Atemmufo 19:1-30

  • Benyaminfo too ɔbea bi mmonnaa wɔ Gibea (1-30)

19  Saa nna no mu, bere a na ɔhene biara nni Israel+ no, Lewini bi a na ɔte Efraim+ mmepɔw mu akyirikyiri baabi kɔwaree ɔbea* bi fii Betlehem+ wɔ Yuda. 2  Nanso ne yere* no kɔbɔɔ aguaman, na ogyaw ne kunu no hɔ kɔtenaa ne papa fi wɔ Betlehem a ɛwɔ Yuda. Odii abosome anan wɔ hɔ. 3  Ɛnna ne kunu no toaa no wɔ hɔ sɛ ɔne no rekɔka no bɔkɔɔ na wasan de no aba. Ɔrekɔ no, ɔde ne somfo* ne mfurum abien kaa ne ho. Na ɔbea no de no kɔɔ ne papa fi. Bere a ɔbea no papa huu aberante no, ɛyɛɛ no dɛ sɛ wahu no. 4  Enti ababaa no papa, n’ase no, ne no kae ma ɔtenaa hɔ nnansa. Nnansa no nyinaa, wodidi nomee, na ɔdaa hɔ. 5  Ɛda a ɛto so anan no, bere a wɔsɔree anɔpatutuutu sɛ wɔrekɔ no, ababaa no papa ka kyerɛɛ n’ase no sɛ: “Di biribi kakra na nya ahoɔden,* wuwie a na mokɔ.” 6  Enti wɔtenaa ase, na wɔn baanu didi nomee. Bere a wowiei no, ababaa no papa ka kyerɛɛ aberante no sɛ: “Mepa wo kyɛw, da ma ade nkye, na gye w’ani.”* 7  Bere a aberante no sɔree sɛ ɔrekɔ no, n’ase no paa no kyɛw ara sɛ ɔnsan, enti ɔsan da maa ade kyee. 8  Da a ɛto so anum a ɔsɔree anɔpatutuutu sɛ ɔrekɔ no, ababaa no papa kae sɛ: “Mepa wo kyɛw, di biribi kakra na nya ahoɔden.”* Enti wɔtenatenaa hɔ ara ma onwini dwoe, na wɔn baanu toaa so didii. 9  Bere a aberante no sɔree sɛ ɔne ne yere* ne ne somfo no rekɔ no, ababaa no papa, n’ase no, ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Ade reyɛ asa. Mepa wo kyɛw, monna mma ade nkye. Owia na ɛrekɔtɔ yi. Enti da ma ade nkye, na gye w’ani. Ɔkyena na moasɔre anɔpatutuutu atu mo kwan no, na wokɔ wo fi.”* 10  Nanso na aberante no mpɛ sɛ ɔsan da hɔ ma ade akye, enti ɔsɔre siim koduu Yebus anaa Yerusalem.+ Bere a ɔrekɔ no, na ne mfurum abien a wahyehyɛ wɔn no, ne ne yere* no, ne ne somfo no ka ne ho. 11  Bere a wɔbɛn Yebus no, na ade asa ara ne sa. Enti ɔsomfo no bisaa ne wura sɛ: “Yɛnkɔ Yebusifo kurow yi mu nkɔda hɔ anadwo yi anaa?” 12  Ɛnna ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnsɛ sɛ yɛkɔ ananafo a wɔnyɛ Israelfo kurom. Ma yentwam nkɔ Gibea.”+ 13  Na ɔka kyerɛɛ ne somfo no sɛ: “Ma yɛmmɔ mmɔden nkodu nkurow yi baako mu. Yɛbɛda Gibea anaa Rama.”+ 14  Enti wɔtoaa so kɔe, na bere a wɔbɛn Benyaminfo kurow Gibea no, na owia rekɔtɔ. 15  Enti wɔman kowuraa Gibea sɛ wɔrekɔda hɔ ama ade akye. Bere a wowuraa kurow no mu no, wɔkɔtenaa kurow no abɔnten, nanso obiara ammɛfa wɔn ankɔ ne fi sɛ wɔnkɔda mma ade nkye.+ 16  Akyiri yi, akwakoraa bi a ofi afuw mu reba bepuee hɔ saa anwummere no. Ná ofi Efraim mmepɔw mu,+ na na wabɛsoɛ Gibea kakra. Kurom hɔfo de, na wɔyɛ Benyaminfo.+ 17  Bere a akwakoraa no too n’ani a ohui sɛ aberante kwantuni no te kurow no abɔnten so no, obisaa aberante no sɛ: “Wufi he, na worekɔ he?” 18  Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yefi Betlehem a ɛwɔ Yuda, na yɛrekɔ Efraim mmepɔw mu tɔnn. Ɛhɔ na mifi. Mekɔɔ Betlehem a ɛwɔ Yuda,+ na merebɛsen akɔ Yehowa fi,* nanso minnya obiara mfa me nkɔ ne fi. 19  Yɛwɔ sare ne mmoa aduan a yɛde bɛma yɛn mfurum no,+ na me ne ɔbea no ne yɛn somfo no nso wɔ yɛn paanoo+ ne yɛn nsã.* Yɛwɔ biribiara.” 20  Ɛnna akwakoraa no kae sɛ: “Asomdwoe nka wo! Nea wuhia biara, mɛyɛ ama wo. Na mmom abɔnten ha de, monnna ha.” 21  Enti ɔde no kɔɔ ne fi, na ɔmaa mfurum no aduan.* Afei wɔhohoroo wɔn nan ase, na wodidi nomee. 22  Bere a wogu so regye wɔn ani no, kurom hɔ mmarima akwasampafo bi betwaa ofi no ho hyiae. Wɔpempem pon no, na wɔkaa no mpɛn pii kyerɛɛ ofiwura akwakoraa no sɛ: “Yi ɔbarima a waba wo fi ha no bra na yɛne no nna.”+ 23  Ɛnna ofiwura no pue kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Daabi, me nuanom, munnni awurukasɛm saa.* Mepa mo kyɛw, ɔbarima yi abɛsoɛ me. Monnyɛ aniwude a ɛte saa. 24  Me babea a ɔyɛ ɔbaabun ni, na ɔbarima yi nso yere* ni. Momma memfa wɔn mmrɛ mo, na sɛ basabasa ara na mopɛ sɛ moyɛ wɔn a, mo de monyɛ.*+ Na ɔbarima yi de, mommfa aniwude a ɛte saa nnyɛ no.” 25  Nanso mmarima no antie no. Enti ɔbarima no soo ne yere* no mu de no kɔmaa wɔn wɔ abɔnten hɔ.+ Wɔtoo no mmonnaa, na wɔyɛɛ no basabasa anadwo no nyinaa maa ade kyee. Na bere a anim retetew no, wogyaa no ma ɔkɔe. 26  Na ade reyɛ akye no, ɔbea no bae, na ɔbɛhwee akwakoraa no fi kwan ano, baabi a ne wura wɔ no, na ɔdaa hɔ kosii sɛ anim tetewee. 27  Bere a ne wura sɔree anɔpa a obuebuee ofi no apon sɛ ɔrepue atoa n’akwantu so no, ohui sɛ ɔbea no, ne yere* no, da ofi no abobow ano a ne nsa gu pon no ano. 28  Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre; ma yɛnkɔ.” Nanso wannye so. Ɛnna ɔbarima no faa no too afurum no so, na osiim kɔɔ ne kurom. 29  Bere a oduu fie no, ɔfaa sekan,* na ɔfaa ne yere* no twitwaa ne mu asinasin 12, n’apɔw so n’apɔw so, na ɔde baako kɔɔ Israel asaase biara so. 30  Na obiara a ohui no kae sɛ: “Efi bere a Israelfo fii* Egypt bae yi, biribi a ɛte sɛɛ nsii da, na yenhuu bi saa da. Munnwen ho,* muntu agyina,+ na monkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ.”

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “mpena.”
Nt., “mpena.”
Anaa “n’aberante a ɔsom no.”
Anaa “na fa dwudwo wo koma.”
Anaa “na ma wo koma ani nnye.”
Anaa “na fa dwudwo wo koma.”
Nt., “ntamadan mu.”
Nt., “mpena.”
Nt., “mpena.”
Ebetumi nso akyerɛ, “na mesom wɔ Yehowa fi.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “mmoa aduan a wɔde afrafra.”
Anaa “monnyɛ bɔne kɛse saa.”
Anaa “mommrɛ wɔn ase na monyɛ wɔn nea eye wɔ mo ani so.”
Nt., “mpena.”
Nt., “mpena.”
Nt., “mpena.”
Anaa “sekan a wɔde kum mmoa.”
Nt., “mpena.”
Anaa “foro fii.”
Anaa “Momfa mo koma nsi so.”