Deuteronomium 15:1-23

  • Mfe ason biara awiei no, fa ɛka kyɛ (1-6)

  • Boa ohiani (7-11)

  • Mfe ason biara awiei no, gyaa nkoa ma wɔnkɔ (12-18)

    • Bɔ akoa asom tokuru (16, 17)

  • Hyira wo mmoa a wɔyɛ mmakan so (19-23)

15  “Mfe ason biara awiei no, fa ɛka biara kyɛ.+  Ɛho akwankyerɛ ni: Obiara mfa ɛka a ne yɔnko de no no nkyɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔdan ne yɔnko anaa ne nua ka, efisɛ ɛbɛyɛ bere a wɔde ɛka kyɛ wɔ Yehowa anim.+  Wubetumi adan ɔhɔho ka,+ nanso wo nua de, ɛka biara a ɔde wo no, fa kyɛ no.  Ɛnsɛ sɛ ehia obi wɔ wo kurom, efisɛ Yehowa behyira wo+ wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapade no so,  nanso gye sɛ wutie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na wudi ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so.+  Yehowa wo Nyankopɔn behyira wo sɛnea ɔhyɛɛ wo bɔ no, na wode nneɛma bɛfɛm aman pii, na wo de, worenkɔfɛm hwee;+ na wubedi aman pii so, na wo de, wɔrenni wo so.+  “Sɛ wudu asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so na ehia wo nua bi wɔ wo kurom a, mmɔ wo nua hiani no atirimɔden, na mma wo nsam nnyɛ den wɔ no so.+  Bue wo nsam ma no+ na fa nea ohia biara fɛm no.  Hwɛ yiye na adwemmɔne amma wo komam sɛ, ‘Aka kakraa bi na afe a ɛto so ason a wɔde ɛka kyɛ no adu.’+ Sɛ wudwen saa a, wobɛkata w’ani abɔ wo nua hiani no atirimɔden. Ɛba saa a, wo nti obesu afrɛ Yehowa na ɛbɛdan bɔne ama wo.+ 10  Yi wo yam pɛ biribi ma no,+ na ɛnsɛ sɛ woyɛ* no amemenemfe so. Yehowa wo Nyankopɔn bɛhwɛ ho ahyira biribiara a woyɛ so, na obehyira nea wo nsa beso mu biara nso.+ 11  Hu sɛ ohiani rempa w’asaase so.+ Eyi nti mereka akyerɛ wo sɛ, ‘Bue wo nsam ma wo nua a ne ho akyere no anaa nea ahia no wɔ w’asaase so.’+ 12  “Sɛ wɔtɔn wo nua Hebrini barima anaa ɔbea ma wo, na ɔsom wo mfe asia a, afe a ɛto so ason no, gyaa no ma ɔnkɔ.+ 13  Na sɛ wugyaa no a, mma ɔmmfa nsapan nnkɔ. 14  Yi wo yam fa wo nguan, wo nnɔbae, wo ngo, ne wo nsã* no bi gya no kwan. Sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn ahyira wo no, wo nso pɛ biribi ma no. 15  Kae sɛ na woyɛ akoa wɔ Egypt asaase so, na Yehowa wo Nyankopɔn gyee wo. Ɛno nti na ɛnnɛ mede mmara yi rema wo sɛ di so no. 16  “Nanso sɛ ɔdɔ wo ne wo fifo, na ɔte nka sɛ wo nkyɛn a ɔte nti ɔwɔ anigye a, ebia ɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Mempɛ sɛ mifi wo nkyɛn!’+ 17  Ɛba saa a, fa no kogyina ɔpon ho na fa ade a wɔde bɔ tokuru bɔ n’asom tokuru ma ɔnyɛ w’akoa afebɔɔ. Sɛ ɔyɛ afenaa nso a, yɛ no saa ara. 18  Mma ɛnnyɛ wo den sɛ wubegyaa no ma wakɔ, efisɛ adwuma a ɔde mfe asia yɛe no te sɛ apaafo baanu adwuma; afei nso, Yehowa wo Nyankopɔn ahyira nea woayɛ biara so. 19  “Hyira w’adwennini ne w’anantwinini a wɔyɛ mmakan no so ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Mfa wo nantwi* a ɔyɛ abakan nyɛ adwuma na ntwitwa wo guan a ɔyɛ abakan ho nwi. 20  Afe biara, wo ne wo fifo nwe wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim wɔ baabi a Yehowa bɛkyerɛ.+ 21  Nanso sɛ aboa no atɔ apakye, n’ani abɔ, anaa wadi dɛm foforo biara a, mfa no mmɔ afɔre mma Yehowa wo Nyankopɔn.+ 22  We wɔ wo kurow* mu. Obi a ne ho ntew ne nea ne ho tew nyinaa betumi awe bi, sɛnea mutumi we ɔtwe anaa ɔwansan no.+ 23  Nanso hwɛ na woanni ne mogya.+ Hwie gu fam sɛ nsu.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “ɛnsɛ sɛ wo koma yɛ.”
Anaa “bobesa.”
Nt., “nantwinini.”
Nt., “w’apon.”