Deuteronomium 3:1-29

  • Wodii Basan hene Og so nkonim (1-7)

  • Wɔkyekyɛɛ nsaase a ɛwɔ Yordan apuei fam no (8-20)

  • Ɔka kyerɛɛ Yosua sɛ ɛnsɛ sɛ osuro (21, 22)

  • Mose renkɔ asaase no so bi (23-29)

3  “Afei yɛdan yɛn ho, na yɛfaa Basan Kwan so foro kɔe. Na Basan hene Og de ne nkurɔfo nyinaa behyiaa yɛn sɛ ɔne yɛn rebɛko wɔ Edrei.+  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nsuro no, efisɛ mede ɔne ne nkurɔfo nyinaa ne n’asaase bɛhyɛ wo nsa, na sɛnea woyɛɛ Amorifo hene Sihon a na ɔte Hesbon no, saa ara na wobɛyɛ no.’  Enti Yehowa yɛn Nyankopɔn de Basan hene Og nso ne ne nkurɔfo nyinaa hyɛɛ yɛn nsa, na yekunkum wɔn nyinaa na anka ne nkurɔfo no baako mpo.  Saa bere no, yɛfaa ne nkurow nyinaa. Kurow baako mpo nni hɔ a yɛannye amfi wɔn nsam. Yɛfaa nkurow 60 wɔ Argob asaase so nyinaa, kyerɛ sɛ, Og ahemman a ɛwɔ Basan no.+  Ná ne nyinaa yɛ nkurow akɛse a ɛwɔ afasu atenten ne apon akɛse a nnade deda akyi. Eyinom da nkyɛn a, na nkurow nketewa pii a enni afasu nso ka ho.  Ne nyinaa akyi no, yɛsɛee nkurow no pasaa+ sɛnea yɛyɛɛ Hesbon hene Sihon no; yɛsɛee kurow biara, na yekunkum emu mmarima, mmea, ne mmofra nyinaa.+  Na wɔn nyɛmmoa ne nneɛma foforo a ɛwɔ nkurow no mu de, yɛfae.  “Saa bere no, yegyee asaase no fii Amorifo ahemfo baanu+ a na wɔwɔ Yordan mantam mu no nsam, efi Arnon Bon* ho kosi Hermon Bepɔw ho.+  (Ná Sidonfo frɛ saa bepɔw no Sirion, na Amorifo nso frɛɛ no Senir.) 10  Afei yɛfaa nkurow a ɛwowɔ bepɔw so asaase tratraa so no ne Gilead ne Basan nyinaa kosii Saleka ne Edrei,+ nkurow a ɛwɔ Og ahemman mu wɔ Basan no. 11  Saa bere no, na Basan hene Og nkutoo ne Refaimni a waka. Mpa a wɔde ne funu too so no, dade* na wɔde yɛe. Mpa yi da so si Ammonfo kurow Raba. Sɛ wosusuw no basafa* mu sɛnea obiara nim no a, ne tenten yɛ basafa akron, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa anan. 12  Saa bere no na yɛfaa nsaase yi: efi Aroer+ a ɛwɔ Arnon Bon* ho ne Gilead mmepɔw mu no fã, na mede nkurow a ɛwowɔ hɔ no ama Rubenfo ne Gadfo.+ 13  Na mede Gilead asaase a aka ne Og ahemman a ɛwɔ Basan nyinaa ama Manase abusuakuw no fã.+ Argob a ɛka Basan asaase ho no nyinaa, edin a na wɔde frɛ hɔ ne Refaim asaase. 14  “Manase ba Yair+ faa Argob asaase+ no nyinaa besii Gesurfo ne Maakatfo+ hye so. Na ɔde ne din too Basan nkuraa a ɛwowɔ hɔ no so, na wɔafrɛ hɔ Hawot-Yair*+ abesi nnɛ. 15  Mede Gilead nso ama Makir.+ 16  Rubenfo ne Gadfo+ nso, mede asaase a efi Gilead kosi Arnon Bon* no mfinimfini ama wɔn. Ɛba ara besi Yabok Bon ho wɔ Ammonfo hye so, 17  ne Araba ne Yordan asaase no ho kɔfa Kineret besi Araba Po anaa Nkyene Po* no ho wɔ Pisga mmepɔw no ase, ɛrekɔ apuei fam no.+ 18  “Ɛnna meka kyerɛɛ mo sɛ: ‘Yehowa mo Nyankopɔn de asaase yi ama mo sɛ momfa. Mo mu mmarima akantinka nyinaa bɛfa wɔn akode adi mo nuanom Israelfo anim+ atwa akɔ asaase no so. 19  Mo yerenom, mo mma nkumaa, ne mo nyɛmmoa (nyɛmmoa nso de, minim sɛ mowɔ pii), eyinom nkutoo na wɔbɛtena nkurow a mede ama mo no mu 20  kosi sɛ Yehowa bɛma mo nuanom ahome sɛnea wayɛ ama mo no, na wɔafa asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de bɛma wɔn wɔ Yordan agya no. Ɛno akyi no, mubetumi asan aba asaase a mede ama mo no so.’+ 21  “Saa bere no, meka kyerɛɛ Yosua+ sɛ, ‘W’ankasa wode w’aniwa ahu nea Yehowa wo Nyankopɔn de ayɛ ahemfo baanu yi. Saa ara na Yehowa bɛyɛ ahemman a moretwa akɔ mu no nyinaa.+ 22  Munnsuro wɔn efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn na ɔreko ama mo.’+ 23  “Afei mesrɛɛ Yehowa saa bere no sɛ, 24  ‘O Awurade Tumfo Yehowa, woama w’akoa rehu wo kɛseyɛ ne wo basa a ɛyɛ den no.+ Onyame bɛn na ɔwɔ soro anaa asaase so a obetumi ayɛ wo nnwuma akɛse yi bi?+ 25  Mesrɛ wo, ma mintwa nkɔhwɛ asaase pa a ɛwɔ Yordan agya no, bepɔw so asaase fɛfɛ no ne Lebanon.’+ 26  Nanso mo nti, Yehowa bo a efuw me no, na ennwoe,+ enti wantie me. Mmom Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Twa so! Mmɔ asɛm yi so nkyerɛ me bio. 27  Foro kogyina Pisga+ na ma w’ani so hwɛ atɔe ne atifi ne anaafo ne apuei, na Yordan de, worentwa.+ 28  Fa Yosua yɛ ɔman no kannifo,+ na hyɛ no nkuran na hyɛ no den, efisɛ ɔno na obedi ɔman yi anim atwa akɔ,+ na asaase a wuhui no, ɔno na ɔbɛma wɔn nsa aka.’ 29  Nsɛm yi nyinaa sisii bere a na yɛte bon no mu wɔ Bet-Peor anim no.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Arnon Subon.”
Ebetumi nso akyerɛ, “ɔbo tuntum.”
Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “Subon.”
Ɛkyerɛ, “Yair Ntamadan Nkurow.”
Anaa “Subon.”
Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awu.