Esra 7:1-28

  • Esra beduu Yerusalem (1-10)

  • Artasasta kyerɛw krataa kɔmaa Esra (11-26)

  • Esra yii Yehowa ayɛ (27, 28)

7  Nsɛm yi akyi, Persia hene Artasasta ahenni mu no,+ Esra*+ san bae. Ná ɔyɛ Seraia ba,+ Asaria ba, Hilkia+ ba, 2  Salum ba, Sadok ba, Ahitab ba, 3  Amaria ba, Asaria ba,+ Meraiot ba, 4  Serahia ba, Usi ba, Buki ba, 5  Abisua ba, Finehas ba,+ Eleasar ba,+ ɔsɔfo panyin Aaron+ ba. 6  Esra yi fi Babilon na ɔbae. Ná ɔyɛ ɔkyerɛwfo,* na Mose Mmara+ a Israel Nyankopɔn Yehowa de maa ne nkurɔfo no, na onim no yiye.* Ɔhene no maa no n’abisade nyinaa, efisɛ na ne Nyankopɔn Yehowa nsa wɔ no so. 7  Israelfo ne asɔfo ne Lewifo+ ne nnwontofo+ ne apon ano ahwɛfo+ ne asɔrefi asomfo*+ no mu bi nso baa Yerusalem wɔ Ɔhene Artasasta ahenni afe a ɛto so ason mu. 8  Esra beduu Yerusalem bosome a ɛto so anum, ɔhene no afe a ɛto so ason mu. 9  Na bosome a edi kan no da a edi kan no, osiim fii Babilon, na bosome a ɛto so anum no da a edi kan no, ne Nyankopɔn a ɔka ne ho*+ nti, obeduu Yerusalem. 10  Ná Esra asiesie ne koma sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa Mmara mu na wadi so,+ na wakyerɛkyerɛ emu ahyɛde ne atemmusɛm wɔ Israel.+ 11  Krataa a Ɔhene Artasasta de maa ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo a ne ho akokwaw wɔ Yehowa mmara nsɛm ne n’ahyɛde a ɔde maa Israel mu* no, emu nsɛm ni: 12  * “Artasasta,+ ahemfo mu hene no, de kɔma ɔsɔfo Esra, ɔsoro Nyankopɔn no Mmara kyerɛwfo: Asomdwoe nka wo. Afei tie, 13  mahyɛ mmara sɛ m’ahenni mu, onipa biara a ɔyɛ Israelni ne wɔn asɔfo ne Lewifo a wɔpɛ sɛ wɔne wo kɔ Yerusalem no, wo ne wɔn nkɔ.+ 14  Ɔhene ne n’agyinatufo baason no asoma wo sɛ kɔhwehwɛ mu sɛ Yuda ne Yerusalem redi wo Nyankopɔn Mmara a ɛwɔ wo nsam no so anaa. 15  Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɔhene ne n’agyinatufo ayi wɔn yam de ama Israel Nyankopɔn a ne tenabea wɔ Yerusalem no, fa kɔ, 16  na dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a wubenya wɔ Babilon mantam no nyinaa mu ne akyɛde a ɔman no ne asɔfo beyi wɔn yam de ama wɔn Nyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no nso, fa ka ho kɔ.+ 17  Yɛ ntɛm fa saa sika no tɔ anantwinini,+ adwennini,+ nguan mma,+ ne aduan afɔre+ ne afɔrebɔ nsã+ a wɔde ka emu biara ho, na fa kɔbɔ afɔre wɔ afɔremuka a ɛwɔ mo Nyankopɔn fi wɔ Yerusalem no so. 18  “Na ade biara a wo ne wo nuanom pɛ sɛ mode dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɛbɛka no yɛ no, momfa nyɛ sɛnea ɛsɔ mo Nyankopɔn ani. 19  Nneɛma a wɔde ahyɛ wo nsa sɛ fa som wɔ wo Nyankopɔn fi no, fa ne nyinaa kɔ Onyankopɔn anim wɔ Yerusalem.+ 20  Nneɛma a aka a ebehia wɔ wo Nyankopɔn fi a ɛsɛ sɛ wode kɔ no, yi fi ɔhene fi adekoradan+ mu. 21  “Me, Ɔhene Artasasta, mahyɛ mmara sɛ sika so ahwɛfo a mowɔ Asubɔnten no* agya nyinaa, ade biara a ɔsɔfo Esra,+ ɔsoro Nyankopɔn Mmara kyerɛwfo no bebisa no, monyɛ mma no ntɛm; 22  sɛ ne dodow kosi dwetɛ dwetikɛse* 100, hwiit kor* 100, bobesa+ bat susuhina* 100, ngo+ bat susuhina 100, ne nkyene+ a ne dodow nni ano mpo a, momfa mma no. 23  Nea ɔsoro Nyankopɔn aka nyinaa, momfa ahokeka nyɛ wɔ ne fi no ho, na ɔsoro Nyankopɔn+ abufuw amma ɔhene ahenni ne ɔhene mma+ so. 24  Afei merema moahu sɛ asɔfo ne Lewifo, nnwontofo,+ apon ano ahwɛfo, asɔrefi asomfo,*+ ne Onyankopɔn fi yi adwumayɛfo nyinaa, munni ho kwan sɛ mugye wɔn hɔ ɔman tow, akwan so tow, anaa tow+ biara. 25  “Na wo, Esra, sɛnea wo Nyankopɔn ama wo nyansa no,* paw asɛnnifo ne atemmufo na wommu nkurɔfo a wɔwɔ Asubɔnten no agya nyinaa atɛn, wɔn a wonim wo Nyankopɔn mmara no nyinaa; na obiara a onnim nso, kyerɛkyerɛ no.+ 26  Na obiara a ɔrenhwɛ nni wo Nyankopɔn Mmara ne ɔhene mmara so no, ɔfata sɛ owu oo, ɔfata sɛ wotwa no asu oo, ɔfata sɛ wɔbɔ no ka oo, ɔfata sɛ ɔda afiase oo, ntɛm ara mummu no atɛn.” 27  Ayeyi nka Yehowa, yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔde asɛm yi ahyɛ ɔhene komam sɛ wonsiesie Yehowa fi a ɛwɔ Yerusalem no!+ 28  Wayi ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ me wɔ ɔhene+ ne n’agyinatufo,+ ne ɔhene mpanyimfo nyinaa anim. Na me nso, Yehowa me Nyankopɔn nsa a ɛwɔ me so nti, minyaa akokoduru,* na meboaboaa Israel atitiriw ano sɛ wɔne me nkɔ.

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛkyerɛ, “Boa” anaa “Mmoa.”
Hebri asɛmfua no kyerɛ obi a ɔhwɛ Mmara no ne Kyerɛw Kronkron no afã foforo so kyerɛw bi.
Anaa “na ne ho akokwaw wɔ ne kyerɛw mu.”
Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”
Anaa “papayɛ nsa a ɛwɔ no so.”
Anaa “ɔhwɛ Yehowa mmara nsɛm ne n’ahyɛde a ɔde maa Israel no so kyerɛw bi.”
Nsɛm a ɛwɔ Esr 7:12 kosi 7:26 no, wodii kan kyerɛwee wɔ Aram kasa mu.
Anaa “Eufrate.”
Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Kor baako yɛ lita 220. Hwɛ Nkh. B14.
Bat baako yɛ lita 22 (gal. 5.81). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”
Nt., “sɛnea wo Nyankopɔn nyansa wɔ wo nsam no.”
Anaa “mehyɛɛ me ho den.”