Ɔde Kɔmaa Filipifo 3:1-21

  • Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho to ɔhonam so (1-11)

    • Kristo nti mibu nneɛma nyinaa sɛ adehunu (7-9)

  • Mereyere me ho adu botae no ho (12-21)

    • Yɛyɛ ɔman mma wɔ soro (20)

3  Afei me nuanom, monkɔ so nni ahurusi wɔ Awurade mu.+ Sɛ mekyerɛw ade koro no ara ho asɛm brɛ mo a, ɛnhaw me; ɛyɛ ahobammɔ mmom ma mo. 2  Monhwɛ mo ho yiye wɔ nkraman no ho; monhwɛ mo ho yiye wɔ wɔn a wodi nkurɔfo aboro no ho; monhwɛ mo ho yiye wɔ wɔn a wɔagye twetiatwa agyinam* no ho.+ 3  Efisɛ yɛn na wɔatwa yɛn twetia ankasa,+ na yɛnam Onyankopɔn honhom so reyɛ ɔsom adwuma; yɛhoahoa yɛn ho wɔ Kristo Yesu mu,+ nanso yɛmfa yɛn ho nto ɔhonam so. 4  Na sɛ yɛreka obi a ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho* ɔhonam mu a, anka ɛyɛ me. Sɛ onipa foforo biara te nka sɛ ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho ɔhonam mu a, mewɔ nea ɛkyɛn saa. 5  Wotwaa me twetia da a ɛto so awotwe,+ meyɛ Israelni a mifi Benyamin abusuakuw mu, meyɛ Hebrini a Hebrifo na wɔwoo me;+ ɛba mmara so di a, meyɛ Farisini;+ 6  yɛreka mmɔdenbɔ* a, meyeree me ho tan asafo no ani;+ yɛreka trenee a egyina mmara so a, na meyɛ obi a asɛm biara nni me ho. 7  Nanso nneɛma a na mfaso wɔ so ma me no, Kristo nti mabu no sɛ ɛso nni mfaso.*+ 8  Asɛm no ara ne sɛ, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛkyɛn so nti, mibu nneɛma nyinaa sɛ adehunu. Ɔno nti na mibu nneɛma nyinaa sɛ adehunu ne nwura dodow* na matumi anya Kristo, 9  na wɔahu me sɛ me ne no ayɛ baako, nanso ɛnyɛ m’ankasa trenee a egyina Mmara no so nti, na mmom trenee a ɛnam Kristo+ mu gyidi+ so, kyerɛ sɛ, Onyankopɔn trenee a egyina gyidi so.+ 10  Nea mepɛ ara ne sɛ mehu no, na mahu tumi a wɔde nyan no+ no, na manya n’amanehunu mu kyɛfa+ awu ne wu no bi,+ 11  na mahwɛ sɛ ebia metumi anya owusɔre a edi kan+ no mu kyɛfa anaa. 12  Ɛnyɛ sɛ me nsa anya aka botae no anaa mawie pɛyɛ, na mmom atirimpɔw a enti Kristo Yesu apaw me*+ no, merebɔ mmɔden+ ahwɛ sɛ medu ho anaa. 13  Anuanom, mimmu no sɛ me nsa anya aka, na mmom nea meyɛ ne sɛ, mema me werɛ fi nneɛma a ɛwɔ akyi no,+ na meyere me ho du nneɛma a ɛwɔ m’anim no ho.+ 14  Mebɔ mmɔden sɛ medu botae no ho. Botae no ne ɔsoro frɛ+ no, na ɛno ne abasobɔde*+ a Onyankopɔn de bɛma wɔn a ɔnam Kristo Yesu so afrɛ wɔn no. 15  Enti momma yɛn a yɛn ho akokwaw+ no nnya saa adwene yi, na sɛ mukura adwene foforo biara a, Onyankopɔn bɛkyerɛ mo adwene a ɛfata. 16  Asɛm no ara ne sɛ, baabi a yɛanya nkɔso akodu no, momma yɛnkɔ so nnantew saa kwan yi so pɛpɛɛpɛ. 17  Anuanom, mo nyinaa munsuasua me,+ na monhwɛ wɔn a wɔnantew sɛnea yɛayɛ ho nhwɛso akyerɛ mo no nso. 18  Nea ɛte ne sɛ, nnipa bebree wɔ hɔ a na metaa bɔ wɔn din, nanso afei de mebɔ wɔn din a na adan nisu, efisɛ wɔabɛyɛ Kristo asɛndua* no ho atamfo. 19  Wɔn awiei yɛ ɔsɛe, na wɔn nyame ne wɔn yafunu; aniwu mmom na ɛyɛ wɔn anuonyam, na wɔde wɔn adwene asi asaase so nneɛma+ so. 20  Nanso yɛn de, yɛyɛ ɔman mma+ wɔ soro,+ na yɛretwɛn denneennen sɛ ogyefo, Awurade Yesu Kristo, befi hɔ aba;+ 21  ɔno na ɔbɛma yɛn nipadua a ɛyɛ mmerɛw no ayɛ sɛ ne nipadua a ɛwɔ anuonyam+ no. Ne tumi kɛse a ɛma ɔka nneɛma nyinaa hyɛ n’ase+ no, ɛno na ɔde bɛyɛ saa.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wɔn a wotwitwa ɔhonam.”
Nt., “ɔde ne ho bɛto so.”
Anaa “nnamyɛ.”
Ebetumi nso akyerɛ, “matow ne nyinaa agu.”
Anaa “bɔɔla.”
Nt., “Yesu nsa aka me.”
Anaa “nkonimbo.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.