Amos 1:1-15

  • Amos nyaa asɛm bi fii Yehowa hɔ (1, 2)

  • Bɔne a wɔyɛɛ no ntoatoaso ho atemmu (3-15)

1  Amos* a ɔka Tekoa nguanhwɛfo ho no nsɛm ni.+ Onyaa nsɛm no bere a onyaa anisoadehu bi faa Israel ho no. Onyae wɔ Yuda hene Usia+ ne Israel hene Yeroboam+ a ɔyɛ Yoas ba+ no bere so, mfe abien ansa na asaasewosow no reba.+  Ɔkae sɛ: “Yehowa bɛbobom wɔ Sion,Na ɔbɛteɛm wɔ Yerusalem. Nguanhwɛfo mmoa adidibea no bɛwo,*Na Karmel bepɔw so nwura bɛhyew.”*+   “Nea Yehowa aka ni,‘“Damasko bɔne* a ɛto so abiɛsa ne nea ɛto so anan nti, nea maka no, merentwe nsan,Efisɛ wɔde dade a wɔde porow awi faa Gilead so.+   Enti mede ogya bɛto Hasael fi mu,+Na ɛbɛhyew Ben-Hadad aban a ɛyɛ den no.+   Mebubu nnade a egu Damasko apon akyi;+Mɛsɛe wɔn a wɔtete Bikat-Awen,Ne nea odi hene* wɔ Bet-Eden no.Na wobetu Siriafo ase akɔ Kir,”+ Yehowa asɛm ni.’   Nea Yehowa aka ni,‘“Gasa bɔne* a ɛto so abiɛsa+ ne nea ɛto so anan nti, nea maka no, merentwe nsan,Efisɛ wɔde nnipadɔm bi a wɔatu wɔn ase afi wɔn man mu+ kɔmaa Edom.   Enti mede ogya bɛto Gasa fasu mu,+Na ɛbɛhyew n’aban a ɛyɛ den no.   Na mɛsɛe wɔn a wɔtete Asdod,+Ne nea odi hene* wɔ Askelon no;+Na mɛteɛ me nsa wɔ Ekron so,*+Na Filistifo a aka no bɛyera,”+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.’   Nea Yehowa aka ni,‘Tiro bɔne* a ɛto so abiɛsa+ ne nea ɛto so anan nti, nea maka no, merentwe nsan,Efisɛ wɔde nnipadɔm bi a wɔatu wɔn ase afi wɔn man mu kɔmaa Edom,Na wɔankae anuanom apam no.+ 10  Enti mede ogya bɛto Tiro fasu mu,Na ɛbɛhyew n’aban a ɛyɛ den no.’+ 11  Nea Yehowa aka ni,‘Edom bɔne* a ɛto so abiɛsa+ ne nea ɛto so anan nti, nea maka no, merentwe nsan,Efisɛ ɔde sekan dii ɔno ara ne nua akyi,+Na wanhu no mmɔbɔ.Ɔde abufuw tetew wɔn mu daa, Na ne bo fuw wɔn denneennen bere nyinaa.+ 12  Enti mede ogya bɛto Teman,+Na ɛbɛhyew Bosra aban a ɛyɛ den no.’+ 13  Nea Yehowa aka ni,‘“Ammonfo bɔne* a ɛto so abiɛsa+ ne nea ɛto so anan nti, nea maka no, merentwe nsan,Efisɛ wɔpaapaee Gilead mmea a wɔnyem mu de trɛw wɔn ahye mu.+ 14  Enti mede ogya bɛto Raba fasu mu,+Na ɛbɛhyew n’aban a ɛyɛ den no.Bere a ɔko nteɛteɛm rekɔ so ɔko da no,Bere a mframa kɛse rebɔ ɛda a ahum betu no. 15  Na wobetu wɔn hene ase akɔ obi man so, ɔne ne mpanyimfo nyinaa,”+ Yehowa asɛm ni.’

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛkyerɛ, “Ɔyɛ Adesoa” anaa “Ɔso Adesoa.”
Anaa “bedi awerɛhow.”
Anaa “bekisa.”
Anaa “atuatew.”
Nt., “nea okura ahempoma.”
Anaa “atuatew.”
Anaa “mɛtwe Ekron aso.”
Nt., “nea okura ahempoma.”
Anaa “atuatew.”
Anaa “atuatew.”
Anaa “atuatew.”