Atemmufo 10:1-18

  • Ɔtemmufo Tola ne Ɔtemmufo Yair (1-5)

  • Israel tew atua, na wonuu wɔn ho (6-16)

  • Ammonfo hunahunaa Israelfo (17, 18)

10  Abimelek akyi no, Tola na ɔsɔre begyee Israelfo.+ Ná ɔyɛ Dodo ba Pua ba, na na ofi Isakar abusuakuw mu. Ɔtenaa Samir wɔ Efraim mmepɔw mu.  Obuu Israel atɛn mfe 23, na owui ma wosiee no wɔ Samir.  N’akyi no, Gileadni Yair sɔree, na obuu Israel atɛn mfe 22.  Ná ɔwɔ mma mmarima 30 a wɔtenatena mfurum 30 so, na na wɔwɔ nkurow 30 a wɔfrɛ hɔ Hawot-Yair+ de besi nnɛ. Ɛwɔ Gilead asaase so.  Akyiri yi, Yair wui ma wosiee no wɔ Kamon.  Na Israelfo no san yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so bio,+ na wofii ase som Baal ahoni,+ ne Astoret ahoni, ne Aram* anyame, ne Sidon anyame, ne Moab anyame,+ ne Ammonfo anyame,+ ne Filistifo anyame.+ Wogyaw Yehowa hɔ, na wɔansom no.  Na Yehowa bo fuw Israel denneennen, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Filistifo ne Ammonfo nsa.+  Enti womiaa Israelfo no, na wɔteetee wɔn saa afe no. Mfe 18 na wɔde teetee Israelfo a wɔwɔ Yordan agya, asaase a na ɛyɛ Amorifo asaase wɔ Gilead no.  Saa bere no, na Ammonfo twa Yordan asu no ne Yuda ne Benyamin ne Efraim mmusuakuw kɔko, na Israelfo huu amane paa. 10  Afei Israelfo su frɛɛ Yehowa,+ na wɔkae sɛ: “Yɛayɛ wo bɔne, efisɛ yɛagyaw wo a woyɛ yɛn Nyankopɔn no hɔ akɔsom Baal ahoni.”+ 11  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Mannye mo amfi Egyptfo,+ ne Amorifo,+ ne Ammonfo, ne Filistifo,+ 12  ne Sidonfo, ne Amalek, ne Midian nsam bere a wɔteetee mo no anaa? Bere a musu frɛɛ me no, migyee mo fii wɔn nsam. 13  Nanso mugyaw me hɔ, na mokɔsom anyame foforo.+ Ɛno nti, merennye mo bio.+ 14  Monkɔ anyame a moapaw wɔn no hɔ, na munkosu mfrɛ wɔn mma wɔmmoa mo.+ Momma wonnye mo wɔ mo amanehunu bere mu.”+ 15  Ɛnna Israelfo no ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Yɛayɛ bɔne. Nea eye wɔ w’ani so biara, fa yɛ yɛn. Nea yɛresrɛ ara ne sɛ, gye yɛn nnɛ da yi.” 16  Na woyiyii ananafo anyame no fii wɔn nkyɛn, na wɔsom Yehowa.+ Ɛno nti, wantumi anhwɛ Israelfo amanehunu no bio.*+ 17  Bere bi akyi no, Ammonfo+ boaa wɔn ho ano, na wɔkyekyee wɔn asoɛe wɔ Gilead. Na Israelfo nso boaa wɔn ho ano, na wɔkyekyee wɔn asoɛe wɔ Mispa. 18  Na Gileadfo ne wɔn abirɛmpɔn bisabisae sɛ: “Hena na obedi yɛn anim ne Ammonfo akɔko?+ Obedi Gileadfo nyinaa so.”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Siria.”
Anaa “Israelfo amanehunu no yɛɛ ne kra ahometew.”