Atemmufo 8:1-35

  • Efraimfo ne Gideon hamee (1-3)

  • Wɔtaa Midian ahemfo kunkum wɔn (4-21)

  • Gideon ampene so amma wɔanyɛ no ɔhene (22-27)

  • Gideon asetena mu nsɛm (28-35)

8  Na Efraim mmarima bisaa no sɛ: “Adɛn nti na woyɛɛ yɛn saa? Adɛn nti na woamfrɛ yɛn bere a wo ne Midianfo rekɔko no?”+ Enti wɔne no hamee denneennen.+ 2  Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea moayɛ no, ɛnsen nea mayɛ anaa? Efraimfo+ nnɔbae ase a nkurɔfo sesaw no, enye nkyɛn bobe a Abiesarfo+ atwa? 3  Ɛyɛ mo nsa na Onyankopɔn de Midianfo abirɛmpɔn Oreb ne Seeb+ hyɛe. Nea moayɛ no, ɛnsen nea mayɛ anaa?” Bere a ɔkaa saa no, wɔn bo dwoe.* 4  Afei Gideon beduu Yordan ho, na otwae. Ná ɔne ne mmarima 300 a wɔka ne ho no abrɛ, nanso wɔkɔɔ so ara taa wɔn.* 5  Na ɔka kyerɛɛ Sukot mmarima sɛ: “Mepa mo kyɛw, momma nnipa a wodi m’akyi no paanoo, efisɛ wɔabrɛ, na meretaa Midian ahemfo Sebah ne Salmuna.” 6  Nanso Sukot abirɛmpɔn no kae sɛ: “Sebah ne Salmuna a woreka yi, sɛ́ wo nsa nnya nkaa wɔn? Adɛn nti na wuse yɛmma w’asraafo paanoo?” 7  Ɛnna Gideon kae sɛ: “Nea moaka yi nti, sɛ Yehowa de Sebah ne Salmuna hyɛ me nsa a, mede sare so nsɔe ne ohwirom bebirim mo.”+ 8  Na ofii hɔ foro kɔɔ Penuel, na ɔde asɛm koro no ara kɔtoo wɔn anim. Nanso nea Sukot mmarima kae no, saa ara na Penuel mmarima nso ka kyerɛɛ no. 9  Enti ɔka kyerɛɛ Penuel mmarima nso sɛ: “Sɛ mesan ba asomdwoe mu a, medwiriw abantenten yi agu fam.”+ 10  Saa bere no, na Sebah ne Salmuna ne wɔn asraafo wɔ Karkor. Ná wɔn dodow bɛyɛ mmarima 15,000. Wɔn na na wɔaka wɔ Apueifo+ asraafo no mu, efisɛ na wɔakunkum wɔn mu mmarima 120,000 a wɔde sekan kɔ ɔko. 11  Gideon toaa so foro kɔfaa wɔn a wɔtete ntamadan mu no kwan so wɔ Noba ne Yogbeha+ apuei, na ɔtow hyɛɛ asoɛe no so bere a wɔn ani nna. 12  Bere a Midian ahemfo baanu no, Sebah ne Salmuna guanee no, ɔtaa wɔn, na ɔkɔkyeree Sebah ne Salmuna. Na wɔn a wɔwɔ asoɛe hɔ nyinaa bɔɔ hu. 13  Ɛnna Yoas ba Gideon san fii ɔko no mu bae. Ɔreba no, ɔfaa ɔkwan a ɛforo kɔ Heres no so. 14  Bere a ɔnam kwan so reba no, ɔkyeree aberante bi a ofi Sukot, na obisabisaa no nsɛm. Na aberante no kyerɛw Sukot abirɛmpɔn ne wɔn mpanyimfo din maa no. Ná wɔyɛ mmarima 77. 15  Ɛnna Gideon kɔɔ Sukot mmarima no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sebah ne Salmuna ni. Wɔn nti na mutwaa me adapaa sɛ, ‘Sebah ne Salmuna a woreka yi, sɛ́ wo nsa nnya nkaa wɔn? Adɛn nti na wuse yɛmma wo mmarima a wɔabrɛ no paanoo?’”+ 16  Ɛnna ɔkyeree kurow no mu mpanyimfo, na ɔde sare so nsɔe ne ohwirom hwee Sukot mmarima no maa wɔn ho baee wɔn.*+ 17  Na odwiriw Penuel+ abantenten no gui, na okunkum kurom hɔ mmarima. 18  Afei obisaa Sebah ne Salmuna sɛ: “Mmarima bɛn saa na mukunkum wɔn wɔ Tabor no?” Wobuae sɛ: “Wɔte sɛ wo ara; wɔn mu biara te sɛ ɔhene ba.” 19  Ɛnna ɔkae sɛ: “Wɔyɛ me nuanom, me maame mma mmarima. Sɛ́ Yehowa te ase yi, sɛ moankum wɔn a, anka me nso merenkum mo.” 20  Na ɔka kyerɛɛ ne ba panyin Yeter sɛ: “Sɔre, kum wɔn.” Nanso aberante no antwe ne sekan. Ná osuro, efisɛ na ɔda so ara yɛ abarimaa. 21  Ɛnna Sebah ne Salmuna kae sɛ: “Sɛ obi yɛ ɔbarima a, n’ahoɔden na ɛkyerɛ.* Wo ara sɔre kum yɛn.” Enti Gideon sɔree, na okunkum Sebah ne Salmuna,+ na oyiyii agude a ɛte sɛ ɔsram a ɛdeda wɔn yoma kɔn mu no. 22  Akyiri yi, Israelfo ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Di yɛn so, wo ne wo mma ne wo mmanana nyinaa, efisɛ wo na wugyee yɛn fii Midianfo nsam.”+ 23  Nanso Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Merenni mo so, na me ba nso renni mo so. Yehowa na obedi mo so.”+ 24  Gideon toaa so kae sɛ: “Mepɛ sɛ moyɛ biribi ma me: Obiara mfa hwenem kawa a onyae wɔ ɔko mu no baako mma me.” (Esiane sɛ na wɔn atamfo no yɛ Ismaelfo+ nti, na wɔwɔ sika kɔkɔɔ hwenem nkawa.) 25  Ɛnna wɔkae sɛ: “Yɛde bɛma wo dodo.” Enti wɔde ntama sɛw fam, na obiara de hwenem kawa a onyae wɔ ɔko mu no baako too so. 26  Sika kɔkɔɔ hwenem nkawa a ogyei no nko ara mu duru yɛ sika kɔkɔɔ nnwetɛbona* 1,700; agude a ɛte sɛ ɔsram ne asomuade ne ntaade afasebiri a na ɛhyehyɛ Midian ahemfo no, ne kɔnmuade a ɛdeda yoma kɔn mu no+ nka ho. 27  Gideon de yɛɛ efɔd,*+ na ɔde kɔkyerɛe wɔ ne kurom Ofra.+ Nanso Israelfo nyinaa de yɛɛ onyame somee,*+ na ɛyɛɛ afiri maa Gideon ne ne fifo.+ 28  Na Israelfo dii Midianfo+ so nkonim, na wɔantumi ne Israelfo anko* bio. Na asomdwoe baa asaase no so* mfe 40 wɔ Gideon bere so.+ 29  Enti Yoas ba Yerubaal+ san kɔɔ ne fi kɔtenaa hɔ. 30  Gideon woo mma mmarima 70,* efisɛ na ne yerenom dɔɔso. 31  Ne mpena* bi a ɔwɔ Sekem nso woo ɔbabarima maa no, na ɔtoo no din Abimelek.+ 32  Yoas ba Gideon nyin kyɛe paa ansa na ɔrewu, na ɔda a wosiee ne papa Yoas wom wɔ Abiesarfo+ kurow Ofra mu no, ɛhɔ ara na wosiee ɔno nso. 33  Bere a Gideon wui ara pɛ, Israelfo no san ne Baal ahoni+ kɔbɔɔ aguaman bio, na wɔde Baal-Berit+ yɛɛ wɔn nyame. 34  Na Israelfo ankae Yehowa wɔn Nyankopɔn+ a ogyee wɔn fii wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam no.+ 35  Na nneɛma pa a Yerubaal a ɔno ara ne Gideon yɛe wɔ Israel nyinaa akyi no, Israelfo anna ɔdɔ a enni huammɔ adi ankyerɛ ne fifo.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “wɔn honhom bo amfuw no bio.”
Anaa “wɔn atamfo no.”
Anaa “ɔde sare so nsɔe ne ohwirom kyerɛɛ Sukot mmarima no nyansa paa.”
Anaa “Sɛnea ɔbarima te no, saa ara na n’ahoɔden te.”
Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “Israelfo nyinaa ne no bɔɔ aguaman wɔ honhom mu.”
Anaa “asaase no homee.”
Nt., “wɔantumi amma wɔn ti so.”
Nt., “nyaa mma mmarima 70 a wofi n’asen mu.”
Tete mmere mu no, na wɔyɛ mmea a wɔto aware so, kyerɛ sɛ, mmea a nkurɔfo aware wɔn aka wɔn yere ho.