Deuteronomium 11:1-32

  • Moahu Yehowa kɛseyɛ (1-7)

  • Bɔhyɛ Asaase no (8-12)

  • Osetie ho akatua (13-17)

  • Momfa Onyankopɔn nsɛm nsie mo komam (18-25)

  • “Nhyira ne nnome” (26-32)

11  “Monnɔ Yehowa mo Nyankopɔn+ na muntie no, na munni n’ahyɛde, n’atemmusɛm, ne ne mmara so daa.  Munim sɛ ɛnnɛ, ɛnyɛ mo mma na me ne wɔn rekasa. Wɔn de, wonnim na wɔanhu Yehowa mo Nyankopɔn nteɛso,+ ne kɛseyɛ,+ ne nsa a ɛyɛ den,+ ne ne basa a wateɛ mu no.  Wɔanhu nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a ɔyɛe wɔ Egypt, ne nea ɔde yɛɛ Egypt hene Farao ne ne man nyinaa no.+  Bere a Egypt asraafo ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam retiw mo na Yehowa maa Ɛpo Kɔkɔɔ no bu faa wɔn so, na ɔsɛee wɔn korakora no, ɛno nso mo mma no anhu.+  Nea ɔyɛ maa mo wɔ sare no so kosii sɛ mubeduu ha no, wɔanhu bi.  Afei nso, bere a ɔmaa asaase mu paee na ɛmenee Ruben ba Eliab mma Datan ne Abiram ne wɔn afi ne wɔn ntamadan ne biribiara anaa obiara a odi wɔn akyi wɔ Israelfo nyinaa anim no, wɔanhu.+  Mo na mode mo ani huu anwonwade akɛse a Yehowa yɛe no nyinaa.  “Monhwɛ nni mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so na ama mo ho ayɛ den, na moatwa akɔfa asaase no.  Eyi bɛma moanyin akyɛ+ wɔ asaase a Yehowa kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde bɛma wɔne wɔn asefo*+ no so, asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so no.+ 10  “Asaase a morekɔ akɔfa no nte sɛ Egypt asaase a mufi so bae no. Ɛhɔ de, mudua ade a, na mode mo nan na egugu so nsu* te sɛ mfikyifuw. 11  Nanso asaase a moretwa akɔfa yi yɛ mmepɔw ne abon+ asaase a ɛnom nyankonsu.+ 12  Ɛyɛ asaase a Yehowa mo Nyankopɔn hwɛ so. Yehowa mo Nyankopɔn ani ku ho fi afe mfiase kosi afe awiei. 13  “Sɛ mutie ahyɛde a mede rema mo nnɛ yi na modɔ Yehowa mo Nyankopɔn de mo koma nyinaa ne mo kra* nyinaa som no a,+ 14  ɛnde me nso mɛtɔ osu agu mo asaase so wɔ ne bere mu, osutɔbere mu osu* ne fefɛw bere mu osu.* Na mobɛboaboa mo hwiit* ne mo bobesa foforo ne mo ngo ano.+ 15  Na mɛma mo nyɛmmoa anya sare awe wɔ mo asaase so na mo nso moadidi amee.+ 16  Monhwɛ yiye na biribiara antwetwe mo koma amma moankɔsom anyame foforo ankotow wɔn.+ 17  Sɛ moyɛ saa a, Yehowa bo befuw mo denneennen, na ɔbɛto ɔsoro mu na osu rentɔ,+ na asaase remmɔ aduan, na ɛrenni da bi na mo ase ahyew afi asaase pa a Yehowa de ama mo no so.+ 18  “Momfa me nsɛm yi nsie mo koma ne mo kra* mu, na momfa nkyekyere mo nsa na akae mo, na momfa nyɛ ade a mode bɔ mo moma so.*+ 19  Momfa nkyerɛkyerɛ mo mma na monka ho asɛm bere a mote fie, bere a monam kwan so, bere a moda hɔ, ne bere a moasɔre.+ 20  Monkyerɛw ngu mo fi apongua ne mo aponkɛse ho, 21  na ama mo ne mo mma atena ase akyɛ+ wɔ asaase a Yehowa kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde bɛma wɔn no so,+ bere tenten a ɔsoro kata asaase so yi. 22  “Sɛ mutie mmara a mede rema mo yi nyinaa na mudi so, na modɔ Yehowa mo Nyankopɔn+ nantew n’akwan nyinaa so, na mobata ne ho+ a, 23  Yehowa nso bɛpam aman yi nyinaa afi mo anim,+ na moafa aman akɛse a wɔdɔɔso sen mo no asaase atena so.+ 24  Baabi a mo nan betia biara bɛyɛ mo dea.+ Efi sare no so kosi Lebanon, efi Asubɔnten no, Asubɔnten Eufrate ho kosi atɔe fam po* no ano nyinaa bɛyɛ mo asaase.+ 25  Obiara rentumi nnyina mo anim.+ Asaase a mobɛfa so no nyinaa, Yehowa mo Nyankopɔn bɛma mo ho hu atɔ wɔn so na wɔasuro mo+ sɛnea ɔhyɛɛ mo bɔ no. 26  “Monhwɛ, ɛnnɛ mede nhyira ne nnome resi mo anim:+ 27  Sɛ mutie Yehowa mo Nyankopɔn mmara a mede rema mo nnɛ yi a, mo nsa bɛka nhyira no.+ 28  Na nnome no nso, sɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn ahyɛde+ na moman fi ɔkwan a merekyerɛ mo nnɛ yi so kodi anyame foforo a munnim wɔn akyi a, ɛnde ɛbɛba mo so. 29  “Sɛ Yehowa mo Nyankopɔn de mo du asaase a morekɔfa no so a, Gerisim Bepɔw so na monka Onyankopɔn nhyira no, na monka ne nnome no wɔ Ebal Bepɔw so.+ 30  Sɛ mutwa kɔ Yordan atɔe fam a, mmepɔw no wɔ Kaananfo a wɔte Araba no asaase so. Ɛhɔ bɛn More nnua akɛse a ɛwɔ Gilgal anim no.+ 31  Moretwa Yordan akɔfa asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema mo no.+ Sɛ mo nsa ka asaase no na motena so a, 32  monhwɛ nni ahyɛde ne atemmusɛm a mereka ho asɛm akyerɛ mo nnɛ yi nyinaa so.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “wɔn aba.”
Kyerɛ sɛ, ntwahonan a wɔde wɔn nan tia so ma etwa ne ho. Wɔyɛ saa de twe nsu anaa wɔde pae aka anaa wɔde buebue aka mu.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ná efi ase fi October mfinimfini hɔ baabi. Hwɛ Nkh. B15.
Ná efi ase fi April mfinimfini hɔ baabi. Hwɛ Nkh. B15.
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “mo aniwa ntam.”
Kyerɛ sɛ, Ɛpo Kɛse, Mediterranea.