Amos 7:1-17

  • Anisoadehu a ɛkyerɛ sɛ Israel awiei abɛn (1-9)

    • Ntutummɛ (1-3), ogya (4-6), prumo (7-9)

  • Wɔka kyerɛɛ Amos sɛ mma ɔnnhyɛ nkɔm bio (10-17)

7  Nea Awurade Tumfo Yehowa yi kyerɛɛ me ni: Hwɛ! Bere a aba a edi akyiri* no fii ase sɛ ɛrefifi no, ɔmaa ntutummɛ bebree bae. Eyi yɛ aba a edi akyiri a na wodua bere a wɔatwa ɔhene sare a ɔde ma ne mmoa awie no.  Na bere a ntutummɛ no wee asaase no so afifide wiei no, mekae sɛ: “O Awurade Tumfo Yehowa, mepa wo kyɛw, fa kyɛ wɔn!+ Yakob bɛyɛ dɛn atena ase?* Onni ahoɔden!”+  Ɛno nti, Yehowa sesaa n’adwene.*+ Na Yehowa kae sɛ, “Ɛrennya mma.”  Nea Awurade Tumfo Yehowa yi kyerɛɛ me ni: Hwɛ! Awurade Tumfo Yehowa de ogya twee ne man aso. Ɛmaa ebun kɛse no mu nsu nyinaa yowee, na ɛhyew asaase no fã bi.  Ɛnna mekae sɛ: “O Awurade Tumfo Yehowa, mepa wo kyɛw, mma eyi mmma!+ Yakob bɛyɛ dɛn atena ase?* Onni ahoɔden!”+  Ɛno nti, Yehowa sesaa n’adwene.*+ Na Awurade Tumfo Yehowa kae sɛ, “Ɛno nso rennya mma.”  Eyi na oyi kyerɛɛ me: Hwɛ! Ná Yehowa gyina ɔfasu bi so. Ná ɛyɛ ɔfasu a wɔde prumo* ato ho asi, na na prumo hyɛ ne nsam.  Afei Yehowa bisaa me sɛ: “Amos, ɛdɛn na wuhu yi?” Ɛnna mekae sɛ: “Ɛyɛ prumo.” Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ, mede prumo rebɛto me man Israel ho. Meremfa wɔn bɔne nkyɛ wɔn bio.+  Isak sorɔnsorɔmmea* nyinaa+ bɛsɛe pasaa na Israel kronkronbea bɛsɛesɛe;+ na mede sekan bɛba Yeroboam fi so.”+ 10  Ɛnna Betel sɔfo Amasia+ soma kɔkaa asɛm yi kyerɛɛ Israel hene Yeroboam+ sɛ: “Amos rebɔ wo ho pɔw wɔ Israel fi pɛɛ.+ Ne nsɛm no nyinaa ano yɛ den ma asaase no.+ 11  Na nea Amos aka ni, ‘Sekan na wɔde bekum Yeroboam, na nea ɛbɛyɛ biara, wobetu Israel afi n’asaase so akɔ obi man so.’”+ 12  Ɛnna Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ: “O ɔdehufo, kɔ, guan kɔ Yuda asaase so; kɔpɛ w’ano aduan* wɔ hɔ, na hyɛ nkɔm wɔ hɔ.+ 13  Na nhyɛ nkɔm wɔ Betel ha bio,+ efisɛ ɛyɛ ɔhene tenabea kronkron+ ne abankɛse mu.”* 14  Ɛnna Amos ka kyerɛɛ Amasia sɛ: “Ná menyɛ odiyifo anaa odiyifo ba; mmom na mehwɛ mmoa,+ na na meyɛ borɔdɔma ho adwuma.* 15  Nanso Yehowa ma migyaee mmoa no hwɛ, na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔ, na kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me man Israel.’+ 16  Enti afei tie nea Yehowa aka: ‘Woreka sɛ, “Nhyɛ nkɔm ntia Israel,+ na nka asɛm biara+ ntia Isak fi.” 17  Enti nea Yehowa aka ni: “Wo yere bɛyɛ tuutuuni wɔ kurow no mu. Na wɔde sekan bekunkum wo mma mmarima ne wo mma mmea. Na wɔbɛtwe susuhama ato w’asaase so akyɛ afa. Na wo de, wubewu wɔ asaase a ɛho ntew so, na nea ɛbɛyɛ biara, wobetu Israel afi n’asaase so akɔ obi man so.”’”+

Ase Hɔ Nsɛm

Kyerɛ sɛ, nea wodua no January ne February bosome mu no.
Nt., “agyina hɔ?”
Anaa “nuu ne ho.”
Nt., “agyina hɔ?”
Anaa “nuu ne ho.”
Ɛyɛ hama bi a dade hyɛ ano a wɔde susuw ɔdan hwɛ sɛ ɔdan no teɛ anaa.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “di paanoo.”
Anaa “ahenni fi.”
Anaa “na na mifitifiti sikamɔɔ ho.” Ná ɛyɛ borɔdɔma bi a ɛwɔ Israel a wɔfrɛ no ‘sikamɔɔ.’