Deuteronomium 17:1-20

  • Mfa aboa a wadi dɛm mmɔ afɔre (1)

  • Sɛ obi dan ɔwaefo a, nea ɛsɛ sɛ mode yɛ no (2-7)

  • Ɔkwan a mobɛfa so adi nsɛm a emu yɛ duru (8-13)

  • Ɔhene a obedi wɔn so ho akwankyerɛ (14-20)

    • Ɔhene no bɛkyerɛw Mmara no bi (18)

17  “Mfa nantwi anaa oguan a wadi dɛm anaa nea adebɔne biara wɔ ne ho mmɔ afɔre mma Yehowa wo Nyankopɔn, efisɛ ɛyɛ Yehowa wo Nyankopɔn akyiwade.+ 2  “Ebia na ɔbarima anaa ɔbea bi akɔyɛ bɔne anaa wabu Yehowa wo Nyankopɔn apam so wɔ nkurow a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no bi mu.+ 3  Sɛ ɔtwe ne ho kɔsom anyame foforo anaa ɔkotow owia anaa ɔsram anaa ɔsoro asafo biara,+ biribi a memmaa ho kwan,+ 4  na sɛ wɔka kyerɛ wo anaa wote ho asɛm a, hwehwɛ asɛm no mu yiye. Sɛ ɛbɛda adi sɛ ampa wayɛ akyiwade a ɛte saa wɔ Israel a,+ 5  ɛnde fa ɔbarima anaa ɔbea a ɔyɛɛ saa bɔne no bra kurow no pon ano, na siw ɔbarima anaa ɔbea no abo kum no.+ 6  Adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so+ na wonnyina nkum no. Ɛnsɛ sɛ wogyina ɔdansefo baako anom asɛm so kum no.+ 7  Adansefo no nni kan nsiw no abo, na ɔman no nyinaa nni akyi nsiw no abo nkum no. Yɛ saa fa yi adebɔne no fi wo mu.+ 8  “Sɛ asɛm bi sɔre wɔ wo nkurow no baako mu, na sɛ asɛm no mu yɛ duru ma wo sɛ wubedi a, sɛ ɛyɛ mogyahwiegu ho asɛm oo,+ ɛyɛ manso na nkurɔfo retwe oo, ɛyɛ obi na ɔtow hyɛɛ ne yɔnko so oo, sɔre kɔ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn apaw no,+ 9  na kohu Lewifo a wɔyɛ asɔfo no ne ɔtemmufo+ a ɔwɔ hɔ saa bere no, na fa asɛm no to wɔn anim na wommua mma wo.+ 10  Asɛm biara a wɔbɛka akyerɛ wo wɔ baabi a Yehowa apaw no, di so, na biribiara a wɔbɛkyerɛ wo sɛ yɛ no, yɛ no saa pɛpɛɛpɛ. 11  Mmara no mu asɛm biara a wɔbɛkyerɛ wo anaa atɛn biara a wobebu no, di so.+ Atɛn a wobebu no, mman mfi ho nkɔ benkum anaa nifa.+ 12  Sɛ obi yɛ ahantan na wantie ɔsɔfo a ogyina Yehowa wo Nyankopɔn anim resom anaa ɔtemmufo no a, ɛsɛ sɛ owu;+ yi adebɔne no fi Israel.+ 13  Ɛba saa a, ɔman no nyinaa bɛte na wɔasuro, na obiara amma ne ho so bio.+ 14  “Sɛ wunya kɔfa asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no tena so, na woka sɛ, ‘Ma minsi ɔhene na onni me so te sɛ aman a atwa me ho ahyia+ no nyinaa’ a, 15  ɛnde obi a Yehowa wo Nyankopɔn beyi no na ɛsɛ sɛ wode no si wo so hene.+ Ma wo nuanom no bi nni wo so hene. Worentumi mma ɔhɔho a ɔnyɛ wo nua nni wo so. 16  Nanso ɛnsɛ sɛ ɔhwehwɛ apɔnkɔ pii+ anaa ɔma nkurɔfo no san kɔ Egypt kɔpɛ apɔnkɔ pii,+ efisɛ Yehowa ka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Monnsan mo akyi nnkɔfa ɔkwan yi so bio.’ 17  Afei nso, ɛnsɛ sɛ ɔware mmea bebree na ne koma amman,+ na ɛnsɛ sɛ ɔhwehwɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ pii nso.+ 18  Sɛ ɔbɛtena n’ahengua so a, Mmara a ɛwɔ Lewifo a wɔyɛ asɔfo no nkyɛn no,+ ɔnhwɛ so nkyerɛw bi wɔ nhoma* mu. 19  “Ɔmfa nto ne ho na ɔnkenkan no ne nkwa nna nyinaa+ na ama wasua sɛ obesuro Yehowa ne Nyankopɔn, na wadi Mmara yi mu nsɛm ne ahyɛde yi nyinaa so.+ 20  Ɔyɛ saa a, ɔremma ne ho so nsen ne nuanom wɔ ne koma mu, na ɔremman mfi ahyɛde yi ho nkɔ benkum anaa nifa, na ama watena n’ahengua no so akyɛ wɔ Israel, ɔne ne mma nyinaa.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “nhoma mmobɔwee.”