Deuteronomium 9:1-29

  • Nea enti a wɔde asaase no maa Israel (1-6)

  • Israel hyɛɛ Yehowa abufuw mpɛn anan (7-29)

    • Nantwi ba honi (7-14)

    • Mose srɛ maa wɔn (15-21,25-29)

    • Wɔsan hyɛɛ no abufuw mprɛnsa (22)

9  “O Israel tie, ɛnnɛ woretwa Yordan+ akɔpam aman akɛse a ɛyɛ den sen wo+ na woakɔfa nkurow akɛse a ɛho aban du soro.*+ 2  Aman yi mu nnipa soso woware. Eyinom ne Anak mma+ a wunim wɔn no. Wotee wɔn ho asɛm sɛ, ‘Hena na obetumi agyina Anak mma anim?’ 3  Enti ɛnnɛ hu sɛ Yehowa wo Nyankopɔn bedi w’anim atwa akɔ hɔ.+ Ɔyɛ ogya a ɛhyew ade,+ na ɔbɛsɛe wɔn. Ɔbɛbrɛ wɔn ase wɔ w’anim ama woapam wɔn ntɛm* asɛe wɔn, sɛnea Yehowa aka akyerɛ wo no.+ 4  “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn pam wɔn fi w’anim a, nka wɔ wo komam sɛ, ‘Me trenee nti na Yehowa de me aba sɛ memmɛfa asaase yi.’+ Mmom no, ɛyɛ aman yi bɔne nti+ na Yehowa repam wɔn afi w’anim. 5  Ɛnyɛ wo trenee anaa wo koma a emu tew nti na worekɔfa wɔn asaase no. Mmom aman yi bɔne nti na Yehowa wo Nyankopɔn repam wɔn afi w’anim,+ na ama ntam a Yehowa kaa w’agyanom Abraham+ ne Isak+ ne Yakob+ no aba mu. 6  Enti hu sɛ ɛnyɛ wo trenee nti na Yehowa wo Nyankopɔn de asaase pa yi rema wo ama woafa, efisɛ woyɛ ɔman a w’aso yɛ den.*+ 7  “Monkae, na mommma mo werɛ mmfi da sɛ mohyɛɛ Yehowa mo Nyankopɔn abufuw wɔ sare no so.+ Efi da a mufii Egypt besi nnɛ a mowɔ ha yi, daa motew atua tia Yehowa.+ 8  Horeb mpo mugyigyee Yehowa maa n’ani beree, na Yehowa bo fuwii ara ma anka ɔretɔre mo ase.+ 9  Bere a mekɔɔ bepɔw no so sɛ merekogye abopon+ a apam a mo ne Yehowa yɛe no wɔ so no,+ midii nnafua 40 awia ne anadwo wɔ bepɔw no so,+ manni hwee na mannom nsu nso. 10  Ɛnna Yehowa maa me abopon abien a ɔde ne nsateaa akyerɛw nsɛm wɔ so. Nsɛm a Yehowa fi ogya mu ka kyerɛɛ mo wɔ bepɔw no so bere a mobɔɔ gua no, na ne nyinaa wɔ abopon no so.+ 11  Bere a midii nnafua 40, awia ne anadwo no, Yehowa de abopon abien a apam no mu nsɛm wɔ so no maa me. 12  Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre fi ha kɔ ntɛm, efisɛ wo nkurɔfo a wukoyii wɔn fii Egypt no reyɛ abusude.+ Wɔaman ntɛm afi ahyɛde a mede ama wɔn no ho. Hwɛ, wɔayɛ dade honi.’*+ 13  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ, mahu sɛ ɔman yi aso yɛ den.*+ 14  Ma mensɛe wɔn, na mempopa wɔn din mfi ɔsoro ase, na menyɛ wo ɔman kɛse a wɔdɔɔso sen wɔn.’+ 15  “Enti medan me ho sian fii bepɔw no so. Saa bere no, na ogya redɛw wɔ bepɔw no so.+ Ná abopon abien a apam no mu nsɛm wɔ so no wɔ me nsa abien mu.+ 16  Mibehui sɛ moayɛ bɔne atia Yehowa mo Nyankopɔn! Ná moayɛ* nantwi ba honi. Moman ntɛm fii ahyɛde a Yehowa de maa mo no ho.+ 17  Enti migyaa abopon abien no mu hwee hɔ ma ebubui wɔ mo anim.+ 18  Ɛnna mekɔkotow Yehowa anim nnafua 40 awia ne anadwo sɛnea meyɛɛ kan no. Manni hwee na mannom nsu nso;+ ne nyinaa fi mo bɔne, bɔne a moyɛe wɔ Yehowa ani so sɛ mode bɛhyɛ no abufuw no. 19  Mehwɛ sɛnea na Yehowa ani abere mo so no a,+ na misuro, efisɛ anka ɔrebɛsɛe mo. Nanso saa bere no, Yehowa san tiee me.+ 20  “Yehowa bo fuw Aaron denneennen ma anka ɔrekum no,+ ɛnna mepaa kyɛw maa Aaron nso saa bere no. 21  Afei nantwi ba honi a mukodii akyi+ yɛɛ bɔne no, mede ogya hyewee, na mibubuu mu, na meyam no muhumuhu te sɛ mfuturu, ɛnna metow guu nsu a ɛsen fi bepɔw mu no mu.+ 22  “Afei bere a mowɔ Tabera,+ Masa,+ ne Kibrot-Hatawa+ no nso mohyɛɛ Yehowa abufuw. 23  Bere a Yehowa somaa mo fii Kades-Barnea+ sɛ, ‘Monkɔfa asaase a mede rema mo no!’ nso, nea Yehowa mo Nyankopɔn kae no, moanni so na moannye no anni+ antie no.+ 24  Efi da a mihuu mo yi, daa motew Yehowa so atua. 25  “Enti mekotow Yehowa anim nnafua 40 awia ne anadwo,+ efisɛ na Yehowa aka sɛ ɔbɛsɛe mo. 26  Mebɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ, ‘Awurade Tumfo Yehowa, nsɛe wo man. Wɔyɛ w’ankasa agyapade+ a wode wo tumi kɛse ne basa a ɛyɛ den gyee wɔn fii Egypt.+ 27  Kae wo nkoa Abraham ne Isak ne Yakob.+ Nhwɛ ɔman yi asoɔden ne wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne.+ 28  Anyɛ saa a, ɔman a wuyii yɛn fii hɔ no sofo bɛka sɛ: “Yehowa antumi amfa wɔn ankɔ asaase a ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn no so, na esiane sɛ ɔtan wɔn nti, wayi wɔn kɔ sɛ ɔrekokunkum wɔn wɔ sare so.”+ 29  Wɔyɛ wo man ne w’ankasa agyapade+ a wode wo tumi kɛse ne wo basa a woateɛ mu gyee wɔn.’+

Ase Hɔ Nsɛm

Kyerɛ sɛ, ɛwɔ afasu atenten.
Anaa “woagye wɔn asaase atena so.”
Anaa “ɔman a woasen wo kɔn.”
Anaa “honi a wɔagu.”
Anaa “ɔman yi asen wɔn kɔn.”
Anaa “moagu.”