Amos 3:1-15

  • Wɔbɔɔ Onyankopɔn atemmu dawuru (1-8)

    • Onyankopɔn ka ne tirim asɛm kyerɛ ne nkoa (7)

  • Nea ɛbɛto Samaria (9-15)

3  “O Israelfo, muntie asɛm a Yehowa aka afa mo ho yi. Ɛyɛ asɛm a ɛfa abusua a miyii wɔn fii Egypt asaase so bae no nyinaa ho. Ɛne sɛ:   ‘Asaase so mmusua nyinaa, mo nko ara na minim mo.+ Ɛno nti na mɛtwe mo aso wɔ mo bɔne nyinaa ho no.+   Wohwɛ a, nnipa baanu betumi abom anantew bere a wɔnyɛɛ nhyehyɛe sɛ wobehyia?   Gyata bɛbobom wɔ kwae mu bere a onnyaa aboa biara? Na gyata* a ne ho yɛ den bepow wɔ baabi a ɔda bere a ɔnkyeree aboa biara?   Anomaa bɛtɔ afiri mu wɔ fam bere a wonsum no afiri?* Na afiri behuan bere a enyii biribiara?   Sɛ wɔbɔ abɛn wɔ kurow mu a, nnipa ho rempopo anaa? Na sɛ amanehunu ba kurow mu a, ɛnyɛ Yehowa na wama aba?   Na Awurade Tumfo Yehowa renyɛ biribi,Gye sɛ waka ne tirim asɛm* akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.+   Gyata abobom!+ Hena na ɔrensuro? Awurade Tumfo Yehowa akasa! Hena na ɔrenhyɛ nkɔm?’+   ‘Mommɔ no dawuru wɔ Asdod aban a ɛyɛ den so,Na mommɔ no dawuru wɔ aban a ɛyɛ den wɔ Egypt asaase so no so. Monka sɛ: “Mommoa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔw so;+Monhwɛ basabasa a ɛrekɔ so wɔ hɔ,Ne nsisi a ɛrekɔ so wɔ hɔ no.+ 10  Efisɛ wonnim sɛnea wɔyɛ adepa,” Yehowa asɛm ni,“Na nneɛma a wɔnam atirimɔden ne ɔsɛe so anya no, ɛno na wɔboaboa ano wɔ wɔn aban a ɛyɛ den mu.”’ 11  Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni,‘Ɔtamfo bi bɛba abetwa asaase no ho ahyia,+Na ɔbɛma w’ahoɔden asa,Na ɔbɛfom w’aban a ɛyɛ den mu nneɛma.’+ 12  Nea Yehowa aka ni,‘Sɛnea oguanhwɛfo hwim aboa nan abien anaa n’aso fã bi fi gyata anom no,Saa ara na wobehwim Israelfo akɔ, Israelfo a seesei wɔtete mpa fɛfɛɛfɛ ne mpa kamakama* so wɔ Samaria no.’+ 13  ‘Muntie na mommɔ Yakob fi kɔkɔ,’* Awurade Tumfo Yehowa, asafo Nyankopɔn no asɛm ni. 14  ‘Na da a mɛtwe Israel aso wɔ ne bɔne* nyinaa ho no,+Mɛtwe Betel afɔremuka nso aso;+Na wobetwitwa mmɛn a ɛwɔ afɔremuka no ho no agu fam.+ 15  Na mebubu awɔw bere mu fi no ne ahohuru bere mu fi no nyinaa.’ ‘Afi a wɔde asonse* ayɛ nyinaa bɛsɛe,+Na afi akɛse* no bɛsɛe koraa,’+ Yehowa asɛm ni.”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “gyatanini.”
Ebetumi nso akyerɛ, “bere a aduan biara nni mu?”
Anaa “kokoam asɛm.”
Anaa “Damasko mpa.”
Anaa “munni adanse ntia Yakob fi.”
Anaa “n’atuatew.”
Anaa “asono se.”
Ebetumi nso akyerɛ, “afi pii.”