Ɔde Kɔmaa Filemon 1:1-25

  • Nkyia (1-3)

  • Filemon dɔ ne ne gyidi (4-7)

  • Paul srɛ maa Onesimo (8-22)

  • Nsɛm a etwa to (23-25)

 Me Paul a Kristo Yesu nti meda afiase,+ a yɛn nua Timoteo+ ka me ho, merekyerɛw abrɛ Filemon a woyɛ yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni,  ne yɛn nuabea Apia, ne afei yɛn yɔnko sraani Arkipo,+ ne asafo a ɛwɔ wo fi no:+  Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agya, ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoe nka mo.  Bere biara a mɛkae wo wɔ me mpaebɔ mu no, meda me Nyankopɔn ase,+  efisɛ wo gyidi ne ɔdɔ a wowɔ ma Awurade Yesu ne akronkronfo nyinaa no, daa mete ho asɛm.  Mebɔ mpae sɛ gyidi a wo ne ebinom wɔ no bɛma woagye adepa biara a Kristo nti yɛwɔ no atom.  Onua, wo dɔ a metee ho asɛm nti, minyaa anigye ne awerɛkyekye bebree, efisɛ wudwudwoo akronkronfo koma.  Enti ɛwom, anka metumi aka nsɛm penpen de ahyɛ wo wɔ Kristo mu ma woayɛ nea ɛsɛ,  nanso mede ɔdɔ mmom na ɛresrɛ wo, efisɛ wunim sɛ me Paul, mabɔ akwakoraa, na seesei nso Kristo Yesu nti meda afiase. 10  Meresrɛ ama m’abofra Onesimo+ a mebɛyɛɛ ne papa+ wɔ afiase* no. 11  Bere bi a atwam no, na ne so nni mfaso mma wo, nanso seesei de ne ho hia me ne wo nyinaa. 12  Nea me koma da no so* no, merema wasan aba wo nkyɛn. 13  Minyae a anka ɔte me nkyɛn na wasi w’ananmu akɔ so asom me, bere a asɛmpa no nti meda afiase no.+ 14  Nanso mempɛ sɛ mifi w’akyi yɛ biribiara, na anyɛ sɛ merehyɛ wo ama woayɛ papa, na mmom mepɛ sɛ w’ankasa wode wo pɛ yɛ.+ 15  Ebia eyi nti na ɔtew ne ho kakra,* na ama woanya no bio afebɔɔ, 16  ɛnyɛ sɛ akoa bio,+ na mmom nea ɔsen akoa, sɛ ɔnyɛ onua dɔfo,+ titiriw mma me, nanso ɔbɛyɛ nea ɛsen saa ama wo wɔ honam fam ne afei Awurade mu. 17  Enti sɛ wubu me sɛ w’adamfo* de a, gye no fɛw so sɛnea anka wubegye me no. 18  Bio nso, sɛ wayɛ wo bɔne anaasɛ ɔde wo ka bi a, bu brɛ me. 19  Me Paul ankasa na mede me nsa rekyerɛw: metua ama wo. Wo koraa nso ɛka a wode me de, gye sɛ wode wo ho nyinaa ma me. 20  Yiw, onua, ma minnya wo ho mfaso Awurade mu: dwudwo me koma wɔ Kristo mu. 21  Mewɔ ahotoso sɛ wubetie; ɛno nti na merekyerɛw wo yi. Minim nso sɛ wobɛyɛ aboro nea maka yi mpo. 22  Bio nso, siesie baabi a mɛtena ma me, efisɛ mewɔ anidaso sɛ mo mpaebɔ nti, wɔbɛsan de me abrɛ mo.*+ 23  Epafra+ a Kristo Yesu nti ɔno nso da afiase no kyia wo; 24  Marko, Aristarko,+ Dema,+ ne Luka+ a wɔn nyinaa yɛ me mfɛfo adwumayɛfo no nso kyia wo. 25  Bere a moreda suban pa adi no, yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo ho.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “mpokyerɛ mu.”
Anaa “Nea medɔ no paa.”
Nt., “dɔnhwerew baako.”
Nt., “wo yɔnko.”
Anaa “wobeyi me afi afiase ama mo.”