Deuteronomium 29:1-29

  • Ɔne Israel yɛɛ apam wɔ Moab (1-13)

  • Asoɔden ho kɔkɔbɔ (14-29)

    • Nsɛm a ahintaw, nsɛm a wɔayi no adi (29)

29  Apam a Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfo nyɛ wɔ Moab asaase so no, emu nsɛm ni. Ɛsono apam a ɔne wɔn yɛe wɔ Horeb no.+ 2  Mose frɛɛ Israelfo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea Yehowa de yɛɛ Farao ne ne nkoa ne n’asaase wɔ Egypt no, mode mo ani huu ne nyinaa.+ 3  Muhuu atemmu* akɛse no, nsɛnkyerɛnne ne anwonwade akɛse no nyinaa.+ 4  Nanso koma a mode bɛte ase ne ani a mode behu ne aso a mode bɛte de, Yehowa mfa mmaa mo de besi nnɛ.+ 5  ‘Bere a mede mo faa sare so mfe 40 no,+ mo ho ntaade antetew, na mo nan ase mpaboa anhi.+ 6  Moanni paanoo na moannom bobesa anaa nsã foforo biara a ɛbow, na ɛma muhui sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.’ 7  Bere a mubeduu ha no, Hesbon hene Sihon+ ne Basan hene Og+ behyiaa yɛn ne yɛn koe, nanso yedii wɔn so nkonim.+ 8  Ɛnna yegyee wɔn asaase, na yɛde maa Rubenfo, Gadfo, ne Manase abusuakuw fã+ no sɛ wɔn agyapade. 9  Enti monhwɛ sɛ mubedi apam yi mu nsɛm so na ama biribiara a mobɛyɛ asi mo yiye.+ 10  “Ɛnnɛ mo nyinaa mugyina Yehowa mo Nyankopɔn anim; mo ne wɔn a wɔdeda mo mmusuakuw ano, mo mpanyimfo, mo atitiriw, Israel mmarima nyinaa, 11  mo mma, mo yerenom,+ ne ahɔho a wɔabɛsoɛ mo mu+ nyinaa, wɔn a wɔkɔ anyina ma mo ne wɔn a wɔkɔ nsu ma mo nyinaa. 12  Moahyia ha nnɛ sɛ morebɛka ntam wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim na mo ne Yehowa mo Nyankopɔn de ayɛ apam,+ 13  sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde mo bɛyɛ ne man+ na ɔno nso ayɛ mo Nyankopɔn,+ sɛnea ɔhyɛɛ mo bɔ na ɔkaa mo agyanom Abraham,+ Isak,+ ne Yakob+ ntam no. 14  “Nanso ɛnyɛ mo nkutoo na me ne mo reyɛ apam ama moaka ɛho ntam yi; 15  mmom wɔn a wogyina Yehowa yɛn Nyankopɔn anim nnɛ ne wɔn a wonni yɛn nkyɛn nnɛ nyinaa nso ka ho. 16  (Mo ankasa munim sɛ yɛtenaa Egypt asaase so na yetwaam faa aman foforo so wɔ yɛn akwantu yi mu.+ 17  Muhuu akyiwade a wɔyɛ ne wɔn abosom fĩ*+ a wɔde nnua ne abo ne dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ayɛ a ɛwɔ wɔn mu no.) 18  Monhwɛ yiye na nnɛ mo mu ɔbarima anaa ɔbea anaa abusua anaa abusuakuw bi koma amman amfi Yehowa yɛn Nyankopɔn ho ankɔsom amanaman no anyame,+ na ntini bi amfefɛw ammɛyɛ awɔnwene na ansow aba a edi awu.+ 19  “Nanso sɛ obi te ntam yi mu nsɛm na ɔhoahoa ne ho wɔ ne komam sɛ, ‘Meyɛ nea me koma pɛ mpo a, menya asomdwoe,’ na sɛ ɔde sɛe biribiara a atwa ne ho ahyia* a, 20  ɛnde Yehowa nso remfa ne ho nkyɛ no.+ Mmom Yehowa bo befuw saa onipa no denneennen, na nnome a ɛwɔ nhoma yi mu nyinaa bɛba no so,+ na Yehowa bɛpopa ne din afi ɔsoro ase. 21  Yehowa beyi no afi Israel mmusuakuw nyinaa mu de ɔhaw aba no so, sɛnea apam no mu nnome a wɔakyerɛw wɔ Mmara nhoma yi mu no nyinaa te. 22  “Mo mma awo ntoatoaso a wɔbɛba daakye ne ahɔho a wofi akyirikyiri asaase so nyinaa behu ɔhaw ne nyarewa a Yehowa de aba asaase no so no. 23  Wobehu sɛ sɔfe* ne nkyene ne ɔhyew asɛe asaase no nyinaa na obiara ntumi nnua ade wɔ so, na aba anaa afifide biara ntumi mfifi wɔ so, na ayɛ sɛ Sodom ne Gomora,+ Adma ne Seboiim+ a Yehowa de abufuw sɛee no no. 24  Ɛba saa a, wɔne aman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Adɛn nti na Yehowa ayɛ asaase yi saa?+ Dɛn na ɛhyɛɛ no abufuw kɛse saa?’ 25  Na wɔbɛka sɛ, ‘Efisɛ wɔapo apam a Yehowa wɔn agyanom Nyankopɔn ne wɔn yɛe+ bere a oyii wɔn fii Egypt asaase so no.+ 26  Na wɔakɔsom anyame foforo na wɔakotow wɔn, anyame a wonnim wɔn, anyame a ɔmmaa wɔn kwan sɛ wɔnsom wɔn.*+ 27  Ɛno na ɛmaa Yehowa bo fuw asaase no denneennen na ɔde nnome a wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu no nyinaa baa so no.+ 28  Enti Yehowa ani beree wɔn so, na ɔde abufuw tuu wɔn fii wɔn asaase so+ na ɔde wɔn kɔɔ asaase foforo so, na nnɛ ɛhɔ na wɔwɔ.’+ 29  “Nsɛm a ahintaw yɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn dea,+ na nea wɔayi no adi no yɛ yɛne yɛn mma dea afebɔɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi Mmara yi mu nsɛm nyinaa so.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “sɔhwɛ.”
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.
Nt., “sɛe nea wayɛ frɔmm ne nea watwintwam.”
Anaa “sufre.” Ade bi a ɛte sɛ atuduru a wɔde gu ogya mu ma ɛdɛw.
Nt., “ɛnyɛ ɔno na ɔde maa wɔn.”