Atemmufo 12:1-15

  • Yefta ne Efraimfo koe (1-7)

    • Shibolet ne Sibolet (6)

  • Ɔtemmufo Ibsan; Ɔtemmufo Elon; Ɔtemmufo Abdon (8-15)

12  Na Efraim mmarima boaa wɔn ho ano, na wotwa kɔɔ Safon* kɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: “Bere a woretwa akɔ ne Ammonfo akɔko no, adɛn nti na woamfrɛ yɛn amma yɛne wo ankɔ?+ Yebetwa ogya ato wo fi mu ahyew wo ne ofi no nyinaa.” 2  Na Yefta ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ntɔkwaw kɛse bi sɔree wɔ me ne me nkurɔfo ne Ammonfo ntam. Mefrɛɛ mo sɛ mommɛboa me, nanso moammegye me amfi wɔn nsam. 3  Bere a mihui sɛ moremma mmegye me no, meyɛɛ m’adwene sɛ mede me nkwa* bɛto me nsam na me ne Ammonfo no akɔko.+ Na Yehowa nso de wɔn hyɛɛ me nsa. Enti adɛn na nnɛ moaba sɛ mo ne me rebɛko yi?” 4  Ɛnna Yefta boaboaa Gilead mmarima+ nyinaa ano, na wɔne Efraimfo kɔkoe. Na Gilead mmarima dii Efraimfo so nkonim. Saa Efraimfo no na wɔkae sɛ: “Mo Gileadfo a mowɔ Efraim ne Manase no, moyɛ Efraim akobɔfo.” 5  Na Gileadfo dii kan kosiw baabi a wɔfa twa Yordan asu no+ ansa na Efraimfo no redu hɔ. Sɛ Efraimfo a wɔreguan no bi kodu hɔ na ɔka sɛ: “Momma mintwa nkɔ” a, na Gileadfo no abisa no sɛ: “Woyɛ Efraimni?” Sɛ ɔka sɛ: “Daabi!” a, 6  na wɔaka akyerɛ no sɛ: “Ka sɛ Shibolet.” Nanso ɛyɛ a ontumi nka no yiye, enti ɔka sɛ “Sibolet.” Ɛba saa a, na wɔakyere no akum no wɔ baabi a wɔfa twa Yordan asu no. Enti saa bere no, Efraimfo 42,000 na wowuwui. 7  Gileadni Yefta buu Israel atɛn mfe asia, na ɛno akyi no owui, na wosiee no wɔ ne kurom wɔ Gilead. 8  N’akyi no, Ibsan a ofi Betlehem bebuu Israel atɛn.+ 9  Ná ɔwɔ mma mmarima 30 ne mma mmea 30. Ɔmaa ne mma mmea no waree mmarima a womfi n’abusua mu, na ɔkɔpɛɛ mmea 30 brɛɛ ne mma mmarima no sɛ wɔnware wɔn. Na obuu Israel atɛn mfe ason. 10  Afei Ibsan wui, na wosiee no wɔ Betlehem. 11  N’akyi no, Sebulonni Elon bebuu Israel atɛn. Na obuu Israel atɛn mfe du. 12  Afei Sebulonni Elon wui, na wosiee no wɔ Ayalon wɔ Sebulon asaase so. 13  N’akyi no, Piratonni Hilel ba Abdon bebuu Israel atɛn. 14  Ná ɔwɔ mma mmarima 40 ne mmanana mmarima 30 a wɔtenatenaa mfurum 70 so. Na obuu Israel atɛn mfe awotwe. 15  Afei Piratonni Hilel ba Abdon wui, na wosiee no wɔ Piraton a ɛwɔ Efraimfo asaase so wɔ Amalekfo+ bepɔw so.

Ase Hɔ Nsɛm

Ebetumi nso akyerɛ, “wotwa kɔɔ atifi fam.”
Anaa “kra.”