Atemmufo 3:1-31

  • Yehowa sɔɔ Israelfo hwɛe (1-6)

  • Otniel, ɔtemmufo a odi kan (7-11)

  • Ɔtemmufo Ehud kum Ɔhene Eglon a na ɔso paa no (12-30)

  • Ɔtemmufo Samgar (31)

3  Aman yi na Yehowa gyaw wɔn wɔ asaase no so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɔ Israelfo ahwɛ, Israelfo a wɔanhu ɔko a ɛkɔɔ so wɔ Kaanan no bi no+ 2  (ná eyi bɛma Israel awo ntoatoaso a ɛbɛba akyiri yi a wɔnkɔɔ ɔko da no ahu sɛnea ɔko te): 3  Filistifo ahemfo baanum no,+ ne Kaananfo nyinaa, ne Sidonfo,+ ne Hiwifo+ a wɔte Lebanon Bepɔw so,+ efi Baal-Hermon Bepɔw ho kosi Lebo-Hamat.*+ 4  Wɔde wɔn sɔɔ Israelfo hwɛe sɛ wobedi mmara a Yehowa nam Mose so de maa wɔn agyanom no so anaa.+ 5  Enti Israelfo tenaa Kaananfo,+ Hitifo, Amorifo, Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo mu. 6  Wɔwaree wɔn mma mmea, na wɔde wɔn mma mmea nso maa wɔn mma mmarima, na wofii ase som wɔn anyame.+ 7  Enti Israelfo no yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so, na wɔn werɛ fii Yehowa wɔn Nyankopɔn no, na wɔkɔsom Baal ahoni+ ne abosonnua.*+ 8  Eyi nti, Yehowa bo fuw Israelfo denneennen, na ɔtɔn wɔn maa Mesopotamia* hene Kusan-Risataim. Na Israelfo som Kusan-Risataim mfe awotwe. 9  Bere a Israelfo su frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn no,+ Yehowa maa Israelfo no ogyefo bi sɛ onnye wɔn.+ Ɔno ne Otniel,+ Kaleb nua kumaa Kenas ba no. 10  Yehowa honhom baa no so,+ na ɔbɛyɛɛ Israel temmufo. Na bere a ɔkɔɔ ɔko no, Yehowa de Mesopotamia* hene Kusan-Risataim hyɛɛ ne nsa, na odii Kusan-Risataim so nkonim. 11  Ɛno akyi no, asomdwoe baa asaase no so* mfe 40. Na Kenas ba Otniel wui. 12  Na Israelfo fii ase yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so bio.+ Enti Yehowa maa Moab+ hene Eglon dii Israel so nkonim, efisɛ wɔyɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so. 13  Bio nso, ɔde Ammonfo+ ne Amalekfo+ baa wɔn so. Wɔtow hyɛɛ Israel so, na wɔfaa mmɛ kurow+ no. 14  Na Israelfo som Moab hene Eglon mfe 18.+ 15  Afei Israelfo su frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn.+ Enti Yehowa maa wɔn ogyefo bi.+ Ɔno ne Ehud,+ Gera ba no. Ná ɔyɛ Benyaminni+ a ɔyɛ abenkumma.+ Akyiri yi, Israelfo ma ɔde akyɛde kɔmaa Moab hene Eglon. 16  Ansa na Ehud rekɔ no, ɔyɛɛ sekan anofanu a ne tenten yɛ basafa* baako. Ɔde bɔɔ n’ataaso wɔ nifa so, na ɔkaa n’ataade guu so. 17  Afei ɔde akyɛde no kɔmaa Moab hene Eglon. Ná Eglon so paa. 18  Bere a Ehud de akyɛde no maa no wiei no, ogyaa wɔn a wɔsoaa akyɛde no kɔe no kwan. 19  Nanso bere a wokoduu baabi a ahoni a wɔasen no wɔ* wɔ Gilgal+ no, Ehud san n’akyi kɔkae sɛ: “O ɔhene, mepɛ sɛ me ne wo ka asomsɛm bi.” Enti ɔhene no kae sɛ: “Obiara nyɛ komm!” Ɔkaa saa no, n’asomfo no nyinaa pue kɔe. 20  Ɛnna Ehud kɔɔ ɔhene nkyɛn bere a ɔno nko ara te n’abansoro pia mu, baabi a ɛhɔ dwo no. Na Ehud ka kyerɛɛ no sɛ: “Onyankopɔn se memmɛka asɛm bi nkyerɛ wo.” Enti ɔsɔre fii n’ahengua* so. 21  Ɛnna Ehud de ne nsa benkum twee sekan no fii n’ataaso wɔ ne nifa so, na ɔde wɔɔ ɔhene no yam. 22  Na sekan no ne ne ti no nyinaa wuraa ne yam, na srade yɛɛ sekan no ho nyinaa, efisɛ wantwe sekan no amfi ne yam, na tiafi dii so bae. 23  Na Ehud pue faa abrannaa no so,* na ɔtotoo abansoro pia no apon mu wɔ n’akyi, na ɔde safe too mu. 24  Bere a Ehud kɔe no, ɔhene no asomfo no san bae, na wobehui sɛ wɔatoto abansoro pia apon no mu. Enti wɔkae sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ ɔregya n’anan* wɔ pia mu hɔ, baabi a ɛhɔ dwo no.” 25  Wogyinaa hɔ kyɛe, afei na wɔayɛ basaa. Bere a wɔtwɛnee ara a wammue abansoro pia no apon no, wɔfaa safe buee pon no, na wohui sɛ wɔn hene no abu ahwe fam* awu! 26  Bere a wogyinagyina hɔ a wonhu nea wɔnyɛ no, na Ehud kɔ dedaadaw. Oguan kɔfaa ahoni a wɔasen*+ no ho, na okoduu Seira dwoodwoo. 27  Bere a oduu hɔ no, ɔbɔɔ abɛn+ wɔ Efraim mmepɔw+ no so, na odii Israelfo no anim ne wɔn sian fii mmepɔw no mu. 28  Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munni m’akyi, efisɛ Yehowa de mo atamfo Moabfo no ahyɛ mo nsa.” Enti wodii n’akyi, na wɔko faa baabi a wɔfa twa Yordan asu no, na wosiw Moabfo no kwan, na wɔamma obiara antwa. 29  Saa bere no, wokunkum Moabfo bɛyɛ 10,000;+ wɔn nyinaa yɛ mmarima akantinka ahoɔdenfo; ɔbaako mpo antumi anguan.+ 30  Saa da no, Israel dii Moab so nkonim, na asomdwoe baa asaase no so* mfe 80.+ 31  N’akyi no, Samgar,+ Anat babarima no nso bae. Ɔno na ɔde nantwi poma*+ kunkum Filistifo mmarima 600 no;+ ɔno nso gyee Israelfo.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Hamat kwan ano.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “Aram-Naharaim.”
Nt., “Aram.”
Anaa “asaase no homee.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ basafa tiatia a ne tenten yɛ sɛnt. 38 (ntk. 15). Hwɛ Nkh. B14.
Ebetumi nso akyerɛ, “baabi a wɔpae abo.”
Anaa “n’agua.”
Ebetumi nso akyerɛ, “tokuwa no mu.”
Anaa “ɔreyɛ ne ho yiye.” Nt., “ɔrekata ne nan ho.”
Nt., “asaase so.”
Ebetumi nso akyerɛ, “baabi a wɔpae abo.”
Anaa “asaase no homee.”
Ɛyɛ abaa a ano yɛ feafea a wɔde ka anantwi.