Esra 8:1-36

  • Wɔn a wɔne Esra san bae no din (1-14)

  • Ahoboa a wɔyɛ maa akwantu no (15-30)

  • Wosiim fii Babilon na wokoduu Yerusalem (31-36)

8  Agyanom mmusua mu mpanyimfo ne mmusua mmusua a wɔkyerɛw wɔn din a Ɔhene Artasasta ahenni mu wɔne me fii Babilon bae no,+ wɔn din ni:  Finehas mma+ mu, Gersom; Itamar+ mma mu, Daniel; Dawid mma mu, Hatus;  Paros mma mu: Sekania mma mu, Sakaria, na wɔkan n’abusua mu mmarima 150 kaa ne ho.  Pahat-Moab mma+ mu, Serahia ba Elieho-Enai; ná mmarima 200 ka ne ho.  Satu mma+ mu, Yahasiel ba Sekania; ná mmarima 300 ka ne ho.  Adin mma+ mu, Yonatan ba Ebed; ná mmarima 50 ka ne ho.  Elam mma+ mu, Atalia ba Yesia; ná mmarima 70 ka ne ho.  Sefatia mma+ mu, Mikael ba Sebadia; ná mmarima 80 ka ne ho.  Yoab mma mu, Yehiel ba Obadia; ná mmarima 218 ka ne ho. 10  Bani mma mu, Yosifia ba Selomit; ná mmarima 160 ka ne ho. 11  Bebai mma+ mu, Bebai ba Sakaria; ná mmarima 28 ka ne ho. 12  Asgad mma+ mu, Hakatan ba Yohanan; ná mmarima 110 ka ne ho. 13  Adonikam mma+ mu, wɔn a wotwa to din ni: Elifelet, Yeiel, ne Semaia; ná mmarima 60 ka wɔn ho. 14  Bigwai mma+ mu, Utai ne Sabbud; ná mmarima 70 ka wɔn ho. 15  Meboaa wɔn ano wɔ asubɔnten a ɛsen ba Ahawa no ho,+ na yɛtenaa hɔ nnansa. Nanso bere a mehwehwɛɛ nkurɔfo no ne asɔfo no mu no, manhu Lewini biara wɔ wɔn mu. 16  Enti mesomae sɛ wɔnkɔfrɛ Elieser, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam, a wɔyɛ atitiriw, ne Yoiarib ne Elnatan a wɔyɛ akyerɛkyerɛfo no mmra. 17  Ɛnna mekae sɛ wɔnkɔ Ido nkyɛn; ɔyɛ otitiriw wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Kasifia. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnka nkyerɛ Ido ne ne nuanom asɔrefi asomfo* a wɔwɔ Kasifia no sɛ wɔmfa asomfo a wɔbɛsom wɔ yɛn Nyankopɔn fi mmrɛ yɛn. 18  Yɛn Nyankopɔn a ɔka yɛn ho* nti, wɔbrɛɛ yɛn ɔbarima nyansafo bi a ofi Israel ba Lewi banana Mahli+ mma mu a wɔfrɛ no Serebia,+ ne ne mma ne ne nuanom, mmarima 18; 19  ne Hasabia ne Yesia a ofi Merari mma+ mu ne ne nuanom ne wɔn mma, mmarima 20. 20  Na asɔrefi asomfo* 220 a Dawid ne mpanyimfo no de wɔn maa Lewifo som no, wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din. 21  Ɛnna mekae sɛ yɛnyɛ akɔnkyen* wɔ Asubɔnten Ahawa ho, na yɛmmrɛ yɛn ho ase yɛn Nyankopɔn anim, na yɛnhwehwɛ ne hɔ akwankyerɛ a yɛde betu kwan no; ne sɛnea yɛbɛhwɛ yɛn ho ne yɛn mma ne yɛn nneɛma nyinaa so. 22  Ná ɛyɛ me aniwu sɛ mebisa asraafo ne wɔn a wɔtete apɔnkɔ so afi ɔhene no hɔ ma wɔabɔ yɛn ho ban afi atamfo nsam wɔ ɔkwan so, efisɛ na yɛaka akyerɛ ɔhene sɛ: “Wɔn a wɔhwehwɛ yɛn Nyankopɔn no, ne nsa wɔ wɔn nyinaa so, na obedi ama wɔn,+ na wɔn a wɔpo no no de, ne tumi ne n’abufuw wɔ wɔn so.”+ 23  Enti yɛyɛɛ akɔnkyen srɛɛ yɛn Nyankopɔn wɔ asɛm yi ho, na otiee yɛn nkotosrɛ.+ 24  Afei miyii asɔfo mpanyimfo no mu 12, Serebia ne Hasabia+ ne wɔn nuanom du a wɔka wɔn ho. 25  Ɛnna mekarii dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a aka no, yɛn Nyankopɔn fi nneɛma a ɔhene ne n’agyinatufo ne ne mpanyimfo ne Israelfo a wɔwɔ hɔ nyinaa de bɛboae no, na mede hyɛɛ wɔn nsa.+ 26  Nneɛma a mekari guu wɔn nsam no yɛ dwetɛ dwetikɛse* 650, ne dwetɛ nneɛma 100 a ano si dwetikɛse 2, ne sika kɔkɔɔ dwetikɛse 100, 27  ne sika kɔkɔɔ nkankyee nketewa 20 a ano si darik* 1,000, ne nneɛma 2 a wɔde kɔbere papa ayɛ ma ayɛ hyɛnn a ne bo yɛ den sɛ sika kɔkɔɔ. 28  Ɛnna meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moyɛ kronkron ma Yehowa,+ na nneɛma no nso yɛ nneɛma kronkron, na dwetɛ ne sika kɔkɔɔ no yɛ ayamye afɔrebɔde ma Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn. 29  Monhwɛ so yiye nkosi sɛ mobɛkari wɔ asɔfo mpanyin ne Lewifo ne Israel agyanom mpanyimfo a wɔwɔ Yehowa fi adekora adan* mu hɔ wɔ Yerusalem+ no anim.” 30  Ɛnna asɔfo ne Lewifo no faa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a wɔkari maa wɔn no, na wɔde kɔɔ yɛn Nyankopɔn fi wɔ Yerusalem. 31  Bosome a edi kan+ no da a ɛto so 12 no, yetu fii Asubɔnten Ahawa ho+ de yɛn ani kyerɛɛ Yerusalem; ná yɛn Nyankopɔn nsa wɔ yɛn so, na ogyee yɛn fii atamfo ne wɔn a wɔtɛw ɔkwan mu no nsam. 32  Enti yebeduu Yerusalem,+ na yɛtenaa hɔ nnansa. 33  Da a ɛto so anan no, yɛkarii dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a aka no wɔ yɛn Nyankopɔn fi+ de maa Uriya ba ɔsɔfo Meremot+ ne Finehas ba Eleasar a ɔka ne ho no, na na Lewini Yesua ba Yosabad+ ne Lewini Binui+ ba Noadia ka wɔn ho. 34  Wɔkan ne nyinaa dodow na wɔkarii, na wɔkyerɛw ne nyinaa mu duru too hɔ. 35  Wɔn a wɔafi obi man so aba no de ɔhyew afɔre brɛɛ Israel Nyankopɔn, wɔde anantwinini+ 12 bɔɔ afɔre maa Israelfo nyinaa, adwennini+ 96, adwennini nkumaa+ 77, na wɔde mpapo 12 bɔɔ bɔne ho afɔre. Wɔde eyi nyinaa bɔɔ ɔhyew afɔre maa Yehowa.+ 36  Ɛnna yɛde ɔhene no mmara+ maa ɔhene asoafo ne amradofo a wɔwɔ Asubɔnten no* agya+ no, na wɔde nneɛma kɔboaa ɔman no ne nokware Nyankopɔn no fi adwuma no.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”
Anaa “Nyankopɔn papayɛ nsa a ɛwɔ yɛn so.”
Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”
Anaa “yenni mmuada.”
Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Darik yɛ Persiafo sika a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “adidibea adan.”
Anaa “Eufrate.”