Amos 4:1-13

  • Nea ɛbɛto Basan anantwi (1-3)

  • Yehowa dii Israel atoro som ho fɛw (4, 5)

  • Wɔteɛ Israel a, ontie (6-13)

    • “Boaboa wo ho kohyia wo Nyankopɔn” (12)

    • ‘Onyankopɔn ka Ne tirim asɛm kyerɛ nnipa’ (13)

4  “Muntie asɛm yi, mo, Basan anantwi,Mo a mugu Samaria bepɔw so,+ Mo, mmea a musisi mmɔborɔwafo+ na mohyɛ ahiafo so,Mo a moka kyerɛ mo kununom* sɛ, ‘Momfa biribi mmrɛ yɛn mma yɛnnom!’ no.   Awurade Tumfo Yehowa de ne kronkronyɛ aka ntam sɛ,‘“Hwɛ! Nna bi reba. Saa bere no, ɔde nnarewa akɛse bɛtwe mo akɔ,Na mo a mobɛka nso, ɔde nnarewa nketewa bɛtwe mo akɔ.   Na mobɛfa ɔfasu mu ntokuru mu, na obiara bɛfa tokuru a ɛwɔ n’anim tẽẽ no mu.Na wɔbɛtow mo akyene Harmon,” Yehowa asɛm ni.’   ‘Mommra Betel na mommɛto mmara,*+Mommra Gilgal na mommɛto mmara no bi nka ho!+ Momfa mo afɔre mmra+ anɔpa, Na momfa mo ntotoso du du* mmra+ ɛda a ɛto so abiɛsa no.   Monhyew paanoo a mmɔkaw* wom, na momfa mmɔ aseda afɔre;+ Mommɔ mo ayamye afɔre dawuru mma obiara nte! Na saa na mopɛ, O Israelfo,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.   ‘Na me de, mamma mo aduan biara anni* wɔ mo nkurow no biara mu,Na memaa aduan hoyɛɛ den wɔ mo afinyinaa mu;+ Ne nyinaa akyi, moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm ni.   ‘Afei nso, mamma osu antɔ amma mo abosome abiɛsa ansa na twabere redu;+Memaa osu tɔɔ kurow baako mu, na mamma bi antɔ wɔ kurow foforo mu. Osu tɔ guu asaase baako so,Na asaase a mamma osu antɔ angu so no, ɛso woe wosee.   Nkurow abien anaa abiɛsa mu nnipa kyinkyin kɔpɛ nsu nom wɔ kurow baako mu,+Nanso ɛnso wɔn; Ne nyinaa akyi, moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm ni.   ‘Memaa owia hyee mo mfuw, na ɔyare tew sii so.+ Moyeyɛɛ bobe mfuw ne mfuw foforo pii,Nanso ntutummɛ wee mo borɔdɔma nnua ne mo ngo nnua nyinaa;+Nanso ne nyinaa akyi, moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm ni. 10  ‘Memaa nsanyare a edi awu a ɛte sɛ nea ɛbaa Egypt no bi baa mo so.+ Mede sekan kunkum mo mmerante,+ na mefaa mo apɔnkɔ.+ Memaa mo asoɛe bɔnee kankaankan kɔɔ mo hwenem;+Ne nyinaa akyi, moansan amma me nkyɛn,’ Yehowa asɛm ni. 11  ‘Medan mo butuwii,Sɛnea Onyankopɔn dan Sodom ne Gomora butuwii no.+ Na moyɛɛ sɛ dua a wɔahwim afi ogya mu;Ne nyinaa akyi, moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm ni. 12  Enti nea mede bɛyɛ wo ni, O Israel. Nea mede rebɛyɛ wo nti,Boaboa wo ho kohyia wo Nyankopɔn, O Israel. 13  Efisɛ hwɛ! Ɔno na ɔnwenee mmepɔw+ na ɔbɔɔ mframa;+Ɔka Ne tirim asɛm kyerɛ nnipa, Ɔma adekyee dan sum,+Na otiatia asaase so nkoko so;+Ne din ne Yehowa, asafo Nyankopɔn no.”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “mo wuranom.”
Anaa “mommɛtew atua.”
Anaa “taet.”
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.
Anaa “mamma aduan anka mo se.”