Ester 9:1-32

  • Yudafo no dii nkonim (1-19)

  • Wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wobedi Purim Afahyɛ no (20-32)

9  Bere a bosome a ɛto so 12, kyerɛ sɛ, Adar* bosome no da a ɛto so 13+ dui sɛ wɔde ɔhene asɛm ne ne mmara yɛ adwuma,+ ɛda a na Yudafo atamfo ani da so sɛ wobedi wɔn so no, nneɛma dan maa Yudafo no mmom dii wɔn atamfo no so.+  Yudafo no boaboaa wɔn ho ano wɔ wɔn nkurow mu wɔ amantam a ɛhyɛ Ɔhene Ahasweros ase no nyinaa mu+ sɛ wɔrekɔtow ahyɛ wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔn bɔne no so, na obiara antumi annyina wɔn anim, efisɛ na wɔn ho hu atɔ nnipa no nyinaa so.+  Na amantam no mu abirɛmpɔn ne ɔhene asoafo+ ne amradofo ne ɔhene adwumayɛfo nyinaa boaa Yudafo no, efisɛ na wosuro Mordekai.  Saa bere no, na Mordekai anya tumi+ kɛse wɔ ahemfi hɔ, na ne din duu amantam no nyinaa mu, efisɛ yɛ ara na na Mordekai tumi reyɛ kɛse.  Yudafo no de sekan kunkum wɔn atamfo no sɛee wɔn nyinaa, na wɔde nea wɔpɛ biara yɛɛ wɔn atamfo no.+  Yudafo no kunkum mmarima 500 wɔ Susan*+ abankɛse* no mu.  Afei nso, wokunkum Parsandata ne Dalfon ne Aspata  ne Porata ne Adalia ne Aridata  ne Parmasta ne Arisai ne Aridai ne Waisata 10  a wɔyɛ Hamedata ba Haman, Yudafo tamfo no+ mma mmarima du no. Nanso bere a wokunkum wɔn wiei no, wɔamfa wɔn agyapade biara.+ 11  Saa da no, nnipa dodow a wokunkum wɔn Susan* abankɛse mu* no, wɔkɔka kyerɛɛ ɔhene. 12  Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester sɛ: “Yudafo no akunkum mmarima 500 wɔ Susan* abankɛse mu,* na wɔakunkum Haman mma du no nso. Ɔhene amantam a aka no nso ɛ? Dɛn na wɔayɛ wɔ hɔ?+ Seesei dɛn na wopɛ? Mɛyɛ ama wo. Dɛn na menyɛ nka ho mma wo? Ka, na mɛyɛ ama wo.” 13  Ɛnna Ester kae sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yiye ama ɔhene a,+ anka ma Yudafo a wɔwɔ Susan* no kwan na ɔkyena nso wɔnyɛ nea mmara ma wɔyɛe nnɛ no bi,+ na wɔmfa Haman mma du no nso nsensɛn dua so.”+ 14  Enti ɔhene kae sɛ wɔnyɛ saa, na wɔhyɛɛ mmara wɔ Susan,* na wɔsensɛn Haman mma du no. 15  Na Yudafo a wɔwɔ Susan* no san boaboaa wɔn ho ano bosome Adar da a ɛto so 14 no,+ na wokunkum mmarima 300 wɔ Susan,* nanso wɔamfa wɔn agyapade biara. 16  Na Yudafo a aka a wɔwɔ ɔhene amantam mu no boaboaa wɔn ho ano, na wɔko peree wɔn nkwa.*+ Woyii wɔn atamfo no fii hɔ;+ wokunkum wɔn a wɔtan wɔn no 75,000, nanso wɔamfa wɔn agyapade biara. 17  Wɔyɛɛ eyi Adar bosome no da a ɛto so 13 no. Na da a ɛto so 14 no wɔhomee, na ɛbɛyɛɛ apontow ne anigye da. 18  Yudafo a wɔwɔ Susan* no boaboaa wɔn ho ano da a ɛto so 13+ ne da a ɛto so 14+ no, na da a ɛto so 15 no, wɔhomee na ɛyɛɛ apontow ne anigye da. 19  Ɛno nti na Yudafo a wɔtete nkurow nketewa mu no yii Adar bosome no da a ɛto so 14 no sii hɔ sɛ anigye ne apontow ne ahurusi da,+ ne ɛda a wɔde kyekyɛ aduan.+ 20  Mordekai+ kyerɛw nea ɛkɔɔ so no, na ɔde nkrataa kɔmaa Yudafo a ɛwɔ amantam a ɛhyɛ Ɔhene Ahasweros ase no biara mu, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri nyinaa. 21  Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkae Adar bosome no da a ɛto so 14 ne da a ɛto so 15 no, na wɔnhyɛ ho fã afe biara, 22  efisɛ saa nna no, Yudafo no home fii wɔn atamfo nsam, na saa bosome no, wɔn awerɛhow dan anigye na wɔn su+ dan ahurusi. Ɔkae sɛ wɔnhyɛ saa nna no ho fã sɛ apontow ne anigye da ne bere a wɔkyekyɛ aduan, ne bere a wɔkyɛ ahiafo ade. 23  Enti Yudafo no gye toom sɛ afahyɛ a wɔahyɛ ase no, wɔbɛtoa so, na wɔbɛyɛ nea Mordekai kyerɛw brɛɛ wɔn no. 24  Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na Agagni+ Hamedata ba Haman,+ Yudafo nyinaa tamfo no abɔ pɔw sɛ ɔbɛsɛe Yudafo no,+ na na wabɔ Pur+ anaa Ntonto sɛ wɔbɛma wɔn ani so atan wɔn na wasɛe wɔn. 25  Nanso bere a Ester kɔɔ ɔhene anim no, ɔhene ma wɔkyerɛw mmara sɛ:+ “Ma ɛpɔw a wabɔ sɛ ɔbɛsɛe Yudafo no+ mmɔ ɔno ara ne ti so.” Na wɔsɛn Haman ne ne mma wɔ dua so.+ 26  Ɛno nti na wɔfrɛɛ saa nna yi Purim, a efi edin Pur*+ mu no. Enti nea wɔakyerɛw wɔ krataa yi mu, ne nea esisii a wohui, ne nea aba wɔn so no nyinaa nti, 27  Yudafo no yɛɛ mmara maa wɔn ho ne wɔn asefo ne wɔn a wɔde wɔn ho bɛba abɛbɔ wɔn no nyinaa+ sɛ, afe biara, sɛ bere a wɔahyɛ no so a, sɛnea ɛte biara wɔbɛhyɛ saa nna abien no ho fã, na nea wɔakyerɛw afa ho no nso, wɔbɛyɛ. 28  Saa nna yi, na ɛsɛ sɛ awo ntoatoaso biara, abusua biara, ɔmantam biara, ne kurow biara kae, na wɔhyɛ ho fã. Purim nna no, na ɛnsɛ sɛ Yudafo gyae di, na wɔn asefo nso, na ɛnsɛ sɛ wogyae di. 29  Na Abihail ba Ɔhemmaa Ester ne Yudani Mordekai kyerɛw krataa a ɛto so abien faa Purim no ho, na wɔde tumi a wɔwɔ nyinaa taa krataa no akyi. 30  Na wɔde nkrataa kɔmaa Yudafo a ɛwɔ amantam 127+ a ɛhyɛ Ahasweros ase no mu nyinaa.+ Asomdwoesɛm ne nokwasɛm na na ɛwɔ nkrataa no mu. 31  Wɔde nkrataa no mu nsɛm sii so dua sɛ, sɛ bere so sɛ wɔhyɛ Purim nna no ho fã a, wɔnhyɛ fã no sɛnea Yudani Mordekai ne Ɔhemmaa Ester kyerɛe no.+ Afei nso, wɔnhyɛ fã no sɛnea wɔn ankasa yɛɛ mmara maa wɔne wɔn asefo* sɛ wɔbɛhyɛ fã no,+ na wɔmfa akɔnkyen*+ ne nkotosrɛ+ nka ho. 32  Na nsɛm a ɛfa Purim+ no ho no, ahyɛde a Ester de mae no hyɛɛ mu den, na wɔkyerɛwee wɔ nhoma mu.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Susa.”
Anaa “ahemfi.”
Anaa “Susa.”
Anaa “ahemfi.”
Anaa “Susa.”
Anaa “ahemfi.”
Anaa “Susa.”
Anaa “Susa.”
Anaa “Susa.”
Anaa “Susa.”
Anaa “ko maa wɔn kra.”
Anaa “Susa.”
“Pur” kyerɛ “Ntonto.” “Purim” yɛ “Pur” dodow kabea, na ɛno na ɛbɛyɛɛ edin a wɔde frɛɛ Yudafo afahyɛ a na wodi no bosome a ɛto so 12 wɔ wɔn som mu kalenda so no. Hwɛ Nkh. B15.
Anaa “sɛnea wɔn ankasa de mmara kyekyeree wɔne wɔn asefo kra.”
Anaa “mmuada.”