Samuel Nhoma a Ɛto So Abien 22:1-51

  • Onyankopɔn nkwagye nnwuma nti, Dawid yii no ayɛ (1-51)

    • “Yehowa ne me botan” (2)

    • Anokwafo na Yehowa di wɔn nokware (26)

22  Ɛda a Yehowa gyee Dawid fii n’atamfo nyinaa nsam,+ na ogyee no fii Saul nsam+ no, saa da no na Dawid kaa dwom+ yi mu nsɛm kyerɛɛ Yehowa.  Ɔkae sɛ: “Yehowa ne me botan, m’abannennen,+ ne me Gyefo.+   Me Nyankopɔn yɛ me botan.+ Ɔno ne me guankɔbea,Me kyɛm+ ne me nkwagye* abɛn,* me hintabea.*+Me guankɔbea,+ me Gyefo;+ wugye me fi awudisɛm mu.   Yehowa fata ayeyi paa, na ɔno na misu frɛ no;Obegye me afi m’atamfo nsam.   Owu asorɔkye twaa me ho hyiae;+Ahuhufo a wɔte sɛ nsuyiri hunahunaa me.+   Ɔdamoa* nhama twaa me ho hyiae;+Owu sum mfiri wɔ m’anim.+   Misu frɛɛ Yehowa wɔ m’ahohia mu;+Misu frɛɛ me Nyankopɔn daa. Ɔtee me nne wɔ n’asɔrefi hɔ,Na me sufrɛ no duu n’asom.+   Ɛnna asaase hinhimii, na ɛwosowee denneennen;+Ɔsoro fapem wosowee,+Na n’abufuw nti, ɛwosowee biribiri.+   Wusiw fi ne hwene mu puei,Na ogya a ɛhyew ade fi n’anom bae;+Nnyansramma fi ne mu dɛwee. 10  Ɔmaa ɔsoro kuntunii, na osianee.+Ná omununkum kusuu wɔ ne nan ase.+ 11  Ɔtenaa kerubim so tu bae.+ Na wohuu no sɛ ɔte ɔbɔfo ntaban* so.+ 12  Afei ɔde esum kataa no so te sɛ apata,+Ɔde osu a amuna tumm ne omununkum kusuu kataa ne ho. 13  Hann a efi n’anim no, emu na nnyansramma fi dɛwee. 14  Ɛnna Yehowa fi ɔsoro boboom;+Ɔsorosoroni no maa ne nne so.+ 15  Ɔtotow n’agyan,+ na ɛbɔɔ wɔn hwetee;Ɔmaa n’anyinam pae guu wɔn so, na wɔn ani so tan wɔn.+ 16  Ɛpo ase daa adi,+Asaase fapem yii ne ho adi, Yehowa animkaNe ne hwene mu home* nti.+ 17  Ɔteɛɛ ne nsa fii soro;Osoo me mu yii me fii nsu a emu dɔ mu.+ 18  Ogyee me fii me tamfo hoɔdenfo nsam,+Wɔn a wokyi me na wɔn ho yɛ den sen me no. 19  Wɔbɛtoaa me m’amanehunu da,+Nanso Yehowa twitwa gyee me. 20  Ɔde me kɔɔ baabi a bɔne biara renka me;*+Ɔpɛ m’asɛm nti, ogyee me.+ 21  Me trenee nti, Yehowa tua me ka;+Me ho a enni asɛm* nti, ɔma me akatua.+ 22  Mafa Yehowa akwan so,Na minnyaw me Nyankopɔn nkɔyɛɛ bɔne. 23  N’atemmusɛm+ nyinaa wɔ m’anim;N’ahyɛde+ nso, meremman mfi ho. 24  Meremma asɛm mma me ho+ wɔ n’anim,Na mɛtwe me ho afi bɔne ho.+ 25  Me trenee ne me ho a enni asɛm nti,Ma Yehowa mma me akatua.+ 26  Nea ɔyɛ ɔnokwafo no, wo nso wubedi no nokware;+Ɔbarima* a ne ho nni asɛm no, wobɛma wahu sɛ wo ho nni asɛm;+ 27  Nea ɔyɛ kronkron no, wo nso wobɛyɛ kronkron ama no,+Na nea ɔyɛ ɔdaadaafo no, wobɛkyerɛ no sɛ w’ani atew kyɛn no.+ 28  Wutwitwa gye ahobrɛasefo;+Na ahantanfo de, w’ani sa wɔn, na wobrɛ wɔn ase.+ 29  O Yehowa, wo ne me kanea;+Yehowa na ɔma esum dan hann ma me.+ 30  Woboa me ma metow hyɛ akorɔmfo-werɛmfo dɔm so;Onyankopɔn tumi nti, mitumi foro ɔfasu.+ 31  Nokware Nyankopɔn no kwan di mu;+Yehowa asɛm nso, wɔasɔn so.+ Ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔde no ayɛ wɔn guankɔbea nyinaa.+ 32  Hena na ɔyɛ Onyankopɔn ka Yehowa ho?+ Na hena na ɔyɛ ɔbotan ka yɛn Nyankopɔn ho?+ 33  Nokware Nyankopɔn no ne m’abannennen,+Na ɔbɛma me kwan adi mu.+ 34  Ɔma me nan yɛ sɛ ɔwansan de,Na ɔma migyina sorosoro.+ 35  Ɔkyerɛ me nsa akodi;Me basa tumi kuntun kɔbere agyan mu. 36  Wode wo nkwagye kyɛm ma me,Na w’ahobrɛase ma meyɛ kɛse.+ 37  Wotrɛw m’anammɔn kwan mu;Me nan* renwatiriw.+ 38  Metiw m’atamfo akɔsɛe wɔn;Merensan kosi sɛ mɛtɔre wɔn ase. 39  Mɛtɔre wɔn ase abubu wɔn, na wɔrensɔre bio;+Wɔbɛhwe ase me nan ase. 40  Wobɛma me ahoɔden a mede bedi ako;+Wobɛma m’atamfo ahwe ase me nan ase.+ 41  Wobɛma m’atamfo adan wɔn ho aguan;*+Wɔn a wokyi me no, mɛsɛe wɔn.*+ 42  Wosu hwehwɛ mmoa, nanso ogyefo biara nni hɔ;Wosu frɛ Yehowa mpo, nanso ommua wɔn.+ 43  Mɛyam wɔn muhumuhu sɛ fam mfuturu;Metiatia wɔn so awɔw wɔn sɛ abɔnten so atɛkyɛ. 44  Me man a wɔkasa tia me no, wubegye me afi wɔn nsam.+ Wobɛkora me so ma madi amanaman so.+Ɔman a minnim wɔn no, wɔn na wɔbɛsom me.+ 45  Ahɔho bɛbrɛ wɔn ho ase ama me;+Nsɛm a wɔbɛtete no bɛma wɔayɛ aso ama me.* 46  Ahɔho bɛpa abaw;*Wɔde ahopopo befi wɔn hintabea apue. 47  Yehowa te ase! Ayeyi nka me Botan no!+ Me nkwagye botan Nyankopɔn no, ma yɛnkamfo no.+ 48  Nokware Nyankopɔn no na otua m’atamfo so ka ma me;+Ɔka aman gu me nan ase;+ 49  Ogye me fi m’atamfo nsam; Woma me so,+ na wɔn a wɔtow hyɛ me so no annya me;Wugye me fi owudifo nsam.+ 50  O Yehowa, ɛno nti, mɛda wo ase wɔ amanaman mu,+Na mɛto ayeyi nnwom* ama wo din:+ 51  Nkwagye nnwuma akɛse na ɔyɛ* ma ne hene,+Ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ nea wasra no no,Dawid ne n’aseni* daa.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “me gyefo a ne ho yɛ den.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “m’abantenten.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “mframa ntaban.”
Anaa “mframa a efi ne hwene mu.”
Anaa “baabi a ɛhɔ trɛw.”
Nt., “Me nsa a ɛho tew.”
Nt., “Ɔbarima kantinka.”
Anaa “Me nankɔn.”
Anaa “Wobɛma m’atamfo adan wɔn akyi ama me.”
Nt., “mɛma wɔaka wɔn ano atom.”
Nt., “Sɛ aso te a, wɔbɛyɛ osetie ama me.”
Anaa “bekisa.”
Anaa “mɛbɔ nnwom.”
Anaa “Nkonim akɛse na odi.”
Nt., “n’aba.”