Deuteronomium 28:1-68

  • Osetie ho nhyira (1-14)

  • Asoɔden ho nnome (15-68)

28  “Sɛ woyɛ aso tie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na wudi ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, Yehowa wo Nyankopɔn bɛma woayɛ kɛse asen asaase so aman nyinaa.+  Wokɔ so yɛ aso tie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm a, nhyira yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+  “Nhyira bɛka wo wɔ kurom, na nhyira aka wo wɔ afuw mu.+  “Nhyira bɛka wo mma*+ ne w’asaase so nnɔbae ne w’ayɛmmoa mma, w’anantwi mma ne wo nguan mma.+  “Nhyira bɛka wo kɛntɛn+ ne nea wofɔtɔw mmɔre wom.+  “Nhyira bɛka wo wɔ biribiara a woyɛ mu.  “W’atamfo a wɔbɛsɔre aba wo so no, Yehowa bɛma woadi wɔn so nkonim.+ Wɔbɛfa ɔkwan baako so aba wo so, nanso akwan ason na wɔbɛfa so aguan afi w’anim.+  Yehowa behyira w’adekoradan ne biribiara a wobɛyɛ so,+ na obehyira wo wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.  Yehowa de wo bɛyɛ ne man kronkron+ sɛnea ɔkaa wo ntam no,+ efisɛ wudi Yehowa wo Nyankopɔn mmara nsɛm so, na wonantew n’akwan so. 10  Asaase so aman nyinaa behu sɛ Yehowa din da wo so,+ na wobesuro wo.+ 11  “Yehowa behyira wo ama wo mma adɔɔso, na wo nyɛmmoa ayɛ bebree, na w’afuw bɛma nnɔbae pii+ wɔ asaase a Yehowa kaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wo no so.+ 12  Yehowa bebue ɔsoro adekoradan a nneɛma pa ahyɛ mu ma ama wo, na watɔ osu agu w’asaase so wɔ ne bere mu,+ na obehyira nea woyɛ nyinaa so. Wobɛma aman bebree bosea, na wo de, woremmɔ obiara hɔ bosea.+ 13  Yehowa wo Nyankopɔn mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi, sɛ wokɔ so di so a, Yehowa de wo bedi kan+ na ɛnyɛ akyi; wobɛkɔ w’anim daa na woremma w’akyi. 14  Mmara a mede rema wo nnɛ yi, mman mfi ho nkɔ nifa anaa benkum+ nkodi anyame foforo akyi nkɔsom wɔn.+ 15  “Nanso sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni ne mmara ne n’ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnde nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+ 16  “Nnome bɛka wo wɔ kurom, na nnome aka wo wɔ afuw mu.+ 17  “Nnome bɛka wo kɛntɛn+ ne nea wofɔtɔw mmɔre wom.+ 18  “Nnome bɛka wo mma*+ ne w’asaase so nnɔbae ne w’anantwi mma ne wo nguan mma.+ 19  “Nnome bɛka wo wɔ biribiara a woyɛ mu. 20  “Esiane sɛ woayɛ nneɛma bɔne na woapo me nti, Yehowa de nnome ne ahoyeraw ne asotwe bɛba biribiara a wobɛyɛ so akosi sɛ ɔbɛsɛe wo ama w’ase atɔre prɛko pɛ.+ 21  Yehowa bɛma ɔyare abɛtena wo so akosi sɛ ɔbɛtɔre w’ase afi asaase a worekɔ so no so.+ 22  Yehowa de nsamanwaw, atiridii,+ ahoyeraw, ahohyehye, ne sekan+ bɛba wo so, na ɔbɛma ɔhyew akum wo nnɔbae na ɔyare atew asi w’afuw so;+ eyinom nyinaa bɛba wo so akosi sɛ w’ase bɛhyew. 23  Ewim a ɛkata wo so yi bɛdan kɔbere na asaase a ɛwɔ w’ase yi adan dade.+ 24  Yehowa de nsõ ne mfuturu na ɛbɛyɛ osu ama wo wɔ w’asaase so. Ɛbɛtɔ afi soro agu wo so akosi sɛ ɔbɛtɔre w’ase. 25  Yehowa bɛma woadi nkogu wɔ w’atamfo anim.+ Wobɛfa ɔkwan baako so akɔ wɔn so, nanso akwan ason na wobɛfa so aguan afi wɔn anim, na ɛbɛma asaase so ahemman nyinaa ho adwiriw wɔn.+ 26  Wo funu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asaase so mmoa nyinaa, na obiara nni hɔ a ɔbɛpam wɔn.+ 27  “Yehowa bɛma Egypt mpɔmpɔ abobɔ wo na wama kooko ne ntwom ne gyatɔ ayɛ wo, na worennya ano aduru. 28  Yehowa de adammɔ ne anifurae bɛba wo so,+ na ɔbɛma w’adwene atu afra.* 29  Awia ketee, wode wo ti bɛpempem te sɛ onifuraefo a esum aduru no+ a ɔde ne ti pempem, na nea wobɛyɛ biara rensi wo yiye. Na daa nkurɔfo besisi wo na wɔawia wo ho nneɛma, na obiara nni hɔ a obegye wo.+ 30  Wode w’ano bɛto ɔbea so sɛ wobɛware no, nanso ɔbarima foforo bɛto no mmonnaa. Wubesi dan, nanso worentena mu.+ Wobɛyɛ bobefuw,* nanso worentew aba wɔ so.+ 31  Wobekum wo nantwi wɔ w’anim, nanso ebi renka w’ano. Wode w’ani behu sɛ obi rewia w’afurum, nanso wo nsa renka bio. Wɔde wo nguan bɛma w’atamfo, nanso obiara nni hɔ a obetwitwa agye wo. 32  Wode w’ani behu sɛ wɔde wo mma mmarima ne wo mma mmea ama ɔman foforo,+ na daa w’ani begyina wɔn, nanso worentumi nyɛ ho hwee. 33  Ɔman a wunnim wɔn na wobedi w’afuw mu nnɔbae ne wo nsa ano adwuma nyinaa,+ na wobesisi wo ahyɛ wo so daa. 34  Nea wode w’ani behu no bɛma wo ho ayeraw wo. 35  “Yehowa bɛma mpɔmpɔ bɔne abobɔ wo nkotodwe ne wo nan abien no ho nyinaa, na obiara rentumi nsa wo yare. Ɛbɛbobɔ wo afi wo nan ase akosi w’apampam. 36  Wo ne ɔhene a wode no besi wo so no nyinaa, Yehowa de mo bɛkɔ ɔman a wo ne w’agyanom nnim wɔn so,+ na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforo a wɔde dua ne abo ayɛ.+ 37  Aman a Yehowa bɛpam wo akɔ so no nyinaa, wo nti wɔn ho bedwiriw wɔn, na wɔde wo aka asɛm aserew* adi wo ho fɛw.+ 38  “Wubedua aba pii, nanso kakraa bi na wubetwa,+ efisɛ ntutummɛ bɛwe. 39  Wobɛyɛ bobefuw adɔw ho, nanso worennya bobesa biara nnom na worentwa aba biara+ efisɛ ɔsã bɛwe. 40  Wubenya ngodua wɔ w’asaase so baabiara, nanso worennya ngo nsra, efisɛ aba no bɛporow agu. 41  Wobɛwo mma mmarima ne mma mmea nanso wɔrentena wo nkyɛn afebɔɔ, efisɛ wɔbɛba abɛkyere wɔn akɔ obi man so.+ 42  Mmebɛw* begye wo nnua ne w’afuw mu nnɔbae nyinaa afa. 43  Ɔhɔho a wo ne no te no, daa ɔbɛkɔ soro, na wo de, daa wobɛba fam. 44  Ɔbɛma wo bosea, na wo de, worentumi mma no bosea.+ Obedi kan na woadi akyi.+ 45  “Nnome yi nyinaa+ betiw wo abɛto wo akosi sɛ w’ase bɛhyew,+ efisɛ woantie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni n’ahyɛde ne ne mmara a ɔde ama wo no so.+ 46  Na eyinom nyinaa bɛba wo ne wo mma so, na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne ne anwonwade daa,+ 47  efisɛ bere a wunyaa biribiara ma ebuu so no, woamfa ahosɛpɛw ne komam anigye ansom Yehowa wo Nyankopɔn.+ 48  Yehowa bɛsoma w’atamfo aba wo so, na bere a wunni ataade papa biara hyɛ na biribiara abɔ wo no, wode ɔkɔm+ ne sukɔm bɛsom wɔn.+ Ɔde dade kɔndua bɛhyɛ wo kɔn akosi sɛ ɔbɛtɔre w’ase koraa. 49  “Yehowa bɛma ɔman bi a wonte wɔn kasa+ afi asaase ano akyirikyiri+ abɛtow ahyɛ wo so sɛ ɔkɔre.+ 50  Ɛbɛyɛ ɔman a wɔn ani yɛ den a wonnim akwakoraa anaa abofra.+ 51  Wɔbɛwe w’ayɛmmoa mma na wɔadi w’asaase so nnɔbae nyinaa akosi sɛ wɔbɛtɔre w’ase koraa. Wɔrennyaw wo hwiit,* bobesa foforo, ngo, w’anantwi mma anaa wo nguan mma kosi sɛ wɔbɛsɛe wo.+ 52  Nkurow a ɛwɔ w’asaase so nyinaa mu no, wɔbɛka wo ahyɛ mu akosi sɛ w’abantenten a wode wo ho ato so no bedwiriw agu. Sɛnea ɛte biara wɔbɛka wo ahyɛ wo nkurow no mu wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so baabiara.+ 53  Ɛba saa a, esiane sɛ worennya wo ho atwaye na wo tamfo no bɛma wo ho akyere wo nti, w’ankasa mma* mmarima ne wo mma mmea a Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn ama wo no, wɔn na wobɛwe wɔn.+ 54  “Ɔbarima a ne ho dwo na odwen nnipa ho mpo renhu ne nua ne ne yere a ɔdɔ no ne ne mma a wɔaka mmɔbɔ, 55  na esiane ahokyere ne nhyɛso a wo tamfo de bɛba wo nkurow no so nti, n’ano aduan bɛbɔ no+ ama wawe ne ba nam, na ɔremma obiara bi. 56  Na ɔbea a ne ho dwo a tirimdɛ nti ɔmpɛ sɛ ne nan bɛka fam no mpo+ renhu ne kunu a ɔdɔ no ne ne mma mmarima ne ne mma mmea mmɔbɔ; 57  awo akyi ade a afi ne nan ntam aba ne ne mma a wawo wɔn no mpo, wɔrenyɛ no mmɔbɔ. Ɔbɛhyɛ kokoam awe efisɛ wo tamfo bɛka wo ahyɛ wo kurom ama wo ho akyere wo. 58  “Sɛ woanni Mmara a wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu+ nyinaa so na woansuro Yehowa+ wo Nyankopɔn din kɛse a ɛyɛ hu+ yi a, 59  Yehowa nso bɛma wo ne wo mma haw ne mo abɛbrɛsɛ mu ayɛ den na atena mo so akyɛ.+ Na ɔde ɔyare bɔne a woko a ɛnkɔ bɛbɔ mo. 60  Ɔde Egypt nyarewa a na wusuro no nyinaa bi bɛbɔ wo, na ɛbɛtena wo so afebɔɔ. 61  Afei nso, nyarewa ne amanehunu a wɔnkyerɛwee wɔ Mmara nhoma yi mu mpo, Yehowa de bɛba wo so kosi sɛ w’ase bɛhyew. 62  Moadɔɔso te sɛ ɔsoro nsoromma,+ nanso afei de, mobɛka kakraa bi,+ efisɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm. 63  “Na sɛnea bere bi Yehowa ani gyei sɛ ɔbɛma asi mo yiye na wama moadɔɔso no, saa ara na Yehowa ani begye sɛ ɔbɛsɛe mo atɔre mo ase. Na ɔbɛtɔre mo ase afi asaase a morekɔ so no so. 64  “Yehowa bɛbɔ wo ahwete aman nyinaa so afi asaase ano akosi asaase ano,+ na ɛhɔ na wobɛsom anyame a wo ne w’agyanom nyinaa nnim wɔn,+ anyame a wɔde nnua ne abo ayɛ. 65  Worennya asomdwoe wɔ aman yi mu,+ na worennya baabi mfa wo nan nsi nhome. Mmom Yehowa bɛma wo koma atu,+ na w’ani asɛe na woabotow.*+ 66  Wɔde wo nkwa begoru atɔprɛ, na anadwo oo, awia oo, ehu bɛka wo, na worentumi nhu sɛ ade bɛkye wo anaa ɛrenkye wo. 67  Ade kye anɔpa a, wobɛka sɛ, ‘Minyae a, anka ɛyɛ anwummere!’ na edu anwummere nso a, wobɛka sɛ, ‘Minyae a, anka ɛyɛ anɔpa!’ efisɛ wo koma betu, na nea w’ani behu nso bɛma woabɔ hu. 68  Na ɔkwan a meka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Worenhu bio’ no, Yehowa de hyɛn bɛfa wo de wo afa so akɔ Egypt, na mobɛyɛ sɛ moretɔn mo ho ama mo atamfo de mo ayɛ nkoa ne mfenaa, nanso obiara rentɔ mo.”

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “wo yafunu mu aba.”
Nt., “wo yafunu mu aba.”
Anaa “ɔbɛma wo koma atu.”
Anaa “bobeturo.”
Nt., “wɔde ayɛ akasabebu.”
Anaa “Ntummoa manyamanya.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Nt., “yafunu mu aba.”
Anaa “wo kra abotow.”