Atemmufo 1:1-36

  • Yuda ne Simeon nkonimdi (1-20)

  • Yebusifo kɔɔ so tenaa Yerusalem (21)

  • Yosef ko faa Betel (22-26)

  • Wɔantu Kaananfo no nyinaa (27-36)

1  Yosua wu akyi no,+ Israelfo* no bisaa Yehowa sɛ:+ “Yɛn mu hena na onni kan mforo nkɔ na ɔne Kaananfo nkɔko?” 2  Na Yehowa kae sɛ: “Yuda na ɔbɛkɔ.+ Hwɛ! Mede asaase no bɛhyɛ ne nsa.”* 3  Ɛnna Yuda ka kyerɛɛ ne nua Simeon sɛ: “Wo ne me nkɔ* asaase a wɔde ama me*+ no so na yɛne Kaananfo nkɔko. Yewie a, me nso me ne wo bɛkɔ asaase a wɔde ama wo no so.” Enti Simeon ne no kɔe. 4  Bere a Yudafo no foro kɔe no, Yehowa de Kaananfo ne Perisifo no hyɛɛ wɔn nsa,+ na wodii nnipa 10,000 so nkonim wɔ Besek. 5  Wohuu Adoni-Besek wɔ Besek, na ɛhɔ na wɔne no koe, na wodii Kaananfo+ ne Perisifo no so nkonim.+ 6  Bere a Adoni-Besek guanee no, wodii n’akyi kɔkyeree no, na wotwitwaa ne nsa kokurobeti ne ne nan kokurobeti. 7  Ɛnna Adoni-Besek kae sɛ: “Ahemfo 70 a wɔatwitwa wɔn nsa kokurobeti ne wɔn nan kokurobeti sesaw aduan wɔ me pon ase. Nea meyɛe no, Onyankopɔn ayɛ me bi atua ka.” Ɛno akyi no, wɔde no baa Yerusalem,+ na owui wɔ hɔ. 8  Bio nso, Yudafo ne Yerusalemfo kɔkoe,+ na Yerusalem kurow no bedii Yudafo nsam. Wɔde sekan kunkum kurow no mufo, na wɔhyew kurow no. 9  Ɛno akyi no, Yudafo no sianee, na wɔne Kaananfo a wɔte bepɔw so ne Negeb ne Sefela+ no kɔkoe. 10  Enti Yudafo no kɔtow hyɛɛ Kaananfo a wɔte Hebron no so, na wokum Sesai ne Ahiman ne Talmai.+ (Bere bi, na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba.) 11  Wofii hɔ no, wɔtoaa so kɔɔ Debirfo so.+ (Kan no, na wɔfrɛ Debir sɛ Kiriat-Sefer.)+ 12  Afei Kaleb+ kae sɛ: “Ɔbarima a obetumi ako afa Kiriat-Sefer no, mede me babea Aksa bɛma no aware.”+ 13  Ɛnna Kaleb nua kumaa Kenas ba+ Otniel+ kɔko fae. Enti Kaleb de ne babea Aksa maa no waree. 14  Bere a Aksa rekɔ fie no, otutu guu ne kunu asom sɛ ommisa asaase mfi ne papa hɔ. Ɛnna Aksa si fii n’afurum no so.* Na Kaleb bisaa no sɛ: “Ɛdɛn na wopɛ?” 15  Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mepa wo kyɛw, hyira me. Woadi kan ama me asaase wɔ anaafo.* Fa Gulot-Maim* nso ma me ɛ.” Enti Kaleb de Gulot Atifi ne Gulot Anaafo maa no. 16  Na Mose asebarima+ a ɔyɛ Kenini+ no, n’asefo ne Yudafo fi mmɛ kurow+ no mu baa* Yuda sare a ɛwɔ Arad+ anaafo no so. Na wɔkɔɔ hɔ ne ɛhɔfo kɔtenae.+ 17  Na Yuda ne ne nua Simeon toaa so kɔtow hyɛɛ Kaananfo a wɔte Sefat no so, na wɔsɛee kurow no pasaa.+ Enti wɔtoo kurow no din Horma.*+ 18  Afei, Yuda ko faa Gasa+ ne ɛho nsaase, Askelon+ ne ɛho nsaase, ne Ekron+ ne ɛho nsaase. 19  Yehowa dii Yuda akyi, na wɔfaa nsaase a ɛwɔ bepɔw so no, nanso wɔantumi antu wɔn a wɔtete obon no mu* no, efisɛ na wɔwɔ nteaseɛnam a sekan tuatua ho.*+ 20  Wɔde Hebron maa Kaleb sɛnea Mose kae no,+ na otuu Anak mma baasa no+ fii hɔ. 21  Nanso Benyaminfo no antu Yebusifo a wɔte Yerusalem no, na Yebusifo no kɔɔ so ne Benyaminfo tenaa Yerusalem de besi nnɛ.+ 22  Yosef fifo+ foro kɔtow hyɛɛ Betel so, na Yehowa dii wɔn akyi.+ 23  Yosef fifo no wiaa wɔn ho kɔhwɛɛ Betel. (Kan no, na kurow no din de Lus.)+ 24  Na wɔn a wɔsomaa wɔn no huu ɔbarima bi sɛ ofi kurow no mu reba. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, kyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so awura kurow no mu, na yɛne wo bedi no yiye.”* 25  Enti ɔbarima no kyerɛɛ wɔn ɔkwan a wɔbɛfa so awura kurow no mu. Na wɔde sekan kunkum kurom hɔfo, na ɔbarima no ne n’abusuafo de, wogyaa wɔn nyinaa.+ 26  Na ɔbarima no kɔɔ Hitifo asaase so, na ɔkɔkyekyee kurow bi too hɔ din Lus. Na saa na wɔfrɛ hɔ de besi nnɛ. 27  Manase amfa Bet-Sean ne ɛho nkurow, Taanak+ ne ɛho nkurow, Dorfo ne nkurow a atwa wɔn ho ahyia, Yibleamfo ne nkurow a atwa wɔn ho ahyia, ne Megidofo ne nkurow a atwa wɔn ho ahyia.+ Kaananfo no kɔɔ so tenaa asaase yi so. 28  Bere a Israelfo no yɛɛ den no, wɔmaa Kaananfo no yɛɛ nkoadwuma,+ na wɔantu wɔn nyinaa amfi hɔ.+ 29  Efraim nso antu Kaananfo a wɔte Geser no amfi hɔ. Mmom Kaananfo no kɔɔ so ne wɔn tenaa Geser.+ 30  Sebulon antu Kitronfo ne Nahalolfo+ no. Kaananfo no kɔɔ so ne wɔn tenae, na wɔmaa Kaananfo no yɛɛ nkoadwuma.+ 31  Aser antu nnipa a wɔte Ako ne nnipa a wɔte Sidon+ ne Ahlab ne Aksib+ ne Helba ne Afik+ ne Rehob+ no. 32  Enti Aserfo no kɔɔ so ne Kaananfo a wɔwɔ asaase no so no tenae, efisɛ wɔantu wɔn. 33  Naftali antu nnipa a wɔte Bet-Semes ne nnipa a wɔte Bet-Anat+ no, mmom wɔkɔɔ so ne Kaananfo a wɔwɔ asaase no so no tenae.+ Na wɔde nnipa a wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat no yɛɛ nkoadwuma. 34  Amorifo maa Danfo no kaa bepɔw no so, na wɔamma wɔansian amma obon no mu.*+ 35  Enti Amorifo no kɔɔ so tenaa Heres Bepɔw so ne Ayalon+ ne Saalbim.+ Nanso bere a Yosef fifo nyaa tumi* kɛse no, wɔde Amorifo no yɛɛ nkoadwuma. 36  Amorifo hye no, na efi ase wɔ Akrabim koko+ so, na na ɛsan nso fi ase wɔ Sela foro kɔ soro.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “Israel mma.”
Anaa “ahyɛ ne nsa.”
Anaa “mforo nkɔ.”
Nt., “ɛyɛ me kyɛfa.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Aksa bɔɔ ne nsam bere a ɔte afurum no so no.”
Anaa “Negeb.”
Ɛkyerɛ, “Asɛn (Nkankyee) a Nsu Wom.”
Anaa “foro baa.”
Ɛkyerɛ, “Ɔsɛe.”
Anaa “asaasetraa no so.”
Anaa “nnade nteaseɛnam.”
Nt., “yɛbɛda ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ wo.”
Anaa “asaasetraa no so.”
Nt., “nsa.”