Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adiyisɛm Nhoma No

Ti Ahorow

Emu Nsɛntitiriw

  • 1

    • Adiyisɛm a efi Onyankopɔn hɔ a ɔde faa Yesu so (1-3)

    • Wɔde nkyia kɔmaa asafo ason no (4-8)

      • “Mene Alfa ne Omega” (8)

    • Yohane baa Awurade da no mu wɔ honhom mu (9-11)

    • Onyaa Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no ho anisoadehu (12-20)

  • 2

    • Nsɛm a wɔde kɔmaa Efeso asafo (1-7), Smirna asafo (8-11), Pergamo asafo (12-17), ne Tiatira asafo (18-29)

  • 3

    • Nsɛm a wɔde kɔmaa Sardi asafo (1-6), Filadelfia asafo (7-13), ne Laodikea asafo (14-22)

  • 4

    • Baabi a Yehowa te wɔ soro no ho anisoadehu (1-11)

      • Yehowa te n’ahengua so (2)

      • Mpanyimfo 24 no tete nhengua so (4)

      • Kerubim baanan no (6)

  • 5

    • Nhoma mmobɔwee a wɔde ahyɛnsode ason atetare ano (1-5)

    • Oguammaa no gyee nhoma mmobɔwee no (6-8)

    • Oguammaa no fata sɛ ɔtetew ahyɛnsode no (9-14)

  • 6

    • Oguammaa no tetew ahyɛnsode asia a edi kan no (1-17)

      • Nkonimdifo bi a ɔte ɔpɔnkɔ fitaa so (1, 2)

      • Nea ɔte ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so no beyi asomdwoe afi hɔ (3, 4)

      • Nea ɔte ɔpɔnkɔ tuntum so no de ɔkɔm bɛba (5, 6)

      • Nea ɔte ɔpɔnkɔ hoyaa so no, wɔfrɛ no Owu (7, 8)

      • Wɔn a wokunkum wɔn a wɔwɔ afɔremuka no ase (9-11)

      • Asaasewosow kɛse bi (12-17)

  • 7

    • Abɔfo baanan a wokurakura ɔsɛe mframa no mu (1-3)

    • Wɔhyɛɛ 144,000 no nsow (4-8)

    • Nnipakuw kɛse bi a wɔhyehyɛ ntaade tenten fitaa (9-17)

  • 8

    • Wɔtew ahyɛnsode a ɛto so ason no (1-6)

    • Wɔhyɛn ntorobɛnto anan a edi kan no (7-12)

    • Ɔtee sɛ wɔreka sɛ: “Munnue, munnue, munnue” (13)

  • 9

    • Torobɛnto a ɛto so anum no (1-11)

    • Mmusu baako atwam; mmusu abien reba (12)

    • Torobɛnto a ɛto so asia no (13-21)

  • 10

    • Ɔbɔfo hoɔdenfo bi a okura nhoma mmobɔwee ketewa bi (1-7)

      • “Ɔrentwɛn bio” (6)

      • Ahintasɛm kronkron no aba mu awie (7)

    • Yohane dii nhoma mmobɔwee ketewa no (8-11)

  • 11

    • Adansefo baanu no (1-13)

      • Wobefurafura awerɛhow ntama ahyɛ nkɔm nnafua 1,260 (3)

      • Wobekum wɔn; wɔrensie wɔn (7-10)

      • Wɔde wɔn baa nkwa mu nnansa ne fã akyi (11, 12)

    • Mmusu a ɛto so abien no atwam; mmusu a ɛto so abiɛsa reba (14)

    • Torobɛnto a ɛto so ason no (15-19)

      • Yɛn Awurade ne ne Kristo no Ahenni (15)

      • Wɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asaase no (18)

  • 12

    • Ɔbea no, ɔbabarima no, ne ɔwɔ a ne ho yɛ hu no (1-6)

    • Mikael ne ɔwɔ a ne ho yɛ hu no koe (7-12)

      • Wɔtow ɔwɔ a ne ho yɛ hu no too asaase so (9)

      • Ɔbonsam nim sɛ ne bere a aka sua (12)

    • Ɔwɔ a ne ho yɛ hu no tan ɔbea no ani (13-17)

  • 13

    • Akekaboa bi a ɔwɔ ti ason pue fii po mu (1-10)

    • Aboa a ɔwɔ mmɛn abien pue fii asaase mu (11-13)

    • Aboa a ɔwɔ ti ason no honi (14, 15)

    • Akekaboa no ahyɛnsode ne ne nɔma (16-18)

  • 14

    • Oguammaa no ne 144,000 no (1-5)

    • Nsɛm a efi abɔfo baasa hɔ (6-12)

      • Ɔbɔfo a watu nam wim a okura asɛmpa (6, 7)

    • Anigye ne wɔn a wowu wɔ Kristo mu (13)

    • Wotwaa asaase so nnɔbae mprenu (14-20)

  • 15

    • Abɔfo baason a wokurakura ɔhaw ason (1-8)

      • Mose dwom ne Oguammaa no dwom (3, 4)

  • 16

    • Onyankopɔn abufuw nkankyee ason (1-21)

      • Wohwie guu asaase so (2), ɛpo mu (3), nsubɔnten ne nsuti mu (4-7), owia so (8, 9), akekaboa no ahengua so (10, 11), Eufrate mu (12-16), mframa mu (17-21)

      • Onyankopɔn ko wɔ Armagedon (14, 16)

  • 17

    • “Babilon Kɛse” atemmu (1-18)

      • Tuutuuni kɛse no te aboa kɔkɔɔ bi so (1-3)

      • Ná aboa no ‘wɔ hɔ, nanso onni hɔ, na ɔbɛsan afi amoa donkudonku no mu aba’ (8)

      • Mmɛn du no ne Oguammaa no bɛko (12-14)

      • Mmɛn du no bɛtan tuutuuni no (16, 17)

  • 18

    • “Babilon Kɛse no” ahwease (1-8)

      • “Mumfi ne mu, me man” (4)

    • Babilon ahwease nti, wosu no (9-19)

    • Babilon ahwease nti, anigye ba soro (20)

    • Wɔbɛtow Babilon ato po mu te sɛ ɔbo (21-24)

  • 19

    • Munyi Yah ayɛ wɔ n’atemmu ho (1-10)

      • Oguammaa no ayeforohyia (7-9)

    • Obi a ɔte ɔpɔnkɔ fitaa so (11-16)

    • Onyankopɔn apontow kɛse (17, 18)

    • Wodii akekaboa no so nkonim (19-21)

  • 20

    • Wɔkyekyeree Satan mfe 1,000 (1-3)

    • Wɔn a wɔne Kristo bedi hene mfe 1,000 (4-6)

    • Wobeyi Satan, na wɔasɛe no (7-10)

    • Wobuu awufo atɛn wɔ ahengua fitaa no anim (11-15)

  • 21

    • Ɔsoro foforo ne asaase foforo (1-8)

      • Owu nni hɔ bio (4)

      • Wɔbɛyɛ nneɛma nyinaa foforo (5)

    • Yerusalem foforo no; sɛnea ɛte (9-27)

  • 22

    • Nkwa nsu asubɔnten (1-5)

    • Asɛm no awiei (6-21)

      • ‘Bra! Begye nkwa nsu kwa’ (17)

      • “Awurade Yesu, bra” (20)