Amos 8:1-14

  • Ahohuru bere mu nnuaba ho anisoadehu (1-3)

  • Wɔn a wɔhyɛ nkurɔfo so no, asɛm ato wɔn (4-14)

    • Yehowa asɛm ho kɔm (11)

8  Nea Awurade Tumfo Yehowa yi kyerɛɛ me ni: Hwɛ! Mihuu kɛntɛn a ahohuru bere mu nnuaba wom.  Ɛnna obisaa me sɛ: “Amos, ɛdɛn na wuhu yi?” Na mekae sɛ: “Kɛntɛn a ahohuru bere mu nnuaba wom.” Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Me man Israel awiei aba. Meremfa wɔn bɔne nkyɛ wɔn bio.+  ‘Saa da no, asɔrefi nnwom bɛdan osu ne nteɛteɛm,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. ‘Na wɔbɛtotow afunu bebree agugu baabiara.+ Ma hɔ nyɛ komm!’   Muntie, mo a mutiatia ahiafo so,Mo a moma asaase so ahobrɛasefo sã,+   Mo a moka sɛ, ‘Da bɛn na ɔsram foforo afahyɛ no betwam+ ama yɛatɔn yɛn hwiit?*Da bɛn na Homeda+ betwam ama yɛatɔn hwiit? Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛyɛ efa* susukuruwa no ketewa,Na ne bo akɔ soro,Na yɛakyea yɛn nsenia* de asisi nkurɔfo,+   Na yɛde dwetɛ atɔ mmɔborɔwa,Na yɛatɔn ohiani agye mpaboa,+Na yɛatɔn hwiit* a enye.’   Yehowa, Yakob Anuonyam no, aka ne ho ntam+ sɛ,‘Me werɛ remfi wɔn nnwuma no biara da.+   Eyi nti asaase no bɛwosow,Na obiara a ɔte so bedi awerɛhow.+ Wobebu afa so te sɛ Nil a ayiri,Wobebu afa so, na wɔatwetwe te sɛ Nil a ɛwɔ Egypt.’+   ‘Saa da no,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni,‘Mɛma owia akɔtɔ awia ketee,Na mama sum aba asaase no so awiabere.+ 10  Mɛma mo afahyɛ adan awerɛhow,+Na mo nnwom nyinaa adan awerɛhow nnwom. Mɛma obiara de awerɛhow ntama* asi n’asen, na mama obiara ti ho apa;Mɛma ayɛ sɛ nea obi redi ne ba baako pɛ wu ho awerɛhow,Na saa da no awiei bɛyɛ awerɛhow nko ara.’ 11  ‘Hwɛ! Nna bi reba,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.‘Saa bere no, mɛma ɔkɔm aba asaase no so,Ɛnyɛ aduankɔm, ɛnna ɛnyɛ osukɔm,Na mmom Yehowa asɛm ho kɔm.+ 12  Na wɔde wɔn ti bɛpempem afi po ano akɔ po ano,Na wɔafi atifi akɔ apuei. Wobekyinkyin ahwehwɛ Yehowa asɛm, nanso wɔrenhu. 13  Saa da no, osukɔm nti, mmaabun a wɔn ho yɛ fɛ betwitwa ahwe,Na mmerante nso betwitwa ahwe; 14  Wɔn a wɔde Samaria bɔne ka ntam+ na wɔka sɛ,“O Dan, sɛ́ wo nyame te ase yi!”+ Na wɔka sɛ, “Sɛ́ Beer-Seba kwan wɔ hɔ yi!”+ Saa nkurɔfo no, wɔbɛhwehwe ase a wɔrensɔre bio.’”+

Ase Hɔ Nsɛm

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Ade a wɔde susuw biribi mu duru.
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.