa da koro. Twabere no da a edi kan, bere a wofi ase twa baali* no na wokum wɔn. 10  Ɛnna Aiya ba Rispa+ faa awerɛhow ntama* de sɛw ɔbotan no so, na wamma wim nnomaa ammesisi wɔn amu no so awia, na anadwo nso, wamma wuram mmoa amma ho. Ɔyɛɛ saa fi twabere mfiase kosii sɛ osu tɔ fii soro beguu amu no so. 11  Nea Aiya ba Rispa a na ɔyɛ Saul mpena* no yɛe no, wɔkɔka kyerɛɛ Dawid. 12  Enti Dawid kogyee Saul nnompe ne ne ba Yonatan nnompe fii Yebes-Gilead mpanyimfo*+ hɔ; wɔn na wokowiaa wɔn fii Bet-San abɔnten so, baabi a Filistifo de wɔn kɔsɛnee, da a Filistifo no kum Saul wɔ Gilboa+ no. 13  Ɔde Saul nnompe ne ne ba Yonatan nnompe fii hɔ bae; afei wɔkɔsesaw mmarima a wokunkum* wɔn no nso nnompe.+ 14  Ɛnna wobesiee Saul ne ne ba Yonatan nnompe wɔ Benyamin asaase Sela+ so wɔ Saul papa Kis+ amusiei. Bere a wɔyɛɛ nea ɔhene kae sɛ wɔnyɛ no nyinaa wiei no, Onyankopɔn tiee wɔn sufrɛ, na ohuu asaase no mmɔbɔ.+ 15  Filistifo no ne Israelfo san bɛkoe.+ Enti Dawid ne ne nkoa no ne Filistifo koe, nanso eduu baabi no, na Dawid abrɛ. 16  Yisbi-Benob a ofi Refaim+ asefo mu no yɛe sɛ ɔrekum Dawid. Ná ne kɔbere peaw mu duru yɛ nnwetɛbona 300,*+ na na sekan a okura no yɛ foforo. 17  Ntɛm ara na Seruia ba Abisai+ bɛboaa no,+ na okum Filistini no. Ɛnna Dawid mmarima no kaa no ntam sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wo ne yɛn kɔ ɔko bio!+ Mma Israel kanea nnum!”+ 18  Eyi akyi no, wɔne Filistifo koe bio+ wɔ Gob. Saa bere no, Husani Sibekai+ kum Saf a ofi Refaim+ asefo mu no. 19  Wɔsan ne Filistifo no koe+ wɔ Gob, na Betlehemni Yaare-Oregim ba Elhanan kum Gatni Goliat; ɔno na na ne peaw te sɛ ntamanwemfo dua kɛse no.+ 20  Ɔko sii bio wɔ Gat; ná ɔbarima tenten kɛse bi wɔ hɔ a ne nsa abien no nyinaa wɔ nsateaa 6, na na ne nan abien no nyinaa nso wɔ nansoaa 6; ne nyinaa si 24. Ɔno nso, na ofi Refaim asefo mu.+ 21  Ná otwa Israel adapaa daa,+ enti Dawid nua Simea+ ba Yonatan kum no. 22  Nnipa baanan yi yɛ Refaim asefo a wofi Gat, na Dawid ne ne nkoa kunkum wɔn.+

Ase Hɔ Nsɛm

Ebetumi nso ayɛ, “Merab.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Tete mmere mu no, na ɛyɛ ɔbea a ɔto aware so, kyerɛ sɛ, ɔbea a obi aware no aka ne yere ho.
Ebetumi nso akyerɛ, “nsaasewuranom.”
Anaa “wɔsensɛn.”
Bɛyɛ kilo. 3.42. Hwɛ Nkh. B14.