Ester 10:1-3

  • Mordekai bɛyɛɛ onipa kɛse (1-3)

10  Ɔhene Ahasweros de nnipa a wɔwɔ asaase no so ne nsupɔw so no yɛɛ nkoadwuma.  Na nneɛma akɛse a ɔde ne tumi yɛe, ne sɛnea ɔhene pagyaw+ Mordekai+ ma onyaa dibea kɛse no ho nsɛm nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Media ne Persia+ ahemfo no abakɔsɛm nhoma+ mu.  Na Yudani Mordekai bɛyɛɛ Ɔhene Ahasweros abadiakyiri. Ɔbɛyɛɛ onipa kɛse wɔ Yudafo mu, na ne nuanom nyinaa de nidi maa no. Ɔyɛɛ adwuma de boaa ne manfo, na ɔyɛɛ nea ɛbɛma asi wɔn asefo nyinaa yiye.*

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “na ɔkaa asomdwoe maa wɔn asefo nyinaa.”