Deuteronomium 23:1-25

  • Wɔn a ɛmfata sɛ wɔba Onyankopɔn asafo mu (1-8)

  • Ɛsɛ sɛ asoɛe hɔ tew (9-14)

  • Nkoa a woguan (15, 16)

  • Ɛnsɛ sɛ obiara yɛ tuutuuni (17, 18)

  • Nsiho ne bɔhyɛ ho mmara (19-23)

  • Nea obi kɔ ne yɔnko afuw mu a, obetumi adi (24, 25)

23  “Ɔbarima biara a wɔasa no, kyerɛ sɛ wɔapɛtɛw ne hwea mu aba anaa nea ne barima so atwa rentumi mma Yehowa asafo mu.+ 2  “Ɛnsɛ sɛ aguaman ba biara ba Yehowa asafo mu.+ N’awo ntoatoaso a ɛto so du a wobedi n’akyi aba mpo rentumi mma Yehowa asafo mu. 3  “Ɛnsɛ sɛ Ammonni anaa Moabni biara ba Yehowa asafo mu.+ Wɔn awo ntoatoaso a ɛto so du a wobedi wɔn akyi aba mpo rentumi mma Yehowa asafo mu da, 4  efisɛ bere a mufi Egypt reba no,+ wɔamfa aduan ne nsu ammehyia mo wɔ kwan so. Afei wɔbɔɔ paa sɛ Beor ba Baalam a ofi Petor a ɛwɔ Mesopotamia no nnome mo.*+ 5  Nanso Yehowa wo Nyankopɔn antie Baalam,+ na mmom Yehowa wo Nyankopɔn sesaa nnome no yɛɛ no nhyira maa wo,+ efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn dɔ wo.+ 6  Wo nkwa nna nyinaa, nyɛ biribi a ɛbɛma asi wɔn yiye anaa wɔanya nkɔso.+ 7  “Ntan Edomni, efisɛ ɔyɛ wo nua.+ “Ntan Egyptni nso, efisɛ na woyɛ ɔhɔho wɔ ne kurom.+ 8  Awo ntoatoaso a ɛto so abiɛsa a wɔbɛwo wɔn no betumi aba Yehowa asafo mu. 9  “Sɛ wokɔsoɛ baabi sɛ wo ne w’atamfo rekɔko a, twe wo ho fi adebɔne biara* ho.+ 10  Sɛ ɔbarima bi ho ba+ anadwo ma ɛno nti ne ho gu fi a, ɔnkɔ asoɛe no akyi. Ɛnsɛ sɛ ɔsan ba asoɛe hɔ. 11  Sɛ edu anwummere a, ɔmfa nsu nguare, na afei bere a owia akɔtɔ no, ɔnsan mmra asoɛe hɔ.+ 12  Yɛ baabi* wɔ asoɛe no akyi a wobɛkɔ akɔyɛ wo ho yiye wɔ hɔ. 13  Sɛ wokɔ mfikyiri hɔ sɛ worekɔkotow agya w’anan a, nya ɔsosɔw wɔ wo nneɛma mu na wode atu amoa, na wuwie a wode akata wo tiafi so. 14  Efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn nam w’asoɛe hɔ+ sɛ obegye wo na ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa. Enti ma w’asoɛe hɔ nyɛ kronkron+ na wammehu atantanne biara wɔ wo mfinimfini na wantwe ne ho amfi wo ho. 15  “Sɛ akoa guan fi ne wura nkyɛn ba wo hɔ a, nsan mfa no nkɔma ne wura. 16  Ma ɔntena wo nkyɛn wɔ baabiara a ɔpɛ wɔ wo nkurow no bi mu. Hwɛ na woanteetee no.+ 17  “Ɛnsɛ sɛ Israelni bea biara yɛ tuutuuni+ wɔ asɔrefi, na saa ara na ɛnsɛ sɛ Israelni barima biara yɛ tuutuuni wɔ asɔrefi.+ 18  Mfa tuutuuni bea akatua anaa tuutuuni barima* akatua mma sɛ wode rebetua wo bɔhyɛ ade wɔ Yehowa wo Nyankopɔn fi, efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn kyi wɔn nyinaa. 19  “Mma wo nua nntua nsiho+ wɔ biribiara ho; sika ho nsiho oo, aduan ho nsiho oo, biribi foforo biara ho nsiho oo, mma wo nua nntua. 20  Wubetumi agye ɔhɔho nsiho,+ nanso wo nua de, nnye no nsiho+ na ama Yehowa wo Nyankopɔn ahyira biribiara a wobɛyɛ wɔ asaase a worekɔtena so no so.+ 21  “Sɛ wohyɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɔ a,+ ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubedi so,+ anyɛ saa a Yehowa wo Nyankopɔn bebisa wo ɔkwan biara so, na ɛbɛdan bɔne ama wo.+ 22  Sɛ wonhyɛɛ bɔ de a, wonyɛɛ bɔne.+ 23  Asɛm biara a ebefi w’anom aba no, hwɛ di so,+ na biribiara a wobɛhyɛ bɔ sɛ wode bɛbɔ ayamye afɔre ama Yehowa wo Nyankopɔn no, yɛ nea wode w’ano aka no pɛpɛɛpɛ.+ 24  “Sɛ wokɔ wo yɔnko bobefuw* mu a, di aba dodow a ɛbɛmee wo,* nanso mfa bi ngu w’ade mu nkɔ.+ 25  “Sɛ wokɔ wo yɔnko afuw mu a, fa wo nsa pempan hwiit* a anyin no bi, nanso hwɛ na woantwe kantankrankyi* anto wo yɔnko afuw so.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ɔmfrɛ mmusu mmra mo so.”
Anaa “biribiara a ɛho ntew.”
Kyerɛ sɛ, agyananbea.
Nt., “ɔkraman.”
Anaa “bobeturo.”
Anaa “ɛbɛmee wo kra.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dade bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sosɔw.