Atemmufo 21:1-25

  • Wogyee Benyaminfo, na wɔn abusuakuw no ase anhyew (1-25)

21  Ná Israel mmarima aka ntam wɔ Mispa+ sɛ: “Yɛn mu biara nni hɔ a ɔde ne babea bɛma Benyaminni barima aware.”+ 2  Na ɔman no baa Betel+ bɛtenaa nokware Nyankopɔn no anim kosii anwummere, na wɔtew nisu sui yayaayaw. 3  Na wɔkae sɛ: “O Israel Nyankopɔn Yehowa, adɛn nti na asɛm a ɛte sɛɛ asi wɔ Israel? Adɛn nti na nnɛ, abusuakuw baako ayera afi Israel yi?” 4  Ade kyee no, nkurɔfo no sɔree ntɛm sii afɔremuka wɔ hɔ, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre+ wɔ hɔ. 5  Ɛnna Israelfo no bisae sɛ: “Israel mmusuakuw nyinaa, hena na amma Yehowa anim wɔ guabɔ no ase?” Efisɛ na wɔaka ntam kɛse sɛ obiara a wamma Yehowa anim wɔ Mispa no, nea ɛte biara wobekum no. 6  Na Israelfo no dii nea ato wɔn nua Benyamin no ho awerɛhow. Wɔkae sɛ: “Ɛnnɛ wɔatwa abusuakuw baako afi Israel. 7  Seesei a yɛaka Yehowa ntam+ sɛ yɛremfa yɛn babea biara mma wɔn aware yi, yɛbɛyɛ dɛn anya mmea ama wɔn a aka no aware?”+ 8  Na wobisae sɛ: “Israel mmusuakuw no, hena na amma Yehowa anim wɔ Mispa?”+ Ɛnna wohui sɛ obiara amfi Yebes-Gilead amma asoɛe hɔ, baabi a na asafo no ahyia no. 9  Bere a wɔkan nnipa no, wohui sɛ Yebes-Gileadfo no biara nni hɔ. 10  Enti asafo no somaa mmarima akatakyi mu akatakyi 12,000 kɔɔ hɔ. Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa sekan nkokunkum Yebes-Gileadfo; mmea ne mmofra mpo, munkunkum wɔn.+ 11  Nea monyɛ ni: Munkum ɔbarima biara. Ɔbea biara a ɔne ɔbarima ada pɛn nso, munkum no.” 12  Na wonyaa mmabaa 400 wɔ Yebes-Gileadfo no mu a wɔyɛ mmaabun a wɔne mmarima nnae da. Enti wɔde wɔn baa wɔn asoɛe hɔ wɔ Silo+ a ɛwɔ Kaanan asaase so no. 13  Afei asafo no nyinaa somaa nnipa kɔɔ Benyaminfo no nkyɛn wɔ Rimon botan so,+ na wɔne wɔn kɔkasae maa asomdwoe bae. 14  Enti Benyaminfo no san bae saa bere no. Na wɔde Yebes-Gileadfo+ mmea a wɔankum wɔn no maa wɔn, nanso anso wɔn nyinaa so. 15  Na ɔman no dii awerɛhow wɔ nea ato Benyamin no ho,+ efisɛ na Yehowa ama mpaapaemu aba Israel mmusuakuw no mu. 16  Na asafo no mu mpanyimfo no bisae sɛ: “Seesei a wɔakunkum Benyaminfo mmea nyinaa yi, ɛdɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya mmea ama mmarima a aka no aware?” 17  Ɛnna wɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ Benyaminfo a wonyaa wɔn ti didii mu no nya agyapade, na wɔampopa abusuakuw biara amfi Israel. 18  Na yɛn de, yɛrentumi mfa yɛn mma mmea mma wɔn aware, efisɛ Israelfo aka ntam sɛ: ‘Nnome nka nea ɔde ɔbea bɛma Benyaminni aware.’”+ 19  Afei wɔkae sɛ: “Hwɛ! Afe biara wodi Yehowa afahyɛ bi wɔ Silo+ a ɛwɔ Betel atifi, ɔkwantempɔn a efi Betel foro kɔ Sekem no apuei, wɔ Lebona anaafo.” 20  Enti wɔka kyerɛɛ Benyaminfo no sɛ: “Monkɔ nkɔtetɛw bobe mfuw no mu. 21  Na sɛ muhu sɛ Silo mmabaa* no aba sɛ wɔrebɛsaw wɔn kanko asaw no a, mo mu biara mfi bobe mfuw no mu mmra mmɛkyere Silo mmabaa no bi mfa no nyɛ ne yere, na monsan nkɔ Benyamin asaase so. 22  Na sɛ ɛba sɛ wɔn papanom ne wɔn nua mmarima ne yɛn bɛtwe manso a, yɛbɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Monhwɛ yɛn anim nhu wɔn mmɔbɔ, efisɛ bere a yɛkɔkoe no, yɛannya yere amma wɔn nyinaa.+ Na mo nso morentumi mma wɔn mmea nware. Anka mubedi fɔ.’”+ 23  Enti Benyaminfo no yɛɛ saa pɛpɛɛpɛ, na wɔkyeree mmabaa a wɔbɛsawee no bi maa obiara nyaa ne yere. Afei wɔsan wɔn akyi kɔɔ wɔn agyapade so, na wɔsan kɔkyekyee wɔn nkurow+ no tenatenaa mu. 24  Na Israelfo no nso fii hɔ kɔe saa bere no, na obiara kɔɔ n’abusuakuw ne n’abusua mu, na wofii hɔ, na obiara kɔɔ n’agyapade so. 25  Saa bere no, na ɔhene biara nni Israel.+ Ná obiara yɛ nea eye wɔ ɔno ara ani so.*

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “mma mmea.”
Anaa “nea n’adwene kyerɛ no sɛ eye.”