Samuel Nhoma a Ɛto So Abien 6:1-23

  • Wɔde Adaka no baa Yerusalem (1-23)

    • Ussa soo Adaka no mu na wokum no (6-8)

    • Mikal buu Dawid animtiaa (16, 20-23)

6  Dawid san boaboaa Israel mmarima a wonim ko paa no nyinaa ano; ná wɔyɛ 30,000.  Ɛnna Dawid ne mmarima a wɔka ne ho no nyinaa siim kɔɔ Baale-Yuda sɛ wɔrekɔfa nokware Nyankopɔn a ɔte kerubim so*+ no Adaka no aba.+ Adaka no anim na nkurɔfo bɔ asafo Yehowa din.+  Nanso bere a wɔkɔfaa nokware Nyankopɔn no Adaka no fii Abinadab fi+ a ɛwɔ koko so no, teaseɛnam foforo bi so na wɔde sii,+ na Abinadab mma Ussa ne Ahio na wodii teaseɛnam foforo no anim.  Enti wɔde nokware Nyankopɔn no Adaka no fii Abinadab fi a ɛwɔ koko so no sii kwan so kɔe, na Ahio dii Adaka no anim.  Dawid ne Israel fi nyinaa de nnwonto nneɛma nyinaa bi a wɔde ɔpopaw nnua ayɛ dii ahurusi kɛse wɔ Yehowa anim; ebi ne asanku,+ asankuten, mpintin,+ nnawuru,*+ ne nnwonto nneɛma foforo a wɔwosow.  Nanso bere a woduu Nakon* awiporowbea hɔ no, Ussa teɛɛ ne nsa soo nokware Nyankopɔn no Adaka no mu,+ efisɛ anka anantwi no redan ahwe hɔ.  Ɛhɔ ara na Yehowa bo fuw Ussa, na nokware Nyankopɔn no bɔɔ no hwee fam+ sɛ ɔyɛɛ aniammɔnho saa,+ na owui wɔ nokware Nyankopɔn no Adaka no ho.  Ɛnna Dawid bo fuwii* sɛ Yehowa abufuw apae agu Ussa so. Wɔfrɛɛ hɔ Peres-Ussa,* na saa na wɔafrɛ hɔ de besi nnɛ.  Ɛmaa Dawid suroo Yehowa+ saa da no, na ɔkae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa adaka no aba me nkyɛn?”+ 10  Enti Dawid amfa Yehowa Adaka no amma ne nkyɛn wɔ Dawid Kurow+ mu. Mmom ɔma wɔde kɔɔ Gatni Obed-Edom fi.+ 11  Yehowa Adaka no kaa Gatni Obed-Edom fi abosome abiɛsa, na Yehowa kɔɔ so hyiraa Obed-Edom ne ne fi nyinaa.+ 12  Wɔbɛbɔɔ Ɔhene Dawid amanneɛ sɛ: “Nokware Nyankopɔn no Adaka no nti, Yehowa ahyira Obed-Edom fi ne nea ɔwɔ nyinaa.” Ɛnna Dawid de ahurusi kɔfaa nokware Nyankopɔn no Adaka no fii Obed-Edom fi sɛ ɔde rekɔ Dawid Kurow mu.+ 13  Bere a wɔn a wɔso Yehowa Adaka no+ tuu anammɔn asia no, ɔde nantwinini ne aboa a wadɔ srade bɔɔ afɔre. 14  Saa bere no, na Dawid hyɛ nwera efɔd,* na na Dawid de n’ahoɔden nyinaa resaw wɔ Yehowa anim.+ 15  Dawid ne Israel fi nyinaa bɔɔ ose+ na wɔhyɛn mmɛn+ de Yehowa Adaka no+ bae. 16  Nanso bere a wɔde Yehowa Adaka no duu Dawid Kurow mu no, Saul babea Mikal+ hwɛɛ mfɛnsere mu hui sɛ Ɔhene Dawid rehuruhuruw saw twa ne ho wɔ Yehowa anim, na obuu ɔhene animtiaa wɔ ne komam.+ 17  Enti wɔde Yehowa Adaka no bae, na wɔde besii ne sibea wɔ ntamadan a Dawid si maa no no mu.+ Ɛnna Dawid bɔɔ ɔhyew afɔre+ ne asomdwoe afɔre+ wɔ Yehowa anim.+ 18  Bere a Dawid bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no wiei no, ɔde asafo Yehowa din hyiraa ɔman no. 19  Bio nso, ɔmaa ɔmanfo no, Israel man mu no nyinaa, ɔbarima ne ɔbea biara, paanoo a wɔabɔ no sɛ kawa baako ne nkeresia* aba keeki ne bobe keeki, na ɛno akyi no, ɔmanfo no nyinaa kɔɔ wɔn afi mu. 20  Bere a Dawid san kɔe sɛ ɔrekɔsrɛ nhyira ama ne fi no, Saul babea Mikal+ pue behyiaa Dawid, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Anuonyam bɛn ara na Israel hene ahyɛ ne ho nnɛ yi sɛ wapa ne ho wɔ n’asomfo mfenaa anim sɛnea mmarima ahuhufo no bi pa ne ho nyinaa no!”+ 21  Ɛnna Dawid buaa Mikal sɛ: “Midii ahurusi wɔ Yehowa anim; ɔno na ɔpoo wo papa ne ne fi nyinaa bɛpaw me de me yɛɛ Yehowa man Israel kannifo.+ Enti medi ahurusi bio wɔ Yehowa anim. 22  Mɛbrɛ me ho ase akyɛn saa koraa, na mabu me ho famfamni. Na mfenaa a wokaa wɔn ho asɛm no, wɔn anim na menya anuonyam.” 23  Enti Saul babea Mikal+ de, wanwo ba kosii sɛ owui.

Ase Hɔ Nsɛm

Ebetumi nso akyerɛ, “kerubim ntam.”
Hebri asɛmfua no kyerɛ nnade ntraantraa abien a wɔde bɔ nnwom. Wɔde bom a, egyigye kyan-kyan.
Wɔfrɛ hɔ “Kidon” wɔ 1Be 13:9.
Anaa “ɛhaw Dawid.”
Ɛkyerɛ, “Abufuw a Ɛpae Guu Ussa So.”
Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛyɛ aduaba bi a ɛwɔ Palestina a ɛte sɛ adobɛ.