Atemmufo 15:1-20

  • Samson tuaa Filistifo no so ka (1-20)

15  Bere bi akyi, bere a na wɔretwa hwiit no, Samson faa apɔnkye ba bi, na ɔkɔsraa ne yere. Na ɔkae sɛ: “Mepɛ sɛ mekɔ me yere nkyɛn wɔ pia mu.” Nanso ɔbea no papa amma wankɔ. 2  Na ɔbea no papa kae sɛ: “Mehwɛ a, ‘Wotan no.’+ Enti mede no ama wo nnamfo no baako, ayeforokunu nnamfo no.+ Wunhu sɛ wo yere nuabea kumaa no ho yɛ fɛ sen no anaa? Enti mepa wo kyɛw, fa ɔno mmom.” 3  Ɛnna Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Eyi nko ara de, sɛ meyɛ Filistifo no bɔne a, obiara rentumi nka hwee nkyerɛ me.” 4  Enti Samson kɔe, na ɔkɔkyeree sakraman 300. Afei ɔfaa agyatɛn,* na sɛ ɔfa sakraman abien biara a, na wakyekyere wɔn dua abom, na ɔde gyatɛn baako ahyɛ mu. 5  Afei ɔsosɔɔ agyatɛn* no ano gya na ɔpam sakraman no kɔɔ Filistifo no hwiit* afuw mu. Ɔhyew biribiara, hwiit* a wɔatwa aboa ano ne nea wontwae, bobe mfuw ne ngodua mfuw nyinaa. 6  Ɛnna Filistifo no bisae sɛ: “Hena na odii saa dwuma yi?” Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ Samson, Timnani no ase no, efisɛ wagye ne yere afi ne nsam de no ama n’adamfo.”+ Bere a Filistifo no tee saa no, wosiim kɔe, na wɔde ogya kɔhyew ɔbea no ne ne papa.+ 7  Ɛnna Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea moayɛ yi, gye sɛ mitua mo so ka ansa na me ho atɔ me.”+ 8  Na ɔbobɔɔ wɔn kunkum wɔn mmaako mmaako;* okum nnipa bebree. Afei ɔkɔtenaa ɔbotan bi tokuru mu wɔ Etam. 9  Akyiri yi, Filistifo no bae, na wɔbɛkyekyee asoɛe wɔ Yuda, na wɔtew wɔn ho guu Lehi+ kurow no mu. 10  Na Yudafo no bisae sɛ: “Adɛn nti na moaba yɛn so yi?” Ɛnna wɔkae sɛ: “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyere* Samson, na yɛayɛ no nea ɔyɛɛ yɛn no bi.” 11  Enti Yudafo mmarima 3,000 kɔɔ Etam botan tokuru no mu, na wokobisaa Samson sɛ: “Adɛn, wunnim sɛ Filistifo na wodi yɛn so?+ Enti adɛn nti na woayɛ yɛn saa?” Ɛnna ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea wɔde yɛɛ me no, ɛno ara bi na mede ayɛ wɔn.” 12  Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyere* wo na yɛde wo akɔma Filistifo no.” Ɛnna Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monka me ntam sɛ mo ara de, morenyɛ me hwee.” 13  Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Daabi, yɛrebɛkyekyere wo kɛkɛ na yɛde wo akɔma wɔn; yɛrenkum wo.” Enti wɔde nhama akɛse abien a ɛyɛ foforo kyekyeree no, na wɔde no fii ɔbotan no mu puei. 14  Na bere a oduu Lehi no, Filistifo no de nteɛteɛm ne ahurusi hyiaa no. Na Yehowa honhom maa no ahoɔden,+ na nhama akɛse a wɔde akyekyere ne nsa* no yɛe sɛ asaawa a wɔde ogya aka, na nhama no tetew* fii ne nsa ho.+ 15  Afei ohuu afurum bi a owui nkyɛe apantan, na ɔtwee ne nsam fae, na ɔde kunkum mmarima 1,000.+ 16  Ɛnna Samson kae sɛ: “Afurum apantan, mede akunkum wɔn asum hɔ, kuw baako, akuw abien! Mede afurum apantan akunkum mmarima 1,000.”+ 17  Bere a ɔkasa wiei no, ɔtow apantan no kyenee, na ɔtoo hɔ din Ramat-Lehi.*+ 18  Afei osukɔm dee no paa, na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ: “Wo na wonam w’akoa so ama ogye kɛse yi aba. Seesei worebɛma osukɔm akum me ama nnipa a wontwaa twetia* yi akyere me anaa?” 19  Enti Onyankopɔn maa tokuru bi a ɛwɔ Lehi mu baee, na nsu fii mu bae.+ Bere a ɔnom nsu no wiei no, ɔsan nyaa ahoɔden,* na ne ho san sisii ne ho so. Ɛno nti, ɔtoo hɔ din En-Hakore,* na ɛwɔ Lehi de besi nnɛ. 20  Na obuu Israelfo atɛn mfe 20 wɔ Filistifo bere so.+

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛyɛ popã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.
Ɛyɛ popã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Nt., “ɔbobɔɔ wɔn nan ne wɔn srɛ.”
Anaa “yɛrebɛkyekyere.”
Anaa “yɛrebɛkyekyere.”
Anaa “n’abasa.”
Anaa “nan.”
Ɛkyerɛ, “Apantan Bepɔw.”
Anaa “dua.”
Anaa “ne honhom san bae.”
Ɛkyerɛ, “Ɔfrɛfo Asuti.”