Samuel Nhoma a Ɛto So Abien 24:1-25

  • Dawid yɛɛ bɔne sɛ ɔkan ɔman no (1-14)

  • Nsanyare a edi awu kunkum nnipa 70,000 (15-17)

  • Dawid sii afɔremuka (18-25)

    • Ɔremmɔ afɔre a ɔrentua hwee (24)

24  Yehowa bo fuw Israel bio,+ efisɛ obi piapiaa Dawid sɛ: “Kɔ na kɔkan+ Israel ne Yuda.”+  Enti ɔhene ka kyerɛɛ asraafo so panyin Yoab+ a ɔka ne ho no sɛ: “Mesrɛ wo, kokyinkyin Israel mmusuakuw nyinaa mu fi Dan kosi Beer-Seba,+ na monkan ɔman no, na mommɛka ɔman no dodow nkyerɛ me.”  Ɛnna Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ma Yehowa wo Nyankopɔn mma ɔman no mmu mmɔ ho 100, na me wura ɔhene mfa n’ani nhu. Adɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ ɔyɛ saa?”  Nanso, ɔhene asɛm bunkam Yoab ne asahene no de so. Enti Yoab ne asahene no fii ɔhene anim kɔe, na wɔkɔkan Israel man no.+  Wokotwaa Yordan, na wɔsoɛɛ Aroer+ wɔ kurow a ɛda bon mu no nifa so,* ɛnna wɔde wɔn ani kyerɛɛ Gadfo asaase so kɔɔ Yaser.+  Afei wɔkɔɔ Gilead+ ne Tatim-Hodsi asaase so, na wɔtoaa so koduu Dan-Yaan, na wotwaam kɔɔ Sidon.+  Ɛnna wɔkɔɔ Tiro,+ kurow a wɔabɔ ho ban no ne Hiwifo+ ne Kaananfo nkurow nyinaa mu, na wokowiei wɔ Negeb+ kurow Beer-Seba+ a ɛwɔ Yuda asaase so no mu.  Enti wokyinkyin asaase no nyinaa so, na abosome akron ne nnafua 20 akyi no, wɔsan baa Yerusalem.  Afei Yoab de nnipa a wɔkan wɔn no dodow brɛɛ ɔhene; wonyaa Israel mmarima akantinka a wɔde sekan kɔ ɔko 800,000, na Yuda nso, wonyaa mmarima 500,000.+ 10  Bere a Dawid kan ɔman no wiei no, ne koma buu no fɔ.*+ Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Ade a mayɛ yi de, mayɛ bɔne+ kɛse. Na afei Yehowa, mepa wo kyɛw, fa w’akoa bɔne kyɛ no,+ na madi nkwaseasɛm paa.”+ 11  Bere a Dawid sɔree anɔpa no, Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Gad+ a ɔyɛ ɔdehufo ma Dawid no sɛ: 12  “Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Mede nneɛma abiɛsa resi w’anim. Yi mu baako na memfa nyɛ wo.”’”+ 13  Ɛnna Gad baa Dawid anim bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Memfa ɔkɔm mmra w’asaase so mfe ason?+ Anaa memma w’atamfo ntaa wo so na guan fi wɔn anim abosome abiɛsa?+ Anaa memma nsanyare a edi awu mmra w’asaase so nnansa?+ Afei dwen ho yiye na ma me mmuae nkɔma nea ɔsomaa me no.” 14  Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: “Asɛm yi ama mabotow paa. Mesrɛ wo, mma onipa nntwe yɛn aso,*+ ma Yehowa mmom ntwe m’aso,+ efisɛ ne mmɔborɔhunu dɔɔso.”+ 15  Enti Yehowa de nsanyare a edi awu baa Israel so+ fi anɔpa no kosii bere a ɔhyɛe no, na efi Dan kosi Beer-Seba,+ nnipa 70,000 wuwui.+ 16  Bere a ɔbɔfo no de ne nsa kyerɛɛ Yerusalem so sɛ ɔrekokunkum ɛhɔfo no, mmusu a ɛreba no yɛɛ Yehowa mmɔbɔ,*+ enti ɔka kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔrekunkum nnipa no sɛ: “Ayɛ yiye! Fa wo nsa to hɔ.” Saa bere no, na Yehowa bɔfo no gyina Yebusini+ Arauna+ awiporowbea no nkyɛn. 17  Bere a Dawid huu ɔbɔfo a ɔrekunkum nnipa no, ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Me na mafom na mayɛ bɔne; nguan+ yi de, dɛn na wɔayɛ? Mesrɛ wo, me mmom na teɛ wo nsa wɔ me so; me ne me papa fi.”+ 18  Enti Gad baa Dawid nkyɛn saa da no bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ na kosi afɔremuka wɔ hɔ ma Yehowa.”+ 19  Enti Dawid tiee asɛm a Yehowa nam Gad so kae no, na ɔkɔe. 20  Bere a Arauna maa n’ani so huu ɔhene ne ne nkoa sɛ wɔreba ne nkyɛn no, ntɛm ara na Arauna fii hɔ de n’anim kobutuw fam wɔ ɔhene anim. 21  Arauna bisae sɛ: “Dɛn na ɛde me wura ɔhene aba n’akoa nkyɛn yi?” Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Maba sɛ merebɛtɔ awiporowbea yi afi wo hɔ na masi afɔremuka wɔ ha ama Yehowa, sɛnea ɛbɛyɛ a mmusu no befi ɔman no so.”+ 22  Ɛnna Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ma me wura ɔhene mfa, na ɔmmɔ afɔre biara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ* wɔ so. Hwɛ, anantwi a wode bɛbɔ ɔhyew afɔre ne awiporow ade ne anantwi no ho nneɛma a wode bɛsɔ gya ni. 23  O ɔhene, nneɛma yi nyinaa Arauna de ma ɔhene.” Ɛnna Arauna ka kyerɛɛ ɔhene bio sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn nhyira wo.” 24  Nanso ɔhene ka kyerɛɛ Arauna sɛ: “Daabi, mɛtɔ atua ka, na meremmɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa a merentua hwee.” Enti Dawid tɔɔ awiporowbea no ne anantwi no tuaa nnwetɛbona* 50.+ 25  Ɛnna Dawid sii afɔremuka+ wɔ hɔ maa Yehowa, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ so. Na Yehowa tiee ne sufrɛ, na ohuu asaase no mmɔbɔ+ maa mmusu no fii Israel so.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “anaafo.”
Anaa “n’ahonim buu no fɔ.”
Anaa “mma mennhwe onipa nsam.”
Anaa “awerɛhow.”
Nt., “eye wɔ n’ani so.”
Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.