Atemmufo 20:1-48

  • Wɔne Benyaminfo koe (1-48)

20  Enti Israelfo nyinaa pue bae, efi Dan+ kosi Beer-Seba ne Gilead asaase so,+ na asafo no nyinaa boaa wɔn ano kaa wɔn ho boom* wɔ Yehowa anim wɔ Mispa.+  Ɛnna Israel man ne mmusuakuw no nyinaa mu atitiriw begyinaa Onyankopɔn man asafo no mu. Wɔyɛ asraafo 400,000 a wɔnam fam a sekan hyehyɛ wɔn ho.+  Na Benyaminfo tee sɛ Israelfo no aforo kɔ Mispa. Ɛnna Israelfo no kae sɛ: “Monka nkyerɛ yɛn; ɛyɛɛ dɛn na awudisɛm a ɛnte sɛɛ sii?”+  Ɛnna Lewini no,+ ɔbarima a wokum ne yere no kae sɛ: “Me ne me yere* kɔɔ Benyaminfo kurow Gibea+ mu sɛ yɛrekɔpɛ baabi ada.  Ɛnna Gibeafo* baa me so, na wobetwaa ofi a mewom no ho hyiae anadwo no. Ná wɔpɛ sɛ wokum me, nanso me yere* mmom na wɔtoo no mmonnaa ma owui.+  Enti mefaa me yere* no funu no, na mitwitwaa mu; ɛnna mede bi kɔɔ Israel asaase nyinaa so,+ efisɛ na wɔayɛ ade a ɛyɛ aniwu na ɛyɛ asefem wɔ Israel.  Enti Israelfo, mo nyinaa monkyerɛ mo adwene+ na monkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ seesei ara.”  Ɛnna ɔman no nyinaa boom sɔree,* na wɔkae sɛ: “Yɛn mu baako mpo renkɔ ne ntamadan mu, na obiara rensan nkɔ ne fi.  Nea yɛde bɛyɛ Gibea ni: Yɛbɛbɔ ntonto na yɛaforo akɔ wɔn so.+ 10  Israel mmusuakuw nyinaa mu, yebeyi mmarima 10 afi mmarima 100 biara mu, mmarima 100 afi mmarima 1,000 biara mu, mmarima 1,000 afi mmarima 10,000 biara mu ama wɔakɔfa aduan abrɛ asraafo no, sɛnea ɛbɛyɛ a asraafo no bɛkɔ akɔtow ahyɛ Benyaminfo kurow Gibea so, efisɛ wɔayɛ aniwude wɔ Israel.” 11  Enti Israel mmarima nyinaa boaa wɔn ano kaa wɔn ho boom* sɛ wɔrekɔtow ahyɛ kurow no so. 12  Afei Israel mmusuakuw no somaa mmarima kɔɔ Benyamin abusuakuw no nyinaa nkyɛn kobisae sɛ: “Awudisɛm bɛn na asi wɔ mo mu saa no? 13  Munyi mmarima akwasampafo a wɔwɔ Gibea+ no mmra mma yenkum wɔn, na yenyi mmusu biara mfi Israel.”+ Nanso Benyaminfo no antie nea na wɔn nuanom Israelfo reka no. 14  Na Benyaminfo no boaboaa wɔn ho ano fii wɔn nkurow mu kɔɔ Gibea sɛ wɔne Israelfo no rekɔko. 15  Saa da no, Benyaminfo boaboaa asraafo 26,000 ano fii wɔn nkurow ahorow mu, asraafo a sekan hyehyɛ wɔn ho. Eyinom akyi no, wɔsan boaboaa Gibeafo mmarima 700 ano. 16  Asraafo no, na emu mmarima 700 a wɔayi wɔn no yɛ abenkumma. Sɛ nwi mpo sɛn hɔ a, wɔn mu biara betumi atow ataabo atew a ɔrentow mfom. 17  Wuyi Benyaminfo fi mu a, Israelfo mmarima a wɔboaboaa wɔn ano no si mmarima 400,000 a sekan hyehyɛ wɔn ho.+ Ná wɔn mu biara yɛ ɔsabarima a waben wɔ ɔko mu. 18  Na Israelfo sɔree, na wɔforo kɔɔ Betel kɔhwehwɛɛ Onyankopɔn akwankyerɛ.+ Na Israelfo no bisae sɛ: “Yɛn mu hena na onni kan mforo ne Benyaminfo nkɔko?” Na Yehowa kae sɛ: “Yuda nni kan nkɔ.” 19  Ɛno akyi no, Israelfo sɔree anɔpa, na wɔkɔkyekyee asoɛe sɛ wɔne Gibea rekɔko. 20  Na Israelfo siim sɛ wɔne Benyaminfo rekɔko. Wɔhyehyɛɛ wɔn ho, na wɔne wɔn kɔkoe wɔ Gibea. 21  Na saa da no, Benyaminfo no fi Gibea bekunkum Israelfo mmarima 22,000. 22  Nanso Israelfo asraafo no nyaa akokoduru, na wɔsan hyehyɛɛ wɔn ho kɔɔ baabi a wɔkoe da a edi kan no. 23  Na Israelfo no foro kɔe, na wokosui wɔ Yehowa anim kosii anwummere, na wobisaa Yehowa sɛ: “Yɛnsan ne yɛn nuanom Benyaminfo nkɔko anaa?”+ Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Momforo nkɔ wɔn so.” 24  Enti da a ɛto so abien no, Israelfo no bɔ pinii Benyaminfo no. 25  Ɛnna Benyaminfo no fii Gibea behyiaa wɔn da a ɛto so abien no. Na saa da no nso, wokunkum Israelfo 18,000.+ Ná wɔn nyinaa yɛ mmarima a sekan hyehyɛ wɔn ho. 26  Ɛnna Israelfo nyinaa foro kɔɔ Betel. Wosui, na wɔtenatenaa Yehowa anim wɔ hɔ,+ na saa da no, wɔyɛɛ akɔnkyen*+ kosii anwummere, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre+ ne asomdwoe afɔre+ wɔ Yehowa anim. 27  Ɛno akyi no, Israelfo no kobisaa Yehowa akwankyerɛ,+ efisɛ saa nna no mu no, na nokware Nyankopɔn no apam adaka no wɔ hɔ. 28  Saa bere no, na Finehas,+ Aaron ba Eleasar ba no na ɔsom wɔ* adaka no anim. Enti wobisaa no sɛ: “Yɛnsan nkɔ ne yɛn nuanom Benyaminfo no nkɔko anaa yennyae?”+ Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Momforo nkɔ, efisɛ ɔkyena mede wɔn bɛhyɛ mo nsa.” 29  Enti Israel maa mmarima kɔtetɛw+ Gibea ho nyinaa hyiae. 30  Da a ɛto so abiɛsa no, Israelfo foro kɔɔ Benyaminfo so, na wɔhyehyɛɛ wɔn ho sɛ wɔne Gibeafo rekɔko sɛnea wɔyɛe kan no.+ 31  Bere a Benyaminfo pue behyiaa Israelfo asraafo no, Israelfo asraafo no ma wodii wɔn akyi kosii sɛ wɔtwee Benyaminfo no fii kurow no ho.+ Na sɛnea Benyaminfo no yɛe kan no, wofii ase tow hyɛɛ Israelfo no so kunkum nnipa no bi wɔ akwantempɔn no so, akwantempɔn a baako foro kɔ Betel na baako nso kɔ Gibea no. Na wokunkum Israel mmarima bɛyɛ 30 wɔ wuram.+ 32  Enti Benyaminfo no kae sɛ: “Wɔredi nkogu wɔ yɛn anim te sɛ kan no.”+ Na Israelfo no de, wɔkae sɛ: “Momma yenguan, na yɛntwe wɔn mfi kurow no ho nkɔ akwantempɔn no so.” 33  Enti Israelfo no nyinaa sɔre fii baabi a wɔwɔ, na wɔhyehyɛɛ wɔn ho wɔ Baal-Tamar, ɛnna Israelfo a wɔakɔtetɛw Gibea mpɔtam no nso pue fii baabi a wɔtetɛw no. 34  Ɛnna mmarima 10,000 a wɔayi wɔn afi Israelfo nyinaa mu no baa Gibea anim, na ɔko no mu yɛɛ den. Nanso na Benyaminfo no nnim sɛ asɛm rebɛto wɔn. 35  Na Yehowa de Benyaminfo+ no hyɛɛ Israelfo nsa ma wodii wɔn so nkonim. Na saa da no, Israelfo kunkum Benyaminfo 25,100; wɔn nyinaa yɛ mmarima a sekan hyehyɛ wɔn ho.+ 36  Benyaminfo no de, na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ wobedi Israelfo so nkonim, efisɛ na Israelfo no reguan afi Benyaminfo no anim.+ Nanso nea enti a Israelfo no guanee ne sɛ, na wɔn ani da wɔn a wɔkɔtetɛw Gibea nkyɛn baabi no so.+ 37  Na wɔn a wɔkɔtetɛwee no yɛɛ ntɛm kɔɔ Gibea. Afei wɔtow hyɛɛ kurow no so, na wɔbɔ wuraa kurow no mu baabiara de sekan kunkum wɔn nyinaa. 38  Ná Israelfo no ne mmarima a wɔkɔtetɛwee no ahyehyɛ ho sɛ wɔbɛma wusiw afi hɔ aforo akɔ wim de ayɛ sɛnkyerɛnne ama wɔn. 39  Bere a Israelfo guan fii akono no, Benyaminfo no fii ase tow hyɛɛ wɔn so kunkum Israelfo bɛyɛ 30,+ na wɔkae sɛ: “Biribiara kyerɛ sɛ wɔresan adi nkogu bio wɔ yɛn anim sɛnea wodii nkogu kan no.”+ 40  Nanso wusiw kumɔnn* a ɛyɛ sɛnkyerɛnne no fii ase foro fii kurow no mu kɔɔ wim. Enti bere a Benyaminfo no twaa wɔn ani no, wohui sɛ ogya da kurow no nyinaa mu ama wusiw ayɛ kumɔnn wɔ wim. 41  Ɛnna Israel mmarima no dan wɔn ho, na Benyaminfo no bɔɔ hu, efisɛ wohui sɛ asɛm ato wɔn. 42  Enti woguan fii Israelfo no anim de wɔn ani kyerɛɛ sare so. Nanso Israelfo no de ɔko no toaa wɔn, na Israelfo a wofi kurow no mu reba no bɛkaa ho kunkum wɔn. 43  Wotwaa Benyaminfo no ho hyiae, na wɔtaa wɔn denneennen a wɔannyae. Wotiatiaa wɔn so wɔ Gibea anim pɛɛ, baabi a ɛhwɛ apuei fam no. 44  Ewiee ase no, Benyaminfo 18,000 wuwui; wɔn nyinaa yɛ mmarima akatakyi.+ 45  Afei Benyaminfo no dan wɔn ho guan kɔɔ sare so, na wɔkɔɔ Rimon botan so.+ Na Israelfo no kunkum wɔn mu 5,000* wɔ akwantempɔn no so. Wɔtaa wɔn ara koduu Gidom, na wokunkum mmarima 2,000 kaa ho. 46  Saa da no, Benyaminfo a wowuwui nyinaa dodow si 25,000. Ná wɔn nyinaa yɛ mmarima akatakyi a sekan hyehyɛ wɔn ho.+ 47  Nanso wɔn mu 600 guan kɔɔ sare so, na wɔkɔɔ Rimon botan so. Na wɔtenaa Rimon botan no so abosome anan. 48  Afei Israelfo no san wɔn akyi baa Benyaminfo no so, na wɔde sekan bekunkum wɔn a wɔwɔ kurow no mu, efi nnipa so kosi mmoa so, biribiara a ɛkae biara. Na kurow biara a wopuee so no, wɔde ogya hyewee.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “te sɛ onipa baako.”
Nt., “mpena.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Gibea nsaasewuranom.”
Nt., “mpena.”
Nt., “mpena.”
Nt., “sɔree te sɛ onipa baako.”
Nt., “boaa wɔn ho ano sɛ onipa baako.”
Anaa “wodii mmuada.”
Nt., “ogyina.”
Anaa “wusiw dum.”
Nt., “sesaw wɔn mu 5,000 sɛ nnɔbae ase.”