Atemmufo 11:1-40

  • Wɔpam Ɔtemmufo Yefta; akyiri yi, wɔde no yɛɛ wɔn so panyin (1-11)

  • Yefta ne Ammonfo kasae (12-28)

  • Yefta bɔhyɛ ne ne babea (29-40)

    • Yefta babea no dii sigya (38-40)

11  Ná Gileadni Yefta+ yɛ ɔkatakyi. Ná ɔyɛ tuutuuni bea bi ba, na na Yefta papa din de Gilead. 2  Gilead yere nso woo mma mmarima maa no. Bere a ne yere no mma nyinyinii no, wɔpam Yefta, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Worennya agyapade biara wɔ yɛn papa fi, efisɛ woyɛ ɔbea foforo ba.” 3  Enti Yefta guan fii ne nuanom nkyɛn, na ɔkɔtenaa Tob asaase so. Ɛnna akobɔfo bi boaa wɔn ano kɔkaa Yefta ho, na wodii n’akyi. 4  Akyiri yi, Ammonfo ne Israelfo bɛkoe.+ 5  Bere a Ammonfo ne Israelfo bɛkoe no, Gilead mpanyimfo yɛɛ ntɛm kɔe sɛ wɔrekɔfa Yefta afi Tob asaase so asan aba. 6  Na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: “Bra bɛyɛ yɛn sahene, sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ne Ammonfo no ako.” 7  Ɛnna Yefta bisaa Gilead mpanyimfo no sɛ: “Ɛnyɛ mo na motan me denneennen a enti mopam me fii me papa fi no?+ Afei a mo ho akyere mo no, moaba me nkyɛn sɛ menyɛ mo dɛn?” 8  Na Gilead mpanyimfo no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: “Ɛno nti na seesei yɛasan aba wo nkyɛn yi. Enti sɛ wo ne yɛn kɔ na yɛne Ammonfo kɔko a, wobɛyɛ yɛn so panyin, na wubedi Gileadfo nyinaa so.”+ 9  Ɛnna Yefta ka kyerɛɛ Gilead mpanyimfo no sɛ: “Sɛ mode me san kɔ ma me ne Ammonfo kɔko, na Yehowa di wɔn so nkonim ma me a, ɛnde mɛyɛ mo so panyin!” 10  Na Gilead mpanyimfo no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: “Sɛ yɛanyɛ nea woaka yi a, Yehowa nyɛ yɛne wo ntam dansefo.”* 11  Enti Yefta ne Gilead mpanyimfo no kɔe, na ɔman no de no yɛɛ wɔn so panyin ne wɔn sahene. Na Yefta kaa ne nsɛm no nyinaa bio wɔ Yehowa anim wɔ Mispa.+ 12  Ɛnna Yefta somaa nkurɔfo kɔɔ Ammon+ hene nkyɛn kobisaa no sɛ: “Ɛdɛn na mayɛ wo* a enti woaba m’asaase so sɛ wo ne me rebɛko yi?” 13  Na Ammonfo hene no ka kyerɛɛ wɔn a Yefta somaa wɔn no sɛ: “Nea ɛwom ne sɛ, bere a Israelfo fi Egypt reba* no, wɔfaa m’asaase,+ efi Arnon+ kɔ Yabok kosi Yordan ho.+ Enti sɛ wompɛ wo ho asɛm a, san fa m’ade ma me bɔkɔɔ.” 14  Nanso Yefta san somaa nkurɔfo kɔɔ Ammonfo hene no nkyɛn 15  kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yefta se yɛnka nkyerɛ wo sɛ: ‘Israel amfa Moabfo asaase+ ne Ammonfo asaase biara.+ 16  Bere a Israelfo fi Egypt reba no, wɔnantew faa sare so beduu Ɛpo Kɔkɔɔ no ho,+ na wofi hɔ baa Kades.+ 17  Na Israel somaa nkurɔfo kɔɔ Edom hene nkyɛn+ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, ma yɛmfa w’asaase so,” nanso Edom hene ampene. Wɔsoma kɔɔ Moab hene nso nkyɛn,+ na ɔno nso ampene. Enti Israelfo kɔɔ so tenaa Kades.+ 18  Bere a wɔnam sare so no, wotwa faa Edom asaase ne Moab asaase ho.+ Wɔfaa Moab asaase no apuei fam,+ na wɔkɔsoɛɛ Arnon mpɔtam. Wɔantra amma Moab asaase so,+ efisɛ na Arnon da Moab hye so. 19  “‘Akyiri yi, Israel somaa nkurɔfo kɔɔ Amorifo hene Sihon, Hesbon hene no nkyɛn, na Israel ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, ma yɛmfa w’asaase so nkɔ baabi a yɛrekɔ.”+ 20  Nanso na Sihon nnye Israelfo no nni sɛ wɔpɛ sɛ wɔfa n’asaase so kɛkɛ, enti Sihon boaboaa ne nkurɔfo nyinaa ano, na wɔkɔsoɛe wɔ Yahas, na wɔne Israelfo koe.+ 21  Ɛnna Israel Nyankopɔn Yehowa de Sihon ne ne nkurɔfo nyinaa hyɛɛ Israelfo nsa, na wodii wɔn so nkonim, na Israelfo faa nsaase a Amorifo tete so wɔ saa mantam no mu nyinaa.+ 22  Enti wɔfaa Amorifo nsaase nyinaa, efi Arnon kosi Yabok, efi sare so kosi Yordan ano.+ 23  “‘Israel Nyankopɔn Yehowa na otuu Amorifo fii ne man Israel anim,+ ɛnna seesei wopɛ sɛ wopam Israel fi so yi? 24  Asaase a wo nyame Kemos+ bɛma woagye no, ɛnyɛ ɛno ara na wobɛfa? Enti yɛn nso, obiara a Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛpam no afi yɛn anim no, ɔno na yɛbɛfa n’asaase.+ 25  Adɛn, ɛyɛ wo sɛ wokyɛn Sipor ba Balak,+ Moab hene no anaa? Woate sɛ ɔne Israel reham anaasɛ ɔne wɔn reko pɛn? 26  Bere a Israel tenaa Hesbon ne ɛho nkurow+ ne Aroer ne ɛho nkurow ne nkurow a egu Arnon nsu ano nyinaa mu mfe 300 no, adɛn nti na saa bere no woanka sɛ wubegye afi wɔn nsam?+ 27  Menyɛɛ wo bɔne; wo na woayɛ me bɔne sɛ wode ntɔkwaw atoa me. Ma Ɔtemmufo+ Yehowa mmu Israelfo ne Ammonfo ntam atɛn nnɛ.’” 28  Nanso Ammonfo hene no antie asɛm a Yefta soma ma wɔkɔka kyerɛɛ no no. 29  Ɛnna Yehowa honhom baa Yefta so,+ na ɔkɔfaa Gilead ne Manase kɔɔ Gilead a ɛwɔ Mispe,+ na ofi Gilead a ɛwɔ Mispe toaa so kɔɔ Ammonfo no so. 30  Na Yefta hyɛɛ Yehowa bɔ+ sɛ: “Sɛ wode Ammonfo hyɛ me nsa, 31  na midi Ammonfo so nkonim na mesan ba asomdwoe mu a, obiara a obepue afi me fi pon ano abehyia me no, mede no bɛma Yehowa,+ na mede no bɛbɔ ɔhyew afɔre ama no.”+ 32  Enti Yefta ne Ammonfo no kɔkoe, na Yehowa de wɔn hyɛɛ ne nsa. 33  Na okunkum Ammonfo bebree paa fii Aroer ara koduu Minit, nkurow 20; okunkum wɔn ara koduu Abel-Keramim. Enti Israelfo dii Ammonfo so nkonim. 34  Ɛnna Yefta baa ne fi wɔ Mispa.+ Na hwɛ! ne babea de mpintin ne asaw behyiaa no! Ná ɔno nko ara ne ne ba. Ná onni ɔbabarima anaa ɔbabea biara ka ne ho. 35  Bere a ohuu no no, osuan n’ataade mu, na ɔkae sɛ: “Ao, me babea! Woama me koma abubu,* efisɛ wo na matwa wo asu. Nanso manya abue m’ano ahyɛ Yehowa bɔ, enti merentumi ntwe nsan.”+ 36  Ɛnna ne babea no ka kyerɛɛ no sɛ: “Paapa, sɛ woabue w’ano ahyɛ Yehowa bɔ a, ɛnde sɛnea woahyɛ bɔ no, yɛ me saa ara,+ efisɛ Yehowa atua w’atamfo Ammonfo so ka ama wo.” 37  Na ɔsan ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Ade baako pɛ na meresrɛ wo: Ma mentew me ho mfi wo ho abosome abien, na menkɔ bepɔw so na me ne me nnamfo mmea nkosu me baabunyɛ ho.”* 38  Ɛnna ne papa kae sɛ: “Kɔ!” Enti ogyaa no kwan ma ɔkɔe abosome abien. Na ɔne ne nnamfo no kɔɔ bepɔw so kosui wɔ ne baabunyɛ ho. 39  Bere a abosome abien no soe no, ɔsan baa ne papa nkyɛn, na ne papa yɛɛ no sɛnea wahyɛ bɔ no.+ Na ababaa no ne ɔbarima biara anna da. Na ɛbɛyɛɛ amanne wɔ Israel. Ɛne sɛ: 40  Afe biara, na Israel mmabaa de nnanan kɔkamfo Gileadni Yefta babea no.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “nea ɔretie.”
Nt., “Ɛdɛn na me ne wo wɔ yɛ?”
Anaa “foro fii Egypt a wɔreba.”
Nt., “Woabrɛ me ase paa.”
Anaa “na me ne me nnamfonom nkosu, efisɛ merenware da.”