Amos 5:1-27

  • Israel te sɛ ɔbaabun a wahwe ase (1-3)

  • Monhwehwɛ Onyankopɔn, na munnya nkwa (4-17)

    • Montan bɔne na monnɔ papa (15)

  • Yehowa da no bɛyɛ sum (18-27)

    • N’ani annye Israel afɔre ho (22)

5  “O Israel fi, muntie mo ho awerɛhow dwom* a merebɛto yi:   ‘Ɔbaabun Israel ahwe ase;Ɔrentumi nsɔre bio. Wɔagyaw no ato n’ankasa asaase so;Na obiara nni hɔ a ɔbɛma no so.’  “Na nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Kurow a ɛde nnipa 1,000 bɛkɔ ɔko no, ɛbɛka nnipa 100;Na kurow a ɛde nnipa 100 bɛkɔ ɔko no, ɛbɛka nnipa 10. Eyi ne nea ɛbɛto Israel fi.’+  “Na nea Yehowa aka akyerɛ Israel fi ni: ‘Monhwehwɛ me, na munnya nkwa.+   Monnhwehwɛ Betel,+Monnkɔ Gilgal,+ na munntwam nnkɔ Beer-Seba,+Efisɛ sɛnea ɛte biara, wobetu Gilgal ase akɔ obi man so,+ Na Betel bɛdan adehunu.*   Monhwehwɛ Yehowa na munnya nkwa,+Anyɛ saa a, ɔbɛba Yosef fi so te sɛ ogya,Na ɔbɛhyew Betel, na obiara nni hɔ a obetumi adum no.   Moma atɛntrenee dan awɔnwene,Na motow trenee kyene fam.+   Nea ɔyɛɛ Kima nsorommakuw* ne Kesil nsorommakuw,*+Nea ɔma sum kabii dan adekyee,Nea ɔma adekyee yɛ tumm sɛ anadwo,+Nea ɔboaboa ɛpo mu nsu anoNa ohwie gu asaase so no,+Ne din ne Yehowa.   Ɔde ɔsɛe bɛba ɔhoɔdenfo so,Na ɔbɛsɛe aban a ɛyɛ den. 10  Wɔn a wɔtwe nkurɔfo aso wɔ kurow pon ano no, wɔtan wɔn,Na wokyi wɔn a wɔka nokware.+ 11  Esiane sɛ mugye afuw so tow* fi ohiani hɔ,Na mugye ne hwiit* fi ne nsam de yɛ tow nti,+Adan a moapae abo de asisi no, morentena mu bio,+Na bobe mfuw fɛfɛɛfɛ a moayɛ no, morennya nsã* wom nnom bio.+ 12  Na minim sɛnea mo amumɔyɛ* dɔɔso,Ne sɛnea mo bɔne yɛ akɛse.Moteetee ɔtreneeni,Mugye adanmude,* Na mutiatia ahiafo fahodi so wɔ kurow pon ano.+ 13  Enti wɔn a wɔwɔ nhumu no bɛyɛ komm saa bere no,Efisɛ ɛbɛyɛ amanehunu bere.+ 14  Monhwehwɛ papa, na ɛnyɛ bɔne,+Na moanya nkwa.+ Moyɛ saa a, Yehowa, asafo Nyankopɔn no ne mo bɛtena,Sɛnea moaka sɛ ɔne mo te no.+ 15  Munkyi bɔne na monnɔ papa,+Na mummu atɛntrenee wɔ kurow pon ano.+ Ebia Yehowa, asafo Nyankopɔn no,Behu Yosef asefo a wɔbɛka no mmɔbɔ.’+ 16  “Enti nea Yehowa, asafo Yehowa Nyankopɔn no aka ni: ‘Nkurɔfo besu denneennen wɔ mmɔnten so baabiara,Na mmorɔn nyinaa so, nnipa bɛteɛteɛm, “Buei! Buei!” Na wɔbɛfrɛ akuafo ama wɔabesu,Na wɔafrɛ wɔn a wonim su yiye ama wɔabɛbɔ bena.’ 17  ‘Nnipa besu denneennen wɔ bobefuw* biara mu,+Efisɛ mɛba abetwam wɔ wo mu,’ Yehowa asɛm ni. 18  ‘Wɔn a wɔrehwɛ Yehowa da no kwan denneennen no, asɛm ato wɔn!+ Sɛ Yehowa da no ba a, mohwɛ a, ɛdɛn na ebesi?+ Ɛbɛyɛ sum, na ɛrenyɛ hann.+ 19  Ɛbɛyɛ sɛ obi a oguan fii gyata anim na okohyiaa osisi,Afei ɔkɔɔ ne fi de ne nsa kosoo ɔfasu mu a, ɔwɔ aka no. 20  Yehowa da no bɛyɛ sum, ɛrenyɛ hann;Ɛbɛyɛ kusuu, na ɛrenhyerɛn. 21  Mikyi mo afahyɛ ahorow no; ɛyɛ me tan.+Na mo nhyiam kronkron no ase hua no, m’ani nnye ho koraa. 22  Na sɛ mobɔ ɔhyew afɔre ne akyɛde afɔre ma me mpo a,M’ani rennye ho;+Na sɛ mode mmoa a wɔadɔ srade bɔ asomdwoe afɔre a, merenhwɛ mpo.+ 23  Munnyae mo dwom no, na etuatua m’aso;Mo sankudwom no, mempɛ atie mpo.+ 24  Momma atɛntrenee nhwie sɛ nsu,+Na trenee ntene daa sɛ asubɔnten. 25  O Israel fi, mfe 40 a na monam sare so no,+Mobɔɔ afɔre maa me, na mode akyɛde afɔre brɛɛ me anaa? 26  Seesei, mobɛsoa mo hene Sakut ne Kaiwan* akɔ,Mo ahoni no, mo nsoromma anyame a moyɛe no. 27  Na metu mo ase akɔ obi man so wɔ Damasko akyi noho,’+ nea ne din de Yehowa, asafo Nyankopɔn no asɛm ni.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “kwadwom.”
Ebetumi nso akyerɛ, “bɛdan abusude.”
Anaa “Nyɛnkrɛnte.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Orion nsorommakuw no.
Anaa “Akokɔbaatan-ne-ne-mma.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Pleiades nsoromma a ɛwɔ Taurus nsorommakuw no mu no.
Anaa “asaase ho tow.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “bobesa.”
Anaa “braeb.”
Anaa “mo atuatew.”
Anaa “bobeturo.”
Saa anyame abien yi, ebetumi akyerɛ okyinnsoromma Saturn a na ebinom de ayɛ onyame som no no.