Atemmufo 18:1-31

  • Danfo kɔhwehwɛɛ asaase (1-31)

    • Wɔfaa Mika ahoni ne ne sɔfo no kɔe (14-20)

    • Wɔko faa Lais, na wɔtoo hɔ din Dan (27-29)

    • Danfo som bosom (30, 31)

18  Saa bere no, na ɔhene biara nni Israel.+ Na saa nna no mu no, na Dan abusuakuw+ no rehwehwɛ baabi atena,* efisɛ ɛde besi saa bere no, na wonnyaa agyapade biara wɔ Israel mmusua no mu.+ 2  Enti Danfo no somaa wɔn abusua no mu mmarima akokodurufo baanum fii Sora ne Estaol+ sɛ wonkokyinkyin asaase no so nhwɛ sɛnea ɛte. Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ, munkokyinkyin asaase no so.” Bere a wokoduu Mika fi wɔ Efraim mmepɔw mu no,+ wɔdaa hɔ maa ade kyee. 3  Bere a wɔbɛn Mika fi no, wɔtee Lewini aberante no nne,* enti wɔkɔɔ ne nkyɛn kobisaa no sɛ: “Hena na ɔde wo baa ha? Woreyɛ dɛn wɔ ha? Ɛdɛn na agye wo aka ha?” 4  Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛɛ ne sɛɛ na Mika yɛ maa me, na wabɔ me paa sɛ menyɛ ne sɔfo.”+ 5  Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, bisa Onyankopɔn ma yɛn na yenhu sɛ ɔkwan a yɛrekɔ no besi yɛn yiye anaa.” 6  Na ɔsɔfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa asomdwoe nkɔ. Yehowa ka mo ho wɔ mo akwantu no mu.” 7  Enti mmarima baanum no siim kɔe, na wokoduu Lais.+ Wohui sɛ nkurɔfo no nhia biribiara mfi obiara hɔ te sɛ Sidonfo no. Ná wɔte hɔ dwoodwoo a wonnwen sɛ bɔne bi bɛto wɔn,+ na na otirimɔdenfo biara mmaa asaase no so mmɛteetee wɔn. Ná wɔne Sidonfo ntam ware, na na wɔne obiara nni nkitaho. 8  Bere a wɔsan baa wɔn nuanom nkyɛn wɔ Sora ne Estaol+ no, wɔn nuanom no bisaa wɔn sɛ: “Ɛkɔɔ dɛn?” 9  Ɛnna wɔkae sɛ: “Momma yɛnsɔre nkɔtow nhyɛ wɔn so, efisɛ yɛakohu sɛ asaase no ye. Mote hɔ retwɛn dɛn? Monnsɛe bere; monkɔfa asaase no. 10  Sɛ mudu hɔ a, mubehu sɛ nkurɔfo no te hɔ a wonnwen sɛ bɔne bi bɛto wɔn,+ na asaase no so paa. Onyankopɔn de ahyɛ mo nsa, na biribiara a mopɛ wɔ asaase so biara, mubenya bi wɔ hɔ.”+ 11  Afei Dan abusuakuw no mu mmarima 600 a wɔde akode ahyehyɛ wɔn ho siim fii Sora ne Estaol kɔe.+ 12  Wɔforo kɔɔ Kiriat-Yearim+ wɔ Yuda, na wɔkɔkyekyee asoɛe wɔ hɔ. Enti wɔtoo hɔ din Mahane-Dan,*+ na saa na wɔfrɛ hɔ de besi nnɛ. Ɛwɔ Kiriat-Yearim atɔe fam. 13  Wofi hɔ kɔɔ Efraim mmepɔw mu, na wokoduu Mika fi.+ 14  Ɛnna mmarima baanum a wɔkɔhwɛɛ Lais asaase no+ ka kyerɛɛ wɔn nuanom no sɛ: “Munim sɛ efɔd* ne terafim ahoni* ne ohoni a wɔasen ne dade honi*+ wɔ saa afi yi mu? Mo ara monhwɛ nea mobɛyɛ.” 15  Enti wogyinae wɔ hɔ, na wɔkɔɔ Lewini aberante no+ fi wɔ Mika fi hɔ, na wobisaa no sɛnea ne ho te. 16  Saa bere no nyinaa, na Danfo mmarima 600+ a wɔde akode ahyehyɛ wɔn ho no gyinagyina ɔpon no ano. 17  Na mmarima baanum a wɔkɔhwɛɛ asaase no+ wuraa ofie hɔ sɛ wɔrekɔfa ohoni a wɔasen ne efɔd+ ne terafim ahoni*+ ne dade honi*+ no. (Saa bere no, na ɔsɔfo no+ ne mmarima 600 a wɔde akode ahyehyɛ wɔn ho no gyinagyina ɔpon no ano.) 18  Na wɔkɔɔ Mika fi hɔ kɔfaa ohoni a wɔasen ne efɔd ne terafim ahoni* ne dade honi* no. Ɛnna ɔsɔfo no bisaa wɔn sɛ: “Ɛdɛn na moreyɛ yi?” 19  Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ komm. Fa wo nsa to w’ano, na wo ne yɛn nkɔ, na yɛmfa wo nyɛ yɛn papa* ne yɛn sɔfo. Wohwɛ a, sɛ́ wobɛyɛ ɔsɔfo ama onipa baako fi+ ne sɛ wobɛyɛ ɔsɔfo ama abusuakuw ne abusua bi wɔ Israel, nea ɛwɔ he na eye?”+ 20  Enti ɔsɔfo no penee so, na ɔfaa efɔd ne terafim ahoni* ne ohoni a wɔasen no,+ na ɔne nnipa no kɔe. 21  Afei wosii kwan so toaa wɔn akwantu no so, na wɔmaa mmofra, wɔn nyɛmmoa, ne wɔn agyapade dii wɔn anim. 22  Bere a wofi Mika fi kɔɔ akyiri kakra no, mmarima a wɔtete afi a ɛbɛn Mika fi no behyiae, na wɔtaa Danfo no kɔtoo wɔn. 23  Bere a wɔteɛɛm frɛɛ Danfo no, wotwaa wɔn ani hwɛɛ wɔn, na wobisaa Mika sɛ: “Ɛyɛ dɛn asɛm? Ɛdɔm bebrebe yi nso ɛ?” 24  Ɛnna ɔkae sɛ: “Moafa m’anyame a mayɛ, na ɔsɔfo no nso mode no kɔ. Moafa me biribiara. Enti adɛn nti na moresan abisa me sɛ, ‘Ɛyɛ dɛn asɛm?’” 25  Ɛnna Danfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nteɛteɛm ngu yɛn so. Anyɛ saa a, mmarima a wɔn bo afuw* no bɛtow ahyɛ mo so, na wobekum wo* na wɔakum wo fifo nso.”* 26  Enti Danfo no toaa so kɔɔ wɔn kwan. Bere a Mika hui sɛ wɔn ho yɛ den sen no no, ɔsan n’akyi kɔɔ ne fi. 27  Bere a wɔfaa nneɛma a Mika ayɛ, ne ne sɔfo no, wɔkɔɔ Lais,+ baabi a na nkurɔfo no te hɔ dwoodwoo a wonnwen sɛ bɔne bi bɛto wɔn no.+ Wɔde sekan kunkum wɔn, na wɔde ogya hyew kurow no. 28  Obiara nni hɔ a na obegye wɔn, efisɛ na kurow no ne Sidon ntam ware, na na wɔne obiara nni nkitaho. Afei nso, na kurow no da Bet-Rehob+ asaasetraa no so.* Na Danfo no san kyekyee kurow no tenaa mu. 29  Afei wɔde kurow no too wɔn papa Dan+ a Israel woo no no, enti wɔfrɛɛ hɔ Dan.+ Nanso kan no de, na wɔfrɛ kurow no Lais.+ 30  Ɛno akyi no, Danfo no de ohoni a wɔasen+ no sii hɔ fae. Na Yonatan+ a ɔyɛ Mose ba Gersom+ ba no ne ne mma bɛyɛɛ Dan abusuakuw no asɔfo kosii da a wotuu nnipa a wɔtete asaase no so kɔe. 31  Enti wɔde Mika honi a wɔasen no sii hɔ, na bere a nokware Nyankopɔn no fi da so wɔ Silo+ no nyinaa, na ɛwɔ wɔn nkyɛn.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “agyapade atena so.”
Anaa “sɛnea Lewini aberante no kasa.”
Ɛkyerɛ, “Dan Asoɛe.”
Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “abusua abosom; ahoni.”
Anaa “ohoni a wɔagu.”
Anaa “ohoni a wɔagu.”
Anaa “abusua abosom; ahoni.”
Anaa “abusua abosom; ahoni.”
Anaa “ohoni a wɔagu.”
Anaa “yɛn fotufo.”
Anaa “abusua abosom; ahoni.”
Anaa “wo fifo nso bɛhwere wɔn kra.”
Anaa “wobɛhwere wo kra.”
Anaa “mmarima a wɔn kra bo afuw.”
Anaa “obon no mu.”