Genesis 13:1-18

  • Abram san kɔɔ Kaanan (1-4)

  • Abram ne Lot tetew mu (5-13)

  • Onyankopɔn tii ne bɔhyɛ mu kyerɛɛ Abram (14-18)

13  Afei Abram fii Egypt de n’ani kyerɛɛ Negeb,+ ɔne ne yere ne nea ɔwɔ nyinaa, na na Lot ka ne ho.  Ná Abram anya nyɛmmoa, dwetɛ, ne sika kɔkɔɔ bebree.+  Bere a ofi Negeb rekɔ Betel no, odii atutena kosii sɛ oduu baabi a bere bi osii ne ntamadan wɔ Betel ne Ai ntam no,+  beae a kan osii afɔremuka no. Ɛhɔ na Abram bɔɔ Yehowa din frɛɛ no no.  Lot a na ɔka Abram ho wɔ n’akwantu mu no nso nyaa nguan, anantwi, ne ntamadan.  Enti na asaase no sua ma wɔn sɛ wɔn nyinaa bɛtena faako, efisɛ na wɔn agyapade adɔɔso ara ama wɔakyere so wɔ asaase no so.  Ɛno maa akasakasa baa wɔn a wɔhwɛ Abram nyɛmmoa ne wɔn a wɔhwɛ Lot nyɛmmoa no ntam. (Saa bere no, Kaananfo ne Perisifo na na wɔte asaase no so.)+  Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Lot+ sɛ: “Mesrɛ wo, ɛnsɛ sɛ akasakasa biara ba me ne wo ntam ne wɔn a wɔhwɛ me mmoa ne wɔn a wɔhwɛ wo mmoa no ntam, efisɛ yɛyɛ anuanom.  Ɛnyɛ asaase no nyinaa na ɛda w’anim yi? Mesrɛ wo, tew wo ho fi me ho. Wofa benkum a, mɛfa nifa; na sɛ wofa nifa a, mɛfa benkum.” 10  Enti Lot maa n’ani so hwɛe, na ohui sɛ efi Yordan mantam no+ nyinaa kosi Soar+ no, nsu wɔ asaase no so te sɛ Yehowa turo+ ne Egypt asaase (ansa na Yehowa resɛe Sodom ne Gomora). 11  Ɛnna Lot paw Yordan mantam no nyinaa, na otu kɔtenaa apuei fam. Enti wodii mpaapaemu. 12  Abram tenaa Kaanan asaase so, na Lot kɔtenaa nkurow a ɛwɔ Yordan mantam mu no mu.+ Akyiri yi, okosii ne ntamadan wɔ baabi a ɛbɛn Sodom. 13  Ná Sodomfo yɛ nnebɔneyɛfo a wɔyɛ bɔne akɛse tia Yehowa.+ 14  Akyiri yi a Lot tew ne ho fii Abram ho no, Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Mesrɛ wo, gyina baabi a wowɔ no na ma w’ani so hwɛ atifi ne anaafo, apuei ne atɔe, 15  efisɛ asaase a w’ani tua yi nyinaa mede bɛma wo ne w’asefo*+ afebɔɔ. 16  Na mɛma w’asefo* ayɛ sɛ asaase so anwea ma enti sɛ obi betumi akan asaase so anwea a, ɛnde obetumi akan w’asefo* nso.+ 17  Sɔre kɔfa asaase no nyinaa so, na hwɛ ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ, efisɛ wo ara na mede bɛma wo.” 18  Enti Abram kɔɔ so tenaa ntamadan mu. Akyiri yi, ɔkɔtenaa baabi a ɛbɛn Mamre+ nnua akɛse a ɛwɔ Hebron+ no, na osii afɔremuka wɔ hɔ maa Yehowa.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “w’aba.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “w’aba.”