Atemmufo 5:1-31

  • Debora ne Barak nkonimdi dwom (1-31)

    • Nsoromma ne Sisera koe (20)

    • Kison nsu yirii (21)

    • Wɔn a wɔdɔ Yehowa no te sɛ owia (31)

5  Saa da no, Debora+ ne Abinoam ba Barak+ too dwom yi sɛ:+  2  “Ti nwi a wogyaw guu so* wɔ Israel nti,Nnipa a wotuu wɔn ho mae+ nti,Munyi Yehowa ayɛ!  3  Ahemfo, muntie! Atitiriw, monyɛ aso! Mɛto dwom ama Yehowa. Mɛto ayeyi dwom* ama Yehowa,+ Israel Nyankopɔn no.+  4  Yehowa, bere a wupue fii Seir,+Bere a wufii Edom asaase so bae no,Asaase wosowee, osu hwie fii soro,Na omununkum gyaa nsu mu.  5  Mmepɔw nanee* wɔ Yehowa anim,+Sinai mpo nanee wɔ Yehowa, Israel Nyankopɔn no+ anim.+  6  Anat ba Samgar+ bere so,Yael bere so,+ obiara amfa akwantempɔn so bio;Mfikyikwan so na akwantufo fae.  7  Ná obiara nte akuraase bio wɔ Israel;Obiara tu fii akuraa kosii sɛ me, Debora,+ mesɔree,Kosii sɛ mesɔree sɛ ɔbaatan wɔ Israel.+  8  Wokodii anyame foforo akyi;+Afei ɔko kɔɔ so wɔ nkurow apon ano.+ Wɔanhu ɔkyɛm, na wɔanhu peawWɔ Israel mmarima 40,000 mu.  9  Me koma di Israel asahene akyi,+Asahene a wotuu wɔn ho mae ne nkurɔfo no kɔe no.+ Munyi Yehowa ayɛ! 10  Mo a motete mfurum a wɔn kɔla te sɛ kɔbere so,Mo a motete kapɛt fɛfɛɛfɛ so,Ne mo a monantew kwantempɔn so,Munnwen eyi ho: 11  Wɔtee wɔn a wɔsaw nsu nne wɔ abura ho;Ɛhɔ na na wɔreka Yehowa trenee nnwuma ho asɛm,Trenee nnwuma a ne nkurɔfo a wɔtete Israel nkuraase ayɛ no. Afei Yehowa nkurɔfo sian kɔɔ nkurow apon ano. 12  Keka wo ho, Debora,+ keka wo ho! Keka wo ho, keka wo ho, to dwom!+ Sɔre, Barak!+ Abinoam ba, wɔn a woakyere wɔn no, fa wɔn kɔ! 13  Wɔn a wɔkae no sian baa adehye no nkyɛn;Yehowa nkurɔfo sian bɛkaa me ho ko tiaa akatakyi. 14  Wofi Efraim mu, wɔn a wɔwɔ obon mu* no;Wodi w’akyi wɔ wo nkurɔfo mu, O Benyamin. Makir+ mu na asahene fi sianee,Na Sebulon mu na wɔn a wokura asraafo anoboaboafo poma* no fi sian bae. 15  Ná Isakar abirɛmpɔn ka Debora ho;Sɛnea Isakar kɔkaa ne ho no, saa ara na Barak+ nso kɔkaa ne ho. Wɔsomaa no ma ɔnantew kɔɔ asaasetraa no so.*+ Ruben mmusua mufo no hwehwɛɛ wɔn koma mu denneennen.* 16  Adɛn nti na wotenaa hɔ te sɛ aboa a wɔde nnesoa abien asoa noA ɔretie atɛntɛbɛn a nguanhwɛfo rebɔ?+ Ruben mmusua mufo no hwehwɛɛ wɔn koma mu denneennen.* 17  Gilead kɔɔ so tenaa Yordan agya;+Na Dan nso, adɛn nti na ɔkɔɔ so tenaa po sohyɛn mu?+ Aser yii n’ani tenaa mpoano,Na po so hyɛn gyinabea a ɛyɛ ne de no, ɛhɔ na ɔkɔɔ so tenae.+ 18  Sebulonfo de wɔn nkwa too wɔn nsam;*Naftali nso yɛɛ saa ara+ wɔ nkoko no so.+ 19  Ahemfo bae, na wɔbɛkoe;Kaanan ahemfo bɛkoe+Wɔ Taanak, Megido nsu ho.+ Wɔannya dwetɛ biara amfa.+ 20  Nsoromma fi soro bɛkoe;Wofi wɔn akwan so ne Sisera bɛkoe. 21  Kison nsu hohoroo wɔn kɔe,+Kison nsu, tete nsu no. Me kra,* wutiatiaa atumfo so. 22  Na n’apɔnkɔ tuu mmirika kiridi-kiridi-kiridi;Wɔn nan pempem fam kim-kim-kim.+ 23  Yehowa bɔfo kae sɛ, ‘Nnome nka Meros,’‘Yiw, nnome nka wɔn a wɔtete Meros,Efisɛ wɔammɛboa Yehowa,Wɔamfa ɔsabarima biara ammɛboa Yehowa.’ 24  Yael na wɔahyira no paa wɔ mmea mu,+Kenini Heber+ yere no;Mmea a wɔte ntamadan mu nyinaa, ɔno na wɔahyira no paa. 25  Obisaa* nsu, na ɔmaa no nufusu. Ɔde nufusu+ a emu apiw guu apontow kankyee fɛfɛɛfɛ mu bae. 26  Ɔteɛɛ* ne nsa faa dua a wɔde bɔ ntamadan mu tim fam,Na ɔde ne nsa nifa faa adwumayɛfo hamma.* Ɔde hwee Sisera tirim; ɔpɛtɛw ne ti,Na ɔde bɔɔ n’asontɔrem;+ ɔbɔɔ so wuraa mu. 27  Otwa hwee ne nan ntam; ɔhwee hɔ, na wansɔre bio;Otwa hwee ne nan ntam, na ɔhwee hɔ;Baabi a otwa hwee no, ɛhɔ ara na odii nkogu. 28  Ɔbea bi de n’ani hwɛɛ mfɛnsere mu,Sisera maame de n’ani hwɛɛ nkantankantan mu,‘Adɛn nti na ne teaseɛnam akyɛ saa? Adɛn nti na ebesi sesɛɛ mentee n’apɔnkɔ nan ase yi?’+ 29  Ne* mmea a wodi mu a wonim nyansa paa no bɛma no mmuae;Yiw, ɔno ara nso bɛkasakasa sɛ, 30  ‘Sesɛɛ wɔrekyɛ nneɛma a wonyae wɔ ɔko mu no,Ɔsabarima biara, ababaa* baako anaa mmabaa* baanu,Ntama a wɔahyɛ no aduru, ntama a wɔahyɛ no aduru na wɔde ama Sisera,Ataade a wɔanwene biribi agu mu, ntama a wɔahyɛ no aduru, ntaade abien a wɔanwene biribi agu muNa wɔde agu wɔn a wɔfom nneɛma no kɔn mu.’ 31  O Yehowa, saa na ma w’atamfo nyinaa nsɛe,+Na w’adɔfo de, ma wɔnyɛ sɛ owia a ɛde anuonyam repue.” Na asomdwoe baa asaase no so* mfe 40.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Esiane asahene a wogyaw wɔn ti nwi guu so.”
Anaa “Mɛbɔ nnwom.”
Ebetumi nso akyerɛ, “wosowee.”
Anaa “asaasetraa so.”
Ebetumi nso akyerɛ, “wɔn a wokura akyerɛwfo nneɛma.”
Anaa “Ruben mmusua no mufo adwene ansi wɔn pi.”
Anaa “obon no mu.”
Anaa “Ruben mmusua no mufo adwene ansi wɔn pi.”
Anaa “amma wɔn kra anhia wɔn.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Sisera bisaa.”
Anaa “Yael teɛɛ.”
Anaa “asae; abɔsobaa.”
Anaa “Sisera maame.”
Nt., “awotwaa.”
Nt., “awotwaa.”
Anaa “asaase no homee.”