Deuteronomium 34:1-12

  • Yehowa de asaase no kyerɛɛ Mose (1-4)

  • Mose wui (5-12)

34  Afei Mose fi Moab sare so kɔɔ Nebo Bepɔw+ so wɔ Pisga+ a ɛne Yeriko+ di nhwɛanim no. Na Yehowa de asaase no nyinaa kyerɛɛ no, efi Gilead kosi Dan,+  ne Naftali nyinaa ne Efraim ne Manase ne Yuda asaase nyinaa kosi ɛpo a ɛda atɔe fam* no ho,+  ne Negeb+ ne Yordan mantam,+ ne Yeriko sare so, ne mmɛ kurow no, de kosi Soar.+  Ɛnna Yehowa toaa so ka kyerɛɛ no sɛ: “Asaase yi na mekaa ntam kyerɛɛ Abraham, Isak, ne Yakob sɛ, ‘Mede bɛma w’asefo’* no.+ Mama wode w’ani ahu, nanso worentwa nkɔ hɔ.”+  Afei Yehowa akoa Mose wui wɔ Moab asaase so sɛnea Yehowa kae no.+  Osiee no wɔ obon mu wɔ Moab asaase so, baabi a ɛne Bet-Peor di nhwɛanim, na obiara nnim baabi a ne damoa wɔ besi nnɛ.+  Bere a Mose wui no, na wadi mfe 120.+ N’ani so anyɛ no wusiwusi, na n’ahoɔden so antew.  Israelfo suu Mose nnafua 30+ wɔ Moab sare so. Afei bere a wɔde suu Mose na wogyam no no baa awiei.  Nyansa* bɛhyɛɛ Nun ba Yosua ma, efisɛ na Mose de ne nsa agu no so.+ Na Israelfo yɛɛ aso tiee no, na wɔyɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no pɛpɛɛpɛ.+ 10  Nanso odiyifo foforo biara amma Israel a na ɔte sɛ Mose;+ ɔno de, na Yehowa nim no anim ne anim.+ 11  Nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a Yehowa somaa no sɛ ɔnkɔyɛ wɔ Egypt asaase so no, ɔyɛɛ ne nyinaa wɔ Farao ne ne nkoa nyinaa anim wɔ n’asaase so baabiara.+ 12  Afei nso, Mose yɛɛ sɛnkyerɛnne ne anwonwade akɛse wɔ Israelfo nyinaa anim.+

Ase Hɔ Nsɛm

Kyerɛ sɛ, Ɛpo Kɛse, Mediterranea.
Nt., “w’aba.”
Anaa “Nyansa a Onyankopɔn nam ne tumi so de ma.”