Esra 9:1-15

  • Israelfo warewaree aman foforo so nnipa (1-4)

  • Esra bɔɔ mpae kaa ɔman no bɔne (5-15)

9  Wowiee eyinom ara pɛ, mpanyimfo no baa me nkyɛn bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Israelfo ne asɔfo ne Lewifo no ntwee wɔn ho mfii amanaman no mu nnipa ne wɔn akyiwade ho.+ Wɔntwee wɔn ho mfii Kaananfo, Hitifo, Perisifo, Yebusifo, Ammonfo, Moabfo, Egyptfo,+ ne Amorifo+ ho. 2  Wɔawareware wɔn mma mmea, na wɔawareware bi nso ama wɔn mma mmarima.+ Asefo* kronkron+ no de wɔn ho akɔfra amanaman no mu nnipa,+ na wɔn mu mpanyimfo ne asoafo no na wodi akoten wɔ mmarato yi mu.” 3  Metee asɛm yi ara pɛ, misuan m’ataade ne me nguguso mu; mitutuu me ti nwi ne m’abogyesɛ, na metenaa ase a me ho adwiriw me. 4  Wɔn a wɔafi obi man so aba no mmarato nti, wɔn a wɔfaa Israel Nyankopɔn asɛm aniberesɛm no* nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa me nkyɛn. Saa bere no nyinaa na mete hɔ a me ho adwiriw me; metenaa hɔ ara kosii anwummere a wɔbɔ aduan afɔre no.+ 5  Anwummere a wɔbɔ aduan afɔre no,+ mesɔre fii m’awerɛhow mu a meda so ara hyɛ m’ataade ne me nguguso a masuan mu no. Na mibuu nkotodwe trɛw me nsam kyerɛɛ Yehowa me Nyankopɔn. 6  Na mekae sɛ: “O me Nyankopɔn, ɛyɛ me aniwu yɛ me fɛre mpo sɛ mɛma me ti so akyerɛ wo; O me Nyankopɔn, yɛn bɔne adɔɔso atra yɛn ti so, na yɛn asodi ayɛ kɛse akodu ɔsoro.+ 7  Efi yɛn agyanom bere so na yɛn bɔne adɔɔso+ abesi nnɛ da yi, na yɛn bɔne nti, wɔde yɛne yɛn ahemfo ne yɛn asɔfo ahyɛ asaase so ahemfo nsa, na yɛatotɔ sekan ano,+ wɔatu yɛn afi yɛn man mu,+ wɔafom yɛn nneɛma,+ na yɛn anim agu ase; eyinom nyinaa ato yɛn sɛnea nnɛ yɛn ani tua yi.+ 8  Na seesei Yehowa yɛn Nyankopɔn, bere tiaa yi mu no, yɛanya w’anim dom sɛ woama ebinom afi mu aka. O yɛn Nyankopɔn, woama yɛn ase atim* wɔ wo kronkronbea hɔ,+ woama yɛn ani agye, na woama yɛanya ahotɔ kakra afi yɛn nkoasom mu. 9  Ɛwom sɛ yɛyɛ nkoa+ de, nanso yɛn nkoasom mu no, yɛn Nyankopɔn, woannyaw yɛn, woada ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ yɛn wɔ Persia ahemfo anim,+ woapagyaw yɛn bio sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛma yɛn Nyankopɔn fi so,+ na yɛasiesie kurow a asɛe no, na wobɛma yɛanya abo fasu* wɔ Yuda ne Yerusalem. 10  “O yɛn Nyankopɔn, eyi nyinaa akyi no, dɛn na yɛnka? Yɛagyaw wo mmara nsɛm 11  a wonam wo nkoa adiyifo no so de maa yɛn no. Wokae sɛ: ‘Asaase a morekɔfa no yɛ asaase a ɛho agu fĩ efisɛ ɛso nnipa abu bra fĩ,* na abofonode a wɔayɛ nti, akyiwade ahyɛ asaase no so ma fi ti kosi ti.+ 12  Enti ɛnsɛ sɛ mode mo mma mmea ma wɔn mma mmarima aware, na ɛnsɛ sɛ mugye wɔn mma mmea aware ma mo mma mmarima.+ Monnhwehwɛ asomdwoe ne yiyedi mmma wɔn da.+ Sɛ mutie a, mobɛyɛ den na moadi asaase no so nneɛma pa, na moafa asaase no de agyaw mo mma daa.’ 13  Na nea yɛn nnebɔne ne yɛn asodi kɛse nti aba yɛn so nyinaa akyi no,—O yɛn Nyankopɔn, woanhwɛ yɛn bɔne so ne yɛn anni,+ na woama yɛn a yɛwɔ ha yi afi mu aka+ 14  adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsan bu wo mmara nsɛm so na yɛkɔwareware nnipa a wɔyɛ akyiwade yi?+ Anka wo bo remfuw yɛn nkosi sɛ yɛn nyinaa bɛsa a obiara remfi mu nka? 15  O Yehowa, Israel Nyankopɔn, woteɛ;+ ɛno nti na yɛafi mu aka de abesi nnɛ da yi. Yɛaba w’anim wɔ yɛn bɔne mu; asɛm yi nti, yɛn mu biara ntumi nnyina w’anim.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “Aba.”
Nt., “wɔn a na wɔn ho popo wɔ Israel Nyankopɔn asɛm no ho.”
Nt., “woama yɛanya dua a wɔde bɔ ade mu tim fam.”
Anaa “bammɔ fasu.”
Anaa “ayɛ afide.”