Deuteronomium 19:1-21

  • Mogya ho afodi ne guankɔbea nkurow (1-13)

  • Mpia ahye a wɔato dedaw (14)

  • Asɛnni mu adansefo (15-21)

    • Ebehia adansefo baanu anaa baasa (15)

19  “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn sɛe aman a Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn nsaase rema wo no, na wokɔtena wɔn nkurow ne wɔn afi mu a,+  yi nkurow abiɛsa wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.+  Kyɛ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no mu abiɛsa, na siesie akwan a ɛkɔ nkurow no mu no, na sɛ obi kum onipa a, watumi aguan akɔ nkurow no baako mu.  “Sɛ obi kum onipa a, nea ɛbɛma waguan akɔ hɔ akonya ne ti adidi mu ne sɛ, wanhyɛ da na okum ne yɔnko no, na na ɔntan no dedaw.+  Ebi ne sɛ ebia obi ne ne yɔnko akɔ anyina na wama abonnua so sɛ ɔretwa gya wɔ wuram na dade no ahɔn afi dua no so abɛbɔ ne yɔnko no akum no. Ɛba saa a, nea wakum onipa no nguan nkɔ nkurow yi baako mu na onnya nkwa.+  Anyɛ saa a, anhwɛ a nea wɔakum no no busuani*+ no de abufuhyew bɛtaa nea wakum ne ho nipa no so, na esiane sɛ ɔkwan no ware nti, ɔbɛkɔ akɔto no akum no. Nanso ɛnsɛ sɛ owu, efisɛ na ɔntan ne yɔnko no.+  Ɛno nti na mereka akyerɛ wo sɛ: ‘Yi nkurow abiɛsa’ no.  “Sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn kaa w’agyanom ntam no, sɛ ɔtrɛw w’ahye mu+ na ɔde asaase a ɔhyɛɛ w’agyanom bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn no nyinaa ma wo a,+  (mmom gye sɛ wudi mmara a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so pɛpɛɛpɛ, wodɔ Yehowa wo Nyankopɔn, na wonantew n’akwan so daa)+ ɛnde san fa nkurow abiɛsa ka abiɛsa no ho.+ 10  Ɛba saa a, ɛremma wunhwie mogya a edi bem ngu+ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so, na worenni mogya ho fɔ.+ 11  “Nanso sɛ ɛba sɛ obi tan ne yɔnko+ na ɔkɔtɛw no na ɔtow hyɛ no so de biribi bɔ no* pira no ma owu, na oguan kɔ nkurow yi bi mu a, 12  ɛnde ne kurom mpanyimfo nsoma nkɔfa no mfi hɔ, na wɔmfa no nhyɛ nea wɔakum no no busuani* nsa, na onkum no.+ 13  Nhu no mmɔbɔ; yi mogya a edi bem ho asodi fi Israel so+ na asi wo yiye. 14  “Sɛ wunya kɔtena asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so, na wo nsa ka w’agyapade a, mpia wo yɔnko hye+ a wo nananom ato dedaw wɔ asaase no so no. 15  “Ɛnsɛ sɛ mugyina onipa baako adanse so bu obi fɔ* wɔ mfomso anaa bɔne biara a wayɛ ho.+ Adansefo baanu anaa baasa adanse* so na ɛsɛ sɛ asɛm no gyina.+ 16  Sɛ obi de adwemmɔne kodi ne yɔnko ho adanse a ɛnyɛ nokware*+ sɛ wato mmara a, 17  nnipa baanu a asɛm no fa wɔn ho no mmra Yehowa anim mmegyina asɔfo ne atemmufo a wɔwɔ hɔ saa bere no anim.+ 18  Ma atemmufo no nhwehwɛ asɛm no mu yiye,+ na sɛ ɛbɛda adi sɛ ɔdansefo no redi adanse a ɛnyɛ nokware na watwa asɛm ato ne nua no so a, 19  ɛnde ade a ɔbɔɔ pɔw sɛ anka ɔbɛyɛ ne nua no, mo nso monyɛ no saa ara,+ na munyi adebɔne no mfi mo mu.+ 20  Ɛba saa a, wɔn a wɔaka no bɛte na wɔasuro, na wɔrenyɛ bɔne a ɛte saa bio wɔ mo mu.+ 21  Nhu obiara mmɔbɔ:+ Nkwa* nsi nkwa* ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, na ɛnan nsi ɛnan ananmu.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “mogya ho weredifo.”
Anaa “de biribi bɔ ne kra.”
Anaa “mogya ho weredifo.”
Nt., “Onipa baako rentumi nni adanse ntia obi.”
Nt., “ano.”
Anaa “adansekurum.”
Anaa “Ɔkra.”
Anaa “ɔkra.”