Deuteronomium 27:1-26

  • Wɔbɛkyerɛw Mmara no mu nsɛm agu abo so (1-10)

  • Gerisim Bepɔw ne Ebal Bepɔw (11-14)

  • Wɔbobɔɔ nnome no so (15-26)

27  Ɛnna Mose ne Israel mpanyimfo no ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Mmara nsɛm a mede rema mo nnɛ yi, monhwɛ nni emu biara so. 2  Ɛda a mubetwa Yordan akɔ asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema mo no so no, monhyehyɛ abo akɛse nsi hɔ na momfa dɔte nsra ho.*+ 3  Afei sɛ mutwa kɔ asuogya a, monkyerɛw Mmara yi mu nsɛm nyinaa ngu so, na monkɔtena asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so no so, sɛnea Yehowa mo agyanom Nyankopɔn ahyɛ mo bɔ no.+ 4  Sɛ mutwa Yordan wie a, monhyehyɛ abo yi wɔ Ebal Bepɔw+ so sɛnea mereka akyerɛ mo nnɛ yi, na momfa dɔte nsra ho.* 5  Bio nso, fa abo si afɔremuka wɔ hɔ ma Yehowa wo Nyankopɔn. Mfa dade biara nyɛ ho adwuma.+ 6  Fa abo a wontwitwaa ho si afɔremuka ma Yehowa wo Nyankopɔn, na bɔ ɔhyew afɔre wɔ so ma Yehowa wo Nyankopɔn. 7  Bɔ asomdwoe afɔre+ na di wɔ hɔ,+ na gye w’ani wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim.+ 8  Na kyerɛw Mmara yi mu nsɛm nyinaa yiye gu abo no so.”+ 9  Afei Mose ne Lewifo a wɔyɛ asɔfo no ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa sɛ: “O Israelfo, monyɛ komm na muntie. Ɛnnɛ moabɛyɛ Yehowa mo Nyankopɔn man.+ 10  Muntie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm, na munni ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde+ a mede rema mo nnɛ yi so.” 11  Saa da no, Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ:  12  “Sɛ mutwa Yordan wie a, mmusuakuw yi na wobegyina Bepɔw Gerisim so aka nhyira no:+ Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef, ne Benyamin. 13  Na eyinom nso na wobegyina Ebal Bepɔw so+ aka nnome no: Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan, ne Naftali. 14  Afei Lewifo no mma wɔn nne so nka mma Israelni biara nte sɛ:+ 15  “‘Nnome nka obiara a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasen+ anaa dade honi*+ de asie. Ɛyɛ Yehowa akyiwade+ a odwumfo de ne nsa ayɛ.’ (Na ɔman no nyinaa begye so sɛ, ‘Amen!’*) 16  “‘Nnome nka nea obebu ne papa anaa ne maame animtiaa.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’) 17  “‘Nnome nka nea opia ne yɔnko hye kɔ akyi.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’) 18  “‘Nnome nka nea ɔbɛma onifuraefo ayera kwan.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’) 19  “‘Nnome nka nea obu ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu, agyanka, anaa okunafo+ atɛnkyea.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’) 20  “‘Nnome nka nea ɔne ne papa yere bɛda, efisɛ wagu ne papa anim ase.’*+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’) 21  “‘Nnome nka nea ɔne aboa biara bɛda.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’) 22  “‘Nnome nka nea ɔne ne nuabea a ɔyɛ ne papa anaa ne maame ba bɛda.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’) 23  “‘Nnome nka nea ɔne ne yere maame bɛda.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’) 24  “‘Nnome nka nea ɔkɔtɛw ne yɔnko na okum no.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’) 25  “‘Nnome nka nea ogye adanmude* kum obi* a ne ho nni asɛm.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’) 26  “‘Nnome nka nea ɔremfa Mmara yi mu nsɛm nyɛ adwuma.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “momfa akado nka ho fitaa.”
Anaa “momfa akado nka ho fitaa.”
Anaa “Ɛnyɛ hɔ!”
Anaa “ahoni a wɔagu.”
Nt., “wayi ne papa nkataho.”
Anaa “braeb.”
Anaa “kum ɔkra.”