Deuteronomium 13:1-18

  • Nea ɛsɛ sɛ wɔde yɛ awaefo (1-18)

13  “Sɛ odiyifo anaa obi a ɔnam dae so ka daakye asɛm sɔre wɔ wo kurom na sɛ ɔka sɛ sɛnkyerɛnne anaa anwonwade bi besi, 2  na sɛnkyerɛnne anaa anwonwade a ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ wo no ba mu na ɔka kyerɛ mo sɛ, ‘Momma yenkodi anyame foforo’ a munnim wɔn ‘akyi nkɔsom wɔn’ a, 3  ɛnsɛ sɛ mutie saa odiyifo anaa ɔdaesofo no anom asɛm.+ Munhu sɛ Yehowa mo Nyankopɔn de resɔ mo ahwɛ+ sɛ mode mo koma nyinaa ne mo kra* nyinaa dɔ Yehowa mo Nyankopɔn+ anaa. 4  Yehowa mo Nyankopɔn akyi na munni, ɔno na munsuro no, n’ahyɛde so na munni, n’asɛm na muntie, ɔno na monsom no, na ɔno na mommata ne ho.+ 5  Mmom saa odiyifo anaa ɔdaesofo no de, munkum no,+ efisɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ma mosɔre tia Yehowa mo Nyankopɔn a oyii mo fii nkoafi wɔ Egypt asaase so na ogyee mo no. Ɔpɛ sɛ moman fi ɔkwan a Yehowa mo Nyankopɔn aka sɛ momfa so no so; munyi adebɔne no mfi mo mu.+ 6  “Ebia wo nuabarima a ɔyɛ wo maame ba, anaa wo babarima anaa wo babea anaa wo yere a ɔda wo kokom anaa wo yɔnko berɛbo bi bɛyɛ sɛ ɔrebɛdaadaa wo wɔ kokoam sɛ, ‘Ma yɛnkɔsom anyame foforo’+ a wo ne w’agyanom nnim wɔn, 7  anyame a aman a atwa mo ho ahyia nyinaa som wɔn no, aman a wɔbɛn mo anaa wɔwɔ akyirikyiri, efi asaase ano kosi asaase ano. 8  Ɛba saa a, mpene so na ntie no,+ nhu no mmɔbɔ, na mma wo yam nnhyehye wo mmma no, na nkata nea wayɛ no so; 9  mmom ɛsɛ sɛ wukum no.+ Di kan siw no abo, na ɔman no nyinaa nni akyi nsiw no abo nkum no.+ 10  Siw no abo kum no,+ efisɛ ɔpɛ sɛ ɔtwe wo fi Yehowa wo Nyankopɔn a oyii wo fii nkoafi wɔ Egypt asaase so no ho. 11  Ɛba saa a, Israelfo nyinaa bɛte na wɔasuro, na wɔrenyɛ bɔne a ɛte saa bio wɔ mo mu.+ 12  “Nkurow a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no, ebia wobɛte sɛ wɔreka wɔ nkurow no bi mu sɛ, 13  ‘Nnipahunu bi asɔre pɛ sɛ wɔsɛe kurow no mufo adwene, na wɔka sɛ monkɔsom anyame foforo a munnim wɔn.’ 14  Ɛba saa a, monhwehwɛ asɛm no mu yiye nhwɛ sɛ ɛyɛ nokware anaa.+ Muhu sɛ wɔayɛ akyiwade a ɛte saa wɔ wo mu ampa a, 15  momfa sekan nkunkum nnipa a wɔwɔ kurow no mu nyinaa,+ na momfa sekan nsɛe kurow no, emu nneɛma, ne emu nyɛmmoa nyinaa pasaa.+ 16  Afei mommoaboa asade* a aka nyinaa ano ngu kurow no mfinimfini, na momfa ogya nhyew kurow no ne asade no nyinaa ma ɛnyɛ ɔhyew afɔre mma Yehowa mo Nyankopɔn. Kurow no bɛdan amamfo afebɔɔ, na wɔrenkyekye bio. 17  Mfa wo nsa nka biribiara a ɛsɛ sɛ mosɛe no;+ ɛno bɛma Yehowa bo adwo. Ne yam bɛhyehye no na wahu wo mmɔbɔ na wama w’asefo adɔɔso sɛnea ɔkaa w’agyanom ntam no.+ 18  Enti tie Yehowa wo Nyankopɔn na di n’ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so, na woayɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa wo Nyankopɔn ani so.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “nneɛma a wonyae wɔ ɔko mu.”