Genesis 14:1-24

  • Abram ko gyee Lot (1-16)

  • Melkisedek hyiraa Abram (17-24)

14  Afei bere a na Amrafel di Sinar+ so hene, Ariok di Elasar so, Kedolaoma+ di Elam+ so, na Tidal di Goiim so no,  wɔka boom ko tiaa Sodom+ hene Bera, Gomora+ hene Birsa, Adma hene Sinab, Seboiim+ hene Semeber, ne Bela hene, kyerɛ sɛ, Soar hene.  Eyinom nyinaa behyiae wɔ Sidim Bon mu,*+ kyerɛ sɛ, Nkyene Po*+ no ho.  Ná wɔasom Kedolaoma mfe 12, nanso afe a ɛto so 13 no, wɔtew atua.  Enti afe a ɛto so 14 no, Kedolaoma ne ahemfo a wɔka ne ho no dii Refaimfo so nkonim kaa wɔn gui wɔ Asterot-Karnaim, wɔkaa Susimfo gui wɔ Ham, wɔkaa Emimfo+ gui wɔ Sawe-Kiriataim,  na wɔkaa Horifo+ gui wɔ wɔn Seir Bepɔw so+ koduu El-Paran a ɛwɔ sare so no.  Afei wɔdan wɔn ani baa En-Mispat a ɛne Kades,+ na Amalekfo+ asaase nyinaa ne Amorifo+ a wɔtete Hasason-Tama+ nyinaa nso, wodii wɔn so nkonim.  Saa bere yi, Sodom hene, Gomora hene, Adma hene, Seboiim hene, ne Bela hene, kyerɛ sɛ, Soar hene ka boom ne wɔn kɔkoe wɔ Sidim Bon mu.*  Wɔn a wɔne wɔn koe no ne Elam hene Kedolaoma, Goiim hene Tidal, Sinar hene Amrafel, ne Elasar hene Ariok.+ Ahemfo baanan yi ne baanum no de sii ani. 10  Sidim Bon mu* no, na amoa pii wɔ hɔ a kootaa taataa mu; na Sodom hene ne Gomora hene yɛe sɛ wɔreguan nanso wɔkɔtotɔɔ ebi mu, na wɔn a wɔaka no guan kɔɔ bepɔw so. 11  Ɛnna ahemfo baanan a wodii nkonim no faa biribiara a ɛwɔ Sodom ne Gomora ne wɔn nnuan nyinaa kɔe.+ 12  Saa bere no, na Abram nuabarima ba Lot te Sodom,+ enti wɔfaa ɔno nso ne n’agyapade kaa ho kɔe. 13  Ɛnna mmarima a woguanee no mu baako kɔbɔɔ Abram a ɔyɛ Hebrini no amanneɛ. Ná wasi ne ntamadan wɔ Amorini Mamre+ nnua akɛse no nkyɛn. Mamre nuanom ne Eskol ne Aner,+ na na wɔn nyinaa ne Abram ayɛ apam sɛ obiara bɛboa ne yɔnko. 14  Enti Abram tee sɛ atamfo abɛkyere ne busuani*+ no kɔ. Ɛnna ɔfaa mmarima 318 a wonim ko, nkoa a wɔwoo wɔn wɔ ne fi, na wotiw wɔn koduu Dan.+ 15  Anadwo no, ɔkyɛɛ ne dɔm no mu, na ɔne wɔn tow hyɛɛ wɔn so dii wɔn so nkonim. Na wotiw wɔn ara koduu Hoba a ɛwɔ Damasko atifi. 16  Ogyee nneɛma a wɔfae no nyinaa, na ogyee ne busuani Lot ne n’agyapade ne mmea ne nnipa a wɔka ho no nso. 17  Bere a Abram dii Kedolaoma ne ahemfo a wɔka ne ho no so nkonim na ɔresan aba no, Sodom hene kohyiaa Abram wɔ Sawe Bon mu,* kyerɛ sɛ, Ɔhene Bon mu.+ 18  Na Salem hene+ Melkisedek+ a ɔyɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn sɔfo+ no brɛɛ no paanoo ne bobesa. 19  Ɛnna ohyiraa no kae sɛ: “Ɔsorosoroni Nyankopɔn, ɔsoro ne asaase Bɔfo noNhyira Abram; 20  Na ayeyi nka Ɔsorosoroni Nyankopɔn;Ɔno na ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa!” Na Abram kyɛɛ biribiara mu du maa no baako.+ 21  Akyiri yi, Sodom hene ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Fa nnipa* no ma me, na fa nneɛma no.” 22  Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Sodom hene sɛ: “Mema me nsa so ka Ɔsorosoroni Yehowa Nyankopɔn, ɔsoro ne asaase Bɔfo, no ntam sɛ, 23  efi asaawa so kosi mpaboa hama so, meremfa me nsa nka biribiara a ɛyɛ wo de, na woanka sɛ, ‘Me na memaa Abram nyaa ne ho.’ 24  Merennye biribiara nka nea mmerante no adi no ho. Na mmarima a wɔne me kɔe, Aner ne Eskol ne Mamre+ de, ma wɔmfa wɔn kyɛfa.”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Asaasetraa so.”
Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awu.
Anaa “Asaasetraa so.”
Anaa “Asaasetraa so.”
Nt., “nua.”
Anaa “Asaasetraa so.”
Anaa “akra.”