Amos 6:1-14

  • Wɔn a wogye wɔn ho di no, asɛm ato wɔn! (1-14)

    • Mpa a wɔde asonse ayɛ; nsã a ɛwɔ nkuruwa akɛse mu (4, 6)

6  “Wɔn a wogye wɔn ho di a wɔte Sion no, asɛm ato wɔn!Wɔn a wɔn ho adwo wɔn wɔ Samaria bepɔw so no, asɛm ato wɔn!+Amanaman adikanfo mu atitiriw,Wɔn a Israel fi kɔ wɔn nkyɛn no, asɛm ato wɔn!   Muntwa nkɔ Kalne na monkɔhwɛ. Mumfi hɔ na monkɔ Hamat Kɛse,+Na munsian nkɔ Filistifo kurow Gat mu. Mohwɛ a, woye sen ahenni ahorow yi?*Anaa wɔn asaase sõ sen mo asaase?   Moayi amanehunu da no afi mo tirim+Ɛnna moakɔfa awudisɛm ahenni* anaa?+   Wɔdeda mpa a wɔde asonse* ayɛ so,+ na wodwudwo wɔn ho wɔ wɔn mpa so,+Na wɔwe wɔn nguan mu adwennini ne anantwi mma* a wɔadɔ srade.+   Wɔto nnwom de gyigye sanku ho,+Na wɔyɛ nneɛma a wɔde bɔ nnwom, sɛnea Dawid yɛe no.+   Wɔnom nsã wɔ nkuruwa akɛse mu,+Na wɔsra ngo pa, Nanso Yosef amanehunu no de, ɛmfa wɔn ho.*+   Ɛno nti, nkurɔfo a wobetu wɔn ase akɔ obi man so no, wɔn na wobedi anim,+Na wɔn a wodwudwo wɔn ho no dede nyinaa to betwa.   ‘Awurade Tumfo Yehowa aka ɔno ara ne ho* ntam,’+ Yehowa, asafo Nyankopɔn no asɛm ni,‘“Mikyi Yakob ahantan,+Metan n’aban a ɛyɛ den no,+Na mede kurow yi ne nea ayɛ mu ma nyinaa bɛma n’atamfo.+  “‘“Na sɛ ɛka nnipa du wɔ ofi baako mu a, wɔn nso bewuwu. 10  Na obusuani* bi bɛba abeyi wɔn apue, na wahyew wɔn mmaako mmaako. Na ɔde wɔn nnompe bepue afi fie hɔ. Afei, obebisa obiara a ɔwɔ pia mu sɛ, ‘Obi foforo ka wo ho anaa?’ Na obebua sɛ, ‘Obiara nka me ho!’ Ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Yɛ komm! Na ɛnyɛ saa bere yi koraa na ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa din.’” 11  Yehowa na ɔde ahyɛde yi ama,+Na obebubu ofi kɛse no pasaa,Na wabubu ofi ketewa no asinasin.+ 12  Mohwɛ a, apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan so?Anaa obi de anantwi funtum abotan so? Moama atɛntrenee adan awuduru,Na moama trenee aba adan awɔnwene.+ 13  Mudi adehunu ho ahurusi,Na moka sɛ, “Yɛn ankasa ahoɔden na ama yɛanya tumi.”*+ 14  Ɛno nti, O Israel fi, mɛma ɔman bi aba mo so,’+ Yehowa, asafo Nyankopɔn no asɛm ni,‘Na wɔbɛteetee mo afi Lebo-Hamat*+ hye so asian akodu Araba Subon no ano.’”

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛbɛyɛ sɛ Yuda ne Israel ahenni no ho asɛm na ɛreka.
Nt., “akongua.”
Anaa “asono se.”
Anaa “anantwinini nkumaa.”
Nt., “Yosef amanehunu no mmɔɔ wɔn yare.”
Anaa “ne kra.”
Nt., “Ne papa nuabarima.”
Nt., “ama yɛanya mmɛn.”
Anaa “Hamat kwan ano.”