Atemmufo 17:1-13

  • Mika ahoni ne ne sɔfo (1-13)

17  Ɔbarima bi tenaa Efraim mmepɔw mu+ a ne din de Mika. 2  Ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Nnwetɛbona 1,100 a obi fae a wobɔɔ dua ma metee no, hwɛ! dwetɛ no wɔ me hɔ. Me na mefae.” Ɛnna ne maame kae sɛ: “Yehowa nhyira me ba yi.” 3  Enti ɔsan de nnwetɛbona 1,100 no maa ne maame, nanso ne maame kae sɛ: “Nea ɛte biara, mehyira dwetɛ a ɛwɔ me nsam no so ama Yehowa, na me ba yi de ayɛ ohoni a wɔasen ne dade honi.*+ Enti meresan de ama wo.” 4  Bere a ɔsan de dwetɛ no maa ne maame no, ne maame yii mu nnwetɛbona 200, na ɔde maa obi a ɔyɛ dwetɛ ho adwuma.* Ɔde yɛɛ ohoni a wɔasen ne dade honi,* na wɔde sisii Mika fi. 5  Saa Mika yi, na ɔwɔ abosomfi bi wɔ hɔ, na ɔyɛɛ efɔd*+ ne terafim ahoni,*+ na ɔmaa ne ba baako yɛɛ ɔsɔfo* maa no.+ 6  Saa bere no, na ɔhene biara nni Israel.+ Ná obiara yɛ nea eye wɔ ɔno ara ani so.*+ 7  Ná aberante bi te Betlehem+ wɔ Yuda a ofi Yuda abusua mu. Ná ɔyɛ Lewini,+ na na watena hɔ akyɛ kakra. 8  Aberante no fii Betlehem kurow a ɛwɔ Yuda no mu sɛ ɔrekɔhwehwɛ baabi atena. Bere a ɔrekɔ no, okopuee Mika fi wɔ Efraim mmepɔw mu.+ 9  Ɛnna Mika bisaa no sɛ: “Wufi he?” Na ɔkae sɛ: “Meyɛ Lewini a mifi Betlehem wɔ Yuda, na merekɔpɛ baabi atena.” 10  Enti Mika ka kyerɛɛ no sɛ: “Tena me nkyɛn, na memfa wo nyɛ me papa* ne me sɔfo. Afe biara, mɛma wo nnwetɛbona du, na mɛma wo asɔfotaade ne aduan a wubedi.” Ɛno nti, Lewini no wuraa ofie hɔ. 11  Na Lewini no penee so ne Mika tenae, na ɔfaa Lewini no sɛ ne mma no mu baako. 12  Afei nso, Mika de Lewini no yɛɛ ne sɔfo,*+ na ɔtenaa Mika fi. 13  Ɛnna Mika kae sɛ: “Afei na mahu sɛ Yehowa ne me bedi no yiye, efisɛ manya Lewini no de no ayɛ me sɔfo.”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ohoni a wɔagu.”
Anaa “dwetɛ dwumfo.”
Anaa “ohoni a wɔagu.”
Anaa “abusua abosom; ahoni.”
Nt., “ɔde tumi hyɛɛ ne ba baako nsa sɛ ɔsɔfo.”
Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “nea n’adwene kyerɛ no sɛ eye.”
Anaa “me fotufo.”
Nt., “de tumi hyɛɛ Lewini no nsa sɛ ɔsɔfo.”