Atemmufo 7:1-25

  • Gideon ne ne mmarima 300 no (1-8)

  • Gideon asraafo dii Midianfo so nkonim (9-25)

    • “Yehowa sekan ne Gideon sekan!” (20)

    • Asraafo a wɔwɔ Midianfo asoɛe no adwene tu frae (21, 22)

7  Afei Yerubaal a ɔno ara ne Gideon+ no ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɔree anɔpatutuutu, na wɔkɔkyekyee asoɛe wɔ Harod Asuti ho. Saa bere no, na Midianfo akyekye wɔn asoɛe wɔ Gideon asoɛe no atifi fam wɔ More koko no ho wɔ asaasetraa no so.*  Na Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Nnipa a wɔka wo ho no dɔɔso dodo sɛ mede Midianfo bɛhyɛ wɔn nsa.+ Anhwɛ a Israel bɛhoahoa ne ho aka akyerɛ me sɛ, ‘M’ankasa me nsa na egyee me.’+  Afei mepa wo kyɛw, fa to nnipa no anim sɛ, ‘Obiara a osuro na ne koma atu no, ma ɔnsan nkɔ fie.’”+ Enti Gideon sɔɔ wɔn hwɛe. Ɛnna nnipa no mu 22,000 san wɔn akyi kɔɔ fie, na ɛkaa nnipa 10,000.  Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Nnipa a aka no da so ara dɔɔso. Ma wonsian nkɔ asu no ho na mensɔ wɔn nhwɛ wɔ hɔ mma wo. Sɛ meka kyerɛ wo sɛ, ‘Oyi na ɔne wo bɛkɔ’ a, ɔno na ɔne wo bɛkɔ. Na sɛ meka kyerɛ wo sɛ, ‘Oyi ne wo renkɔ’ a, ɔne wo renkɔ.”  Enti ɔde nnipa no sian kɔɔ asu no ho. Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Ma obiara a ɔbɛtaforo nsu sɛnea ɔkraman taforo nsu no nnyina nkyɛn. Na ma obiara a obebu nkotodwe anom nsu no nso nnyina nkyɛn.”  Nnipa a wɔtaforoo nsu wɔ wɔn nsam no, na wɔn dodow yɛ mmarima 300. Na nnipa a aka no de, wɔn nyinaa buu nkotodwe nom nsu no.  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Mmarima 300 a wɔtaforoo nsu no, wɔn na mede wɔn begye mo, na mede Midianfo bɛhyɛ wo nsa.+ Nnipa a aka no de, ma wɔn nyinaa nsan nkɔ fie.”  Enti wogyee nneɛma ne mmɛn a ɛwɔ Israel mmarima a aka no nkyɛn no, na ɔmaa wɔn nyinaa san kɔɔ fie, na ɔma ɛkaa ɔne mmarima 300 no nko ara. Saa bere no, na Midianfo asoɛe no wɔ Gideon asoɛe no ase wɔ asaasetraa no so.+  Saa anadwo no, Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Sɔre, kɔtow hyɛ asoɛe no so, efisɛ mede ahyɛ wo nsa.+ 10  Na sɛ wusuro sɛ wobɛkɔ akɔtow ahyɛ so a, ɛnde wo ne wo somfo Pura nsian nkɔ asoɛe hɔ. 11  Tie asɛm a wɔbɛka no, na ɛno akyi no, wubenya akokoduru* atow ahyɛ asoɛe no so.” Enti ɔne ne somfo Pura sian kɔɔ asraafo asoɛe no nkyɛn. 12  Saa bere no, na Midianfo ne Amalekfo ne Apueifo+ nyinaa abegu asaasetraa no so baabiara te sɛ ntutummɛ a wɔabom yuu. Ná wɔn yoma dɔɔso papaapa;+ ná wɔdɔɔso te sɛ mpoano anwea. 13  Bere a Gideon duu hɔ no, na ɔbarima bi reka dae a waso akyerɛ ne yɔnko. Ɔbarima no kae sɛ: “Ɔdae a mesoe no ni. Mihui sɛ baali* paanoo kurukuruwa bi remunumunum ba Midian asoɛe ha. Bere a ebeduu ntamadan bi ho no, ɛbɔɔ no denneennen ma etutu gui.+ Yiw, ɛmaa ntamadan no dan butuwii, na ntamadan no hwee fam birim!” 14  Ɛnna ne yɔnko no kae sɛ: “Biribiara kyerɛ sɛ ɛyɛ Yoas ba Gideon,+ Israelni no sekan. Onyankopɔn de Midianfo ne asoɛe no nyinaa ahyɛ ne nsa.”+ 15  Bere a Gideon tee ɔbarima no dae no ne ne nkyerɛase+ pɛ na obuu nkotodwe som Onyankopɔn. Ɛno akyi no, ɔsan baa Israelfo asoɛe hɔ, na ɔkae sɛ: “Monsɔre, na Yehowa de Midianfo asoɛe no ahyɛ mo nsa.” 16  Afei ɔkyɛɛ mmarima 300 no mu yɛɛ wɔn akuw abiɛsa, na ɔmaa wɔn nyinaa mmɛn+ ne nhina akɛse. Ná agyatɛn* hyehyɛ nhina no mu. 17  Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ me, na nea mɛyɛ biara, monyɛ saa pɛpɛɛpɛ. Sɛ midu asoɛe no nkyɛn a, biribiara a mɛyɛ no, mo nso monyɛ saa ara. 18  Sɛ me ne wɔn a wɔka me ho no nyinaa bɔ abɛn no a, mo nso, mommɔ abɛn no wɔ asoɛe no ho baabiara, na monteɛteɛm sɛ, ‘Ɛyɛ Yehowa ne Gideon dea!’” 19  Gideon ne mmarima 100 a wɔka ne ho no baa asoɛe no nkyɛn ɔdasum,* bere a na awɛmfo rehyɛ wɔn adwuma ase no. Wɔbɔɔ abɛn no,+ na wɔbobɔɔ nhina akɛse a wokurakura no.+ 20  Enti akuw abiɛsa no bɔɔ abɛn no, na wɔbobɔɔ nhina akɛse no. Ná wokurakura agyatɛn* no wɔ wɔn nsa benkum mu, na wɔbɔɔ abɛn a ekurakura wɔn nsa nifa no, na wɔteɛteɛɛm sɛ: “Yehowa sekan ne Gideon sekan!” 21  Saa bere no nyinaa, na mmarima no biara gyina baabi a wɔakyerɛ sɛ onnyina no, na na wɔatwa asoɛe no ho nyinaa ahyia. Ɛnna asraafo no nyinaa guanee.+ Wɔrekɔ nyinaa, na wɔreteɛteɛm. 22  Mmarima 300 no kɔɔ so bɔɔ wɔn abɛn no. Na Yehowa maa obiara a ɔwɔ asoɛe hɔ twee sekan sii ne yɔnko so.+ Asraafo no guanee ara koduu Bet-Sita, na wɔtoaa so koduu Serera, na wɔkɔe ara koduu Abel-Mehola+ hye so wɔ Tabat ho. 23  Na wɔfrɛfrɛɛ Israel mmarima fii Naftali ne Aser ne Manase+ nyinaa, na wɔkɔtaa Midianfo no. 24  Gideon soma kɔɔ Efraim mmepɔw nyinaa so kɔka kyerɛɛ wɔn a wɔtete hɔ no sɛ: “Munsian nkɔtow nhyɛ Midianfo so, na munkosiw kwan wɔ baabi a wɔfa twa asu no nkosi Bet-Bara ne Yordan.” Enti Efraim mmarima nyinaa boaa wɔn ho ano, na wokosisiw kwan wɔ baabi a wɔfa twa asu no kosii Bet-Bara ne Yordan. 25  Afei nso, wɔkyeree Midian abirɛmpɔn baanu a wɔn din de Oreb ne Seeb. Na wokum Oreb wɔ Oreb botan+ so, ɛnna wokum Seeb wɔ Seeb amoa a wokyĩ nsã wom no ho. Wɔkɔɔ so taa Midianfo no,+ na wɔde Oreb ne Seeb ti brɛɛ Gideon wɔ Yordan mpɔtam hɔ.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wɔ obon no mu.”
Nt., “wo nsa bɛyɛ den.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.
Ɛyɛ popã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.
Nt., “ɔwɛn bere a edi mfinimfini no mfiase.” Efi ase bɛyɛ anadwo nnɔn 10 kosi ɔdasum nnɔn 2.
Ɛyɛ popã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.